Manase ahonisom 1 Manase dii mfeɛ dummienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduonum nnum wɔ Yerusalem. 2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn Israelfoɔ anim no. 3 Na ɔsane totoo sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia bubuiɛ no, na ɔsisii afɔrebukyia maa Baalim, na ɔyɛɛ Asera nnua, na ɔsɔree […]
Monthly Archives: July 2017
2 Berɛsosɛm 34
Yosia gu ahonisom 1 Yosia dii mfeɛ nwɔtwe na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia aduasa baako wɔ Yerusalem. 2 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na ɔnantee n’agya Dawid akwan so, na wammane ankɔ nifa anaa benkum. 3 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe so, a ɔda so yɛ abɔfra no, ɔfirii […]
2 Berɛsosɛm 35
Yosia di Twam afahyɛ 1 Na Yosia dii Twam Afahyɛ no wɔ Yerusalem maa AWURADE, na wɔkumm Twam dwan no bosome a ɛdi kan no, da a ɛtɔ so dunan no so. 2 Na ɔde asɔfoɔ no kɔsisii wɔn som adwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn den maa AWURADE fie som no. 3 Na ɔka kyerɛɛ […]
2 Berɛsosɛm 36
Yudahene Yehoahas 1 Na asase no sofoɔ no faa Yosia ba Yehoahas sii no hene n’agya ananmu Yerusalem. 2 Yehoahas dii mfeɛ aduonu mmiɛnsa na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. 3 Na Misraimhene no tuu no adeɛ so Yerusalem, na ɔgyee asase no apeatoɔ dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne sika dwetikɛseɛ. Yudahene […]
1 Berɛsosɛm 1
Ɛfiri Adam so de kɔsi Abraham so 1 Adam, Set, Enos, 2 Kenan, Mahalalel, Yared, 3 Hanok, Metusela, Lamek, 4 Noa, Sem, Ham ne Yafet. 5 Yafet mma ne: Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras. 6 Gomer mma ne: Askenas, Difat ne Togarma. 7 Na Yawan mma ne: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim. […]
1 Berɛsosɛm 2
Yakob ne Yuda mma 1 Yeinom ne Israel mma: Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon, 2 Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser. 3 Yuda mma ne: Er, Onan ne Sela. Baasa yi na Kanaanni Sua babaa wo maa no. Na Yuda abakan Er yɛɛ AWURADE anim bɔne, na ɔkumm no. 4 Na n’ase Tamar […]
1 Berɛsosɛm 3
Ɔhene Dawid asefoɔ 1 Na yeinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Deɛ ɔtɔ so mmienu ne Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail deɛ. 2 Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba. Deɛ ɔtɔ so nnan ne Adoniya a ɔyɛ Hagit […]
1 Berɛsosɛm 4
Yuda asefoɔ 1 Yuda mma ne: Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal. 2 Na Sobal ba Reaia woo Yahat, na Yahat woo Ahumai ne Lahad, yeinom ne Sorafoɔ mmusua. 3 Na yeinom ne Etam agya deɛ: Yesreel ne Yisma ne Yidbas, na wɔn nua din de Haslelponi; 4 ne Penuel a ɔyɛ Gedor agya ne […]
1 Berɛsosɛm 5
Ruben asefoɔ 1 Israel abakan Ruben mma, (na anka ɔno ne abakan deɛ, nanso ɛnam sɛ ɔne n’agya mpena daeɛ nti, wɔde n’abakanyɛ maa Israel ba Yosef mma no, nanso wɔantwerɛ wɔn abakanyɛ anatoɔ mu. 2 Na Yuda ho yɛ den ne nuanom mu, na ɔbapɔmma firii ne mu deɛ, nanso abakanyɛ no danee Yosef […]
1 Berɛsosɛm 6
Asɔfoɔ mpanimfoɔ no awoɔ ntoatoasoɔ 1 Lewi mma ne: Gerson, Kehat ne Merari. 2 Na Kehat mma ne: Amram, Yishar ne Hebron ne Usiel. 3 Na Amram mma ne: Aaron, Mose ne Miriam. Na Aaron mma ne: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar. 4 Eleasa woo Pinehas. Pinehas woo Abisua, 5 na Abisua woo Buki, na […]