Dwanekɔbea nkuro nsia no 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Monyi dwanekɔbea nkuro a menam Mose so mekaa mo ho asɛm no, 3 na onipakumfoɔ a ɔbɛkum obi nsapa mu anaa wammoapa no nnwane nkɔ hɔ, na ɛnyɛ mo dwanekɔbea mfiri mogya ho werefoɔ nsam. 4 Na deɛ […]
Monthly Archives: July 2017
Yosua 21
Lewifoɔ nkuro 1 Na Lewifoɔ agyanom atitire baa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo agyanom atitire nkyɛn, 2 na wɔka kyerɛɛ wɔn Silo, Kanaan asase so sɛ: AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔmma yɛn nkuro ntena mu ne ɛho mmoa adidibea nsase mma yɛn mmoa. 3 Na Israelfoɔ nam AWURADE anomu […]
Yosua 22
Yordan ho afɔrebukyia no 1 Ɛnna Yosua frɛɛ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no, 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo deɛ, moadi deɛ AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo no nyinaa so, na moatie me nne, deɛ mehyɛɛ mo no nyinaa mu. 3 Moannya mo nuanom nna dodoɔ yi de abɛduru nnɛ da […]
Yosua 23
Yosua bɔ wɔn kɔkɔ 1 Na AWURADE maa Israel home firii wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam akyire nna pii, na Yosua abɔ akora na wadi nna bebree no, 2 Yosua frɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: […]
Yosua 24
Yosua ne ɔman no nkradie 1 Na Yosua boaboaa Israel mmusuakuo no nyinaa ano baa Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na wɔbɛgyinaa Nyankopɔn anim. 2 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Asuogya na mo agyanom, […]
Deuteronomium 1
Mose asɛnka 1 Yei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israel nyinaa, Yordan agya serɛ soɔ, Araba mpaperɛ so, Suf ntentensoɔ, Paran ne Tofel, Laban, Haserot ne Di-sahab ntam; 2 ɛfiri Horeb, Seir bepɔ kwan so, kɔ Kades-barnea yɛ dadu dabaako kwan. 3 Na afe a ɛtɔ so aduanan no, bosome a ɛtɔ so dubaako, […]
Deuteronomium 2
Wɔne Edomfoɔ, Moabfoɔ ne Amonfoɔ nnko 1 Ɛnna yɛdanee yɛn ho tuu yɛn kwan kɔɔ ɛserɛ so, Ɛpo Kɔkɔɔ kwan so sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ me no, na yɛkonton faa Seir bepɔ ho nna pii. 2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: 3 Moafa bepɔ yi ho bi ara, na monnane mo ho nkyerɛ atifi […]
Deuteronomium 3
Wɔdi Og so 1 Ɛnna yɛdanee yɛn ani foro kɔɔ Basan kwan soɔ; na Basan hene Og firi bɛhyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa ne yɛn bɛkoe wɔ Edrei. 2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro no, na mede ɔne ne man nyinaa ne n’asase mahyɛ wo nsa, sɛ yɛ no sɛdeɛ woyɛɛ […]
Deuteronomium 4
Ɔsetie ho kɔkɔbɔ 1 Na afei, Israel, tie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mekyerɛ mo sɛ monyɛ no, na moanya nkwa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo nananom Nyankopɔn de rema mo no. 2 Mommfa hwee nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, nanso monnyi mu biribi, na moadi AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a […]
Deuteronomium 5
Mmara nsɛm du no 1 Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mereka magu mo aso mu nnɛ yi, na monsua, na monni so nyɛ. 2 AWURADE yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam Horeb so; 3 ɛnyɛ yɛn nananom na AWURADE ne wɔn pam apam yi, na […]