Wɔsoma Timoteo kɔ Tesalonika 1 Enti yɛsɔ mu a na ɛnsɔ bio no, yɛpenee sɛ wɔnnya yɛn hɔ wɔ Atene. 2 Na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛn nua ne yɛn yɔnko dwumayɛni ma Onyankopɔn wɔ Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ mo den na ɔntu mo fo mo gyidie ho, 3 na amanehunu yi anha obiara, […]
Monthly Archives: July 2017
1 Tesalonikafoɔ 4
Abrabɔ a ɛsɔ Nyankopɔn ani 1 Deɛ ɛdi akyire no, anuanom, yɛsrɛ mo na yɛtu mo fo Awurade Yesu mu sɛ, deɛ moanya no yɛn nkyɛn, sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Nyankopɔn ani no, saa ara na monkɔ so mma no mmoro soɔ. 2 Na monim ahyɛdeɛ a yɛnam Awurade Yesu so […]
1 Tesalonikafoɔ 5
Obiara nnim da ko a Awurade bɛsane aba 1 Na nna no ne mmerɛ no deɛ, anuanom, ɛnhia mo sɛ wɔtwerɛ brɛ mo. 2 Ɛfiri sɛ mo ara monim yie, sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifoɔ ba anadwo. 3 Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba […]
Kolosefoɔ 1
Nkyea 1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ, ne onua Timoteo 2 de kɔma anuanom, ahotefoɔ ne agyidifoɔ wɔ Kristo mu, a wɔwɔ Kolose: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn nka mo. Aseda 3 Da biara a yɛbɔ mpaeɛ ma mo no, yɛda Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya […]
Kolosefoɔ 2
Kolosefoɔ yiedie ho mmɔdemmɔ 1 Na mepɛ sɛ mohunu aperepereɛ denden a medi no mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔnhunu m’anim ɔhonam mu nyinaa ho, 2 sɛ wɔnnya deɛ ɛka wɔn akoma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ baako ɔdɔ mu, nnya nteaseɛ a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahunu […]
Kolosefoɔ 3
Wɔne Kristo baakoyɛ 1 Enti sɛ moanya ne Kristo anyane a, monhwehwɛ deɛ ɛwɔ soro, deɛ Kristo teɛ hɔ, wɔ Nyankopɔn nifa. 2 Monnwene deɛ ɛwɔ soro, na ɛnyɛ deɛ ɛwɔ asase soɔ. 3 Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahunta Nyankopɔn mu; 4 na da a Kristo a ɔne yɛn nkwa […]
Kolosefoɔ 4
1 Awuranom, momfa deɛ ɛtene, na ɛyɛ pɛ mma nkoa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo nso mowɔ owura wɔ ɔsoro. Mpaebɔ ho mmɔdemmɔ 2 Monkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu. 3 Na mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhini asɛm no pono mma yɛn, na yɛaka Kristo ahuntasɛm a […]
Filipifoɔ 1
Nkyea 1 Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefoɔ a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ: 2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Aseda ne anigyeɛ 3 Meda me Nyankopɔn ase nkaeɛ a mede mekae mo no nyinaa mu. 4 Nso […]
Filipifoɔ 4
Euodia ne Sintike 1 Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigyeɛ ne m’abotire, monnyina pintinn wɔ Awurade mu saa, m’adɔfoɔ. 2 Metu Euodia fo, na metu Sintike nso fo sɛ wɔnya adwene korɔ Awurade mu. 3 Na mesrɛ wo nso, me yɔnko konnuasoafoɔ nokwafoɔ, sɔ saa mmaa yi mu abia, ɛfiri sɛ […]
Efesofoɔ 1
Nkyea 1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so bɛyɛɛ Kristo Yesu somafoɔ, de kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifoɔ: 2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Nyankopɔn dɔ ho tirimbɔ 3 Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom […]