Kolosefoɔ 1

Nkyea

1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ, ne onua Timoteo

2 de kɔma anuanom, ahotefoɔ ne agyidifoɔ wɔ Kristo mu, a wɔwɔ Kolose: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn nka mo.

Aseda

3 Da biara a yɛbɔ mpaeɛ ma mo no, yɛda Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya ase,

4 ɛfiri sɛ yɛate mo Kristo Yesu mu gyidie ne mo dɔ a mode dɔ ahotefoɔ nyinaa,

5 ɛsiane anidasoɔ a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan teɛ.

6 Asɛmpa no na aba mo nkyɛn, sɛdeɛ ɛwɔ wiase nyinaa nso, na ɛreso aba na ɛkɔ so nyini, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mo mu nso firi da a moteeɛ na mohunuu Nyankopɔn adom nokorɛ mu no,

7 sɛdeɛ mosuaeɛ nso firii yɛn awurakwaa dɔfo Epafra a ɔyɛ mo Kristo somfo nokwafoɔ

8 a wabɛyi mo honhom mu dɔ akyerɛ yɛn nso nkyɛn no.

Wɔn honhom fam nkɔsoɔ ho adesrɛ

9 Yei nti yɛn nso, ɛfiri da a yɛteeɛ no, yɛnnyaee mo tiri so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu,

10 na moanante sɛdeɛ ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moaso adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyini akɔ Nyankopɔn ho nimdeɛ mu.

11 Na ama wɔde tumi nyinaa ahyɛ mo den, sɛdeɛ n’animuonyam tumidie teɛ no, akɔ boasetɔ ne abodwokyɛre nyinaa mu wɔ anigyeɛ mu,

12 na yɛada Agya a wama yɛafata ahotefoɔ apɛgyadeɛ no fafafoɔ wɔ hann mu no ase,

13 sɛ wayi yɛn afiri sum tumi ase de yɛn aba ne Dɔba ahennie mu.

14 Ɔno mu na yɛanya ɔgyeɛ ne bɔne fakyɛ.

Kristo yɛ Nyankopɔn suban ne abɔdeɛ nyinaa so wura

15 Ɔno ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wɔnhu no no nsɛso ne abɔdeɛ nyinaa farebae,

16 ɛfiri sɛ ne mu na wɔbɔɔ nnoɔma nyinaa, deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asase soɔ, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, nhennwa oo, wuradie oo, mpaninnie oo, tumidie oo, nnoɔma no nyinaa, wɔnam ne so na ɛbɔeɛ, na wɔbɔ maa no.

17 Na ɔno na ɔyɛ adeɛ nyinaa kannifoɔ, na nnoɔma nyinaa atim wɔ ne mu.

Kristo yɛ asafo no ti

18 Na ɔno ne nipadua a ɛyɛ asafo no tire; ɔno ne mfitiaseɛ, awufosɔreɛ mu farebae, sɛ ɔnnyɛ ade nyinaa mu kannifoɔ.

19 Ɛfiri sɛ ɛsɔɔ Nyankopɔn ani sɛ ne mayɛ nyinaa bɛtena ne mu,

20 na ɔnam ne so apata Onyankopɔn ne nnoɔma nyinaa ntam koraa. Ɛne sɛ, ɔnam [n’asɛnnua ho mogya] so ayɛ asomdwoeɛ nam ɔno ara so apata nnoɔma nyinaa, asase so deɛ oo, ɔsoro deɛ oo, ne Onyankopɔn ntam.

Nkwagyeɛ a ɛnam Kristo so ba

21 Na mo nso a anka moyɛ atuatefoɔ ne atamfoɔ, adwene fam ne nnwuma bɔne mu no,

22 afei ɔnam owuo so apata mo ne no ntam wɔ ne honam nipadua mu, sɛ ɔde mo bɛsi hɔ sɛ nnipa kronkron a wɔnni dɛm a asɛm bi nni wɔn ho wɔ n’anim;

23 nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidie no mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wɔntwe mo mfiri asɛmpa no anidasoɔ a moteeɛ a wɔaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ no ho.

Ɔsomafoɔ no amanehunu

24 Afei m’ani gye amaneɛ a mehunu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, deɛ aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no

25 a mayɛ ne somfoɔ, sɛdeɛ Nyankopɔn fiehwɛdwuma no teɛ. Yei na wɔde ama me wɔ mo famu, sɛ mehyɛ Nyankopɔn asɛm no ma.

26 Aane, ahuntasɛm no a ɛfiri mmeresanten ne awoɔ ntoatoasoɔ so huntaeɛ no, afei wayi no adi akyerɛ n’ahotefoɔ.

27 Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma n’ahotefoɔ hunu ahuntasɛm yi animuonyam ahonya wɔ amanaman mu, a ɛne Kristo a ɔwɔ mo mu, animuonyam anidasoɔ no.

28 Ɔno na yɛbɔ no dawuro, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ ankorankorɛ biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde obiara bɛsi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.

29 Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na medi aperepereɛ, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ no me mu tumi soɔ no teɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

six − one =