Filipifoɔ 4

Euodia ne Sintike

1 Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigyeɛ ne m’abotire, monnyina pintinn wɔ Awurade mu saa, m’adɔfoɔ.

2 Metu Euodia fo, na metu Sintike nso fo sɛ wɔnya adwene korɔ Awurade mu.

3 Na mesrɛ wo nso, me yɔnko konnuasoafoɔ nokwafoɔ, sɔ saa mmaa yi mu abia, ɛfiri sɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klemens nso ne me yɔnko adwumayɛfoɔ a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nwoma mu no.

Anigyeɛ, ahopakyire, ɔdwoɔ ne mpaebɔ

4 Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!

5 Momma nnipa nyinaa nhunu mo abodwokyerɛ! Awurade abɛn.

6 Monnna nnnwene biribiara nnha mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ɛne aseda mma mo adesrɛ nnuru Nyankopɔn aso mu;

7 na Nyankopɔn asomdwoeɛ a ɛtra nteaseɛ nyinaa soɔ no bɛhwɛ mo akoma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.

Adwempa ne asetena pa

8 Afei deɛ ɛdi akyire, anuanom, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ anim yɛ duro, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛyɛ ahomeka, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyie bi wɔ hɔ a, saa nnoɔma yi ho na monnwene;

9 deɛ moasua nso na moagyeɛ na moateɛ na moahunu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoeɛ Nyankopɔn ne mo bɛtena.

Aseda

10 Nso m’ani gye kɛseɛ wɔ Awurade mu sɛ moafiri aseɛ redwene me ho bio; modwene me ho deɛ, nanso moannya ho kwan.

11 Ɛnyɛ sɛ ohia nti na mereka yei; ɛfiri sɛ me deɛ, masua sɛ asetena biara a mewɔ mu no, mepene ma no dɔɔso ma me.

12 Menim ahokyere, na menim ahonya nso. Biribiara ne nnoɔma nyinaa akokwa me, ɔmeeɛ ne ɛkɔm ne akonkosɛm ne hiadie;

13 metumi ade nyinaa yɛ, deɛ ɔhyɛ me den no mu.

14 Nanso moyɛɛ no yie sɛ moboaa me wɔ m’ahohia no mu.

15 Na mo Filipifoɔ nso monim sɛ asɛmpa no mfitiaseɛ mu a mefiri Makedonia mekɔeɛ no, asafo biara ammoa me ɔma ne ɔgyeɛ nkontabuo ho, sɛ mo nko ara.

16 Na Tesalonika nso mosomaa prɛko ne ne mprenu so de deɛ ɛhia me brɛɛ me.

17 Ɛnyɛ sɛ merehwehwɛ akyɛdeɛ, na mmom merehwehwɛ aba a ɛma mo nkonta dɔɔso.

18 Na manya ne nyinaa ama no aboro so. Na ɛfiri sɛ me nsa kaa deɛ mode manee Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ehwa a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wɔgye a ɛsɔ Nyankopɔn ani.

19 Na me Nyankopɔn bɛma mo deɛ ɛhia mo nyinaa, sɛdeɛ n’ahonya no teɛ, animuonyam mu, Kristo Yesu mu.

20 Yɛn Agya Nyankopɔn na wɔmfa animuonyam mma no daa daa. Amen.

Nkradie

21 Monkyeakyea ahotefoɔ no nyinaa mmaako mmaako Kristo Yesu mu. Anuanom a wɔka me ho no kyeakyea mo.

22 Ahotefoɔ no nyinaa kyeakyea mo, ne titire no, wɔn a wɔfiri Kaesare fie.

23 Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

nine + 9 =