Kolosefoɔ 3

Wɔne Kristo baakoyɛ

1 Enti sɛ moanya ne Kristo anyane a, monhwehwɛ deɛ ɛwɔ soro, deɛ Kristo teɛ hɔ, wɔ Nyankopɔn nifa.

2 Monnwene deɛ ɛwɔ soro, na ɛnyɛ deɛ ɛwɔ asase soɔ.

3 Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahunta Nyankopɔn mu;

4 na da a Kristo a ɔne yɛn nkwa bɛyi ne ho adie no, ɛno na wɔbɛyi mo nso ne no adie animuonyam mu.

Kristo mu baakoyɛ ho aba

5 Enti monkum mo akwaa a ɛwɔ asase soɔ no, adwamammɔ, efideɛyɛ, akɔnnɔ nhyɛsoɔ, akɔnnɔ bɔne ne anibereɛ a ɛyɛ abosonsom.

6 Yeinom na ɛde Nyankopɔn abufuo ba, (wɔ asoɔdenfoɔ mma so)

7 ɛno na akane a mote mu no, mo nso monantee wɔ mu.

Esu foforɔ

8 Na afei mo deɛ, monyi abufuo, koko bɔne, bɔnepɛ, abususɛm, ne aniwusɛm nyinaa mfiri mo anomu ngu.

9 Monnnidi atorɔ nnkyerɛkyerɛ mo ho, ɛfiri sɛ moayi onipa dada no ne ne nneyɛɛ agu,

10 na moahyɛ onipa foforɔ a wɔayɛ no foforɔ aba nimdeɛ mapa mu a ɛgyina deɛ ɔbɔɔ no no suban soɔ;

11 faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehyeɛ bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.

Ɛsɛ sɛ wɔsua Kristo abrabɔ

12 Enti ɛnam sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefoɔ ne adɔfo yi, monhyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ ne abodwokyɛre.

13 Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, monhunu mmema mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛdeɛ Awurade de akyɛ mo no, sɛdeɛ mo nso monyɛ ne no.

14 Na yeinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛka nnoɔma nyinaa bɔ mu ma ɛwie pɛyɛ no nguo.

15 Na momma Kristo asomdwoeɛ nni hene wɔ mo akoma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua baako mu; na monnyɛ bonniayɛfoɔ.

Abrabɔ nnyinasoɔ

16 Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree, monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho, nyansa nyinaa mu, momfa sankuo so nnwom, ne ayeyie, nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛ so wɔ mo akoma mu mma Onyankopɔn.

17 Na biribiara a moyɛ no, kasa mu oo! nneyɛɛ mu oo! monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa ne so nna Agya Nyankopɔn ase.

Ɛyerenom, okununom, mma, awofoɔ, nkoa ne awuranom

18 Ɛyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛdeɛ ɛsɛ wɔ Awurade mu.

19 Okununom, monnɔ mo yerenom, na monnhyɛ wɔn ahometeɛ.

20 Mma, montie mo awofoɔ asɛm nnoɔma nyinaa mu, na yei na ɛsɔ Awurade ani.

21 Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo, na wɔn abamu ammu.

22 Nkoa, montie mo honam fam wuranom asɛm nnoɔma nyinaa mu, ɛnyɛ anisoɔ som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom akoma kronn mu, sɛ wɔn a wɔsuro Awurade.

23 Na adwuma biara a moyɛ no, momfiri akoma mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Awurade na monyɛ mma nnipa,

24 ɛfiri sɛ monim sɛ Awurade nsam na mobɛnya apɛgyadeɛ sɛ akatua, na Awurade Kristo na mosom no.

25 Na deɛ ɔyɛ deɛ ɛntene no bɛnya deɛ ɛntene a ɔyɛeɛ no so akatua, na nnipa animhwɛ nni mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

12 − 1 =