1 Tesalonikafoɔ 4

Abrabɔ a ɛsɔ Nyankopɔn ani

1 Deɛ ɛdi akyire no, anuanom, yɛsrɛ mo na yɛtu mo fo Awurade Yesu mu sɛ, deɛ moanya no yɛn nkyɛn, sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Nyankopɔn ani no, saa ara na monkɔ so mma no mmoro soɔ.

2 Na monim ahyɛdeɛ a yɛnam Awurade Yesu so de maa mo no.

3 Na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ, sɛ mo ahoteɛ. Monyi mo ho mfiri adwamammɔ mu,

4 sɛ mo mu biara nhunu sɛdeɛ ɔbɛnya ɔno ara ne yere ahoteɛ ne anidie mu,

5 ɛnyɛ akɔnnɔ anibereɛ mu sɛ amanaman mufoɔ a wɔnnim Onyankopɔn no;

6 sɛ obiara nntra nnkɔsisi ne nua asɛm bi mu, ɛfiri sɛ Awurade ne yeinom nyinaa mu weretɔfoɔ, sɛdeɛ yɛka kyerɛɛ mo kane, na yɛdii mo adanseɛ no.

7 Na Onyankopɔn amfrɛ yɛn ankɔ efi mu, na mmom ahoteɛ mu.

8 Enti deɛ ɔte atua no nte onipa bi so atua, na mmom Onyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ahyɛ mo mu no.

9 Na onuadɔ ho deɛ, ɛnhia mo sɛ wɔtwerɛ brɛ mo, ɛfiri sɛ mo ara na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho;

10 na moyɛ saa nso anuanom a wɔwɔ Makedonia nyinaa ho. Nanso, anuanom, yɛtu mo fo sɛ monkɔ so nyɛ mmoro so,

11 na mommɔ mmɔden nyɛ komm, na monyɛ mo ara mo adeɛ, na momfa mo ara mo nsa nyɛ adwuma, sɛdeɛ yɛhyɛɛ mo no,

12 na moanante sɛdeɛ ɛfata, wɔn a wɔwɔ akyire no anim, na biribiara anhia mo.

Awurade ba

13 Na, anuanom, wɔn a wɔadeda no ho deɛ, yɛmpɛ sɛ yɛsi mo soɔ, na mo werɛ anho sɛ wɔn a aka a wɔnni anidasoɔ no.

14 Na sɛ yɛgye di sɛ Yesu wui na wasɔre bio a, saa ara nso na Onyankopɔn de wɔn a wɔadeda no nam Yesu so bɛka ne ho aba.

15 Na yei deɛ, yɛnam Awurade asɛm mu na yɛka kyerɛ mo sɛ, yɛn a yɛtete aseɛ na yɛretena ase akɔsi Awurade ba mu no rensiane wɔn a wɔadeda no ho,

16 ɛfiri sɛ Awurade no ara de osebɔ, ɔbɔfoɔ panin nne Nyankopɔn totorobɛnto firi soro bɛsiane, na Kristo mu awufoɔ bɛsɔre kane,

17 ansa na wɔaba abɛfa yɛn a yɛtete aseɛ na yɛaka yi ne wɔn nyinaa amununkum mu sɛ yɛnkɔhyia Awurade ewiem, na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.

18 Enti momfa nsɛm yi nkyekyere mo ho werɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

two + two =