Nyankopɔn mmɔborɔhunu 1 Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ. 2 Berɛ dodoɔ a mefrɛɛ wɔn no, dodoɔ no ara na wɔfirii m’anim kɔeɛ; wɔkɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahodoɔ, na wɔhyee aduhwam maa ahoni. 3 Nso me na megyegyee Efraim taataa; meturuu wɔn m’abasa so, na wɔanhunu sɛ […]
Monthly Archives: July 2017
Hosea 12
Yakob nhwɛsoɔ 1 Efraim hwe mframa, na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso, na wɔne Asiria kɔ apam, na wɔsoa ngo kɔ Misraim. 2 Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛdeɛ n’akwan teɛ; sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ no na ɔbɛtua no ka. 3 Ɔyafunum na […]
Hosea 13
Wɔsɛe wɔ Nyankopɔn abufuo mu 1 Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti ɔdii so, na ɔwui. 2 Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ guo ahoni ne wɔn nhunumu ano adwinhoni; ɛyɛ adwumfoɔ adwuma ara nko; wɔka no wɔ wɔn ho sɛ, nnipa […]
Hosea 14
Israel ahonu ne Nyankopɔn nhyira 1 Israel, sane bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumuyɛ nti woahwe ase. 2 Momfa nsɛm nkura nsane mmra AWURADE nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumuyɛ nyinaa kyɛ, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anantwinini mmɛbɔ afɔdeɛ. 3 Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nso yɛrenka […]
Hesekiel 1
Nyankopɔn animuonyam adiyie 1 Na afe a ɛtɔ so aduasa, bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nnum no, berɛ a na mewɔ atukɔfoɔ no mu, Asuo Kebar ho no, na ɔsoro bueeɛ, na mehunuu Nyankopɔn hɔ anisoadehunu. 2 Bosome no da a ɛtɔ so nnum, (Ɔhene Yoiakin tukorɔ afe a ɛtɔ so […]
Hesekiel 2
Odiyifoɔ no frɛ 1 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɔre gyina wo nan so, na me ne wo nkasa. 2 Na ɔrekasa akyerɛ me no, honhom bi baa me mu, na ɛmaa me so gyinaa me nan so, na metiee deɛ ɔne me kaeɛ no. 3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, […]
Hesekiel 3
1 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, deɛ wohunu no, di! Di nwoma mmobɔeɛ yi, na kɔ kɔkasa kyerɛ Israel fie. 2 Ɛnna mebuee m’anomu, na ɔmaa medii nwoma mmobɔeɛ no, 3 na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa nwoma no hyɛ wo yafunu ma. Na medi hyɛɛ me yafunu ma. Na ɛte […]
Hesekiel 4
Wɔtua Yerusalem 1 Na wo onipa ba, fa ntaayaa to w’anim, na kurukyire so kuro a ɛne Yerusalem, 2 na ka no hyɛ mu, na to aban wɔ ho, na bɔ ho pie, na kyere ho nsraban hyia, na fa ɔfasuobuo afidie sisi ho hyia. 3 Na wo nso, fa dadeɛ ayowa, na fa yɛ […]
Hesekiel 5
Ɔman no sɛeɛ 1 Na wo onipa ba, fa nkrantɛ nnamnnam na fa yɛ oyifoɔ yiwan na fa yi w’atifi ne wo bɔdwesɛ, na fa nsania kari nwi no, na kyɛ mu. 2 Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, fa ogya hye wɔ kuro no mfimfini, berɛ a nkahyɛmu nna no awie duro no, na fa afena […]
Hesekiel 6
Onyankopɔn bu asase ne ɔman no atɛn 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn, 3 na ka sɛ: Mo Israel mmepɔ, montie Awurade NYANKOPƆN asɛm: Sɛ Awurade NYANKOPƆN ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, nsubɔnhwa ne mmonhwa nie: Hwɛ mede nkrantɛ mereba […]