Deuteronomium 2

Wɔne Edomfoɔ, Moabfoɔ ne Amonfoɔ nnko

1 Ɛnna yɛdanee yɛn ho tuu yɛn kwan kɔɔ ɛserɛ so, Ɛpo Kɔkɔɔ kwan so sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ me no, na yɛkonton faa Seir bepɔ ho nna pii.

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ:

3 Moafa bepɔ yi ho bi ara, na monnane mo ho nkyerɛ atifi fam;

4 na hyɛ ɔman no sɛ: Morebɛtwam mo nuanom Esau mma a wɔte Seir no hyeɛ so, na wɔsuro mo, monhwɛ mo ho yie,

5 mo ne wɔn nnni aperepereɛ, na meremfa wɔn asase nammɔn baako mpo memma mo, ɛfiri sɛ mede Seir bepɔ mama Esau sɛ n’atenaeɛ.

6 Momfa sika ntɔ wɔn nkyɛn aduane nni, na nsuo nso momfa sika ntɔ no wɔn nkyɛn nnom;

7 na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wahunu wo serɛ kɛseɛ yi so nanteɛ yi; mfirinhyia aduanan yi AWURADE wo Nyankopɔn adi w’akyi, biribiara nhiaa wo.

8 Na yɛsianee yɛn nuanom Esau mma a wɔte Seir no ho faa Araba mpaperɛ so kwan so firii Elat ne Esion-geber danee yɛn ho bɛtwaa mu Moab serɛ so kwan so.

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nteetee Moab ho, na ɛne wɔn nnni aperepereɛ nnko, na meremma wo wɔn asase no bi nni so, ɛfiri sɛ mede Ar mama Lot mma sɛ wɔnni so.

10 (Emifoɔ na kane no na wɔte soɔ, ɔman a wɔso na wɔdɔɔso na wɔwoware sɛ Anakfoɔ;

11 wɔn nso wɔbu wɔn abrane akɛseɛ sɛ Anakfoɔ; Moabfoɔ na ɛfrɛ wɔn Emifoɔ.

12 Na Seir nso akane no Horifoɔ na na ɛte hɔ, na Esau mma tuu wɔn na wɔsɛee wɔn, wɔn anim, na wɔtenaa wɔn ananmu, sɛdeɛ Israel yɛɛ asase a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ a AWURADE de maa wɔn no.)

13 Afei monsɔre nkɔtwa Sered asuwa. Na yɛtwaa Sered asuwa.

14 Na nna dodoɔ a yɛde nante firi Kades-barnea bɛsii sɛ yɛtwaa Sered asuwa no yɛ mfirinhyia aduasa nwɔtwe, bɛsii sɛ akofoɔ awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa wiee sa firii nsraban no mu, sɛdeɛ AWURADE kaa wɔn ntam no.

15 Na AWURADE nsa nso daa wɔn so sɛ ɔresɛe wɔn afiri nsraban no mu akɔsi sɛ wɔbɛwie sa.

16 Na akofoɔ no nyinaa saeɛ na wɔwuwu firii ɔman no mu no,

17 AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ:

18 Ɛnnɛ worebɛtwam wɔ Ar, Moab hyeɛ so,

19 na woduru Amon mma hyeɛ so a, nteetee wɔn, anaasɛ ɛne wɔn nnni aperepereɛ, na meremma wo Amon mma asase no bi nni so, ɛfiri sɛ mede mama Lot mma sɛ wɔnni so.

20 (Wɔbu ɛno nso abrane akɛseɛ asase; abrane akɛseɛ na na ɛte so kane no, na Amonfoɔ frɛ wɔn Samsumim,

21 ɔman a wɔso na wɔdɔɔso na wɔwoware sɛ Anakfoɔ; na AWURADE sɛee wɔn wɔn anim maa wɔtuu wɔn tenaa wɔn ananmu,

22 sɛdeɛ ɔyɛ maa Esau mma a wɔte Seir a ɔsɛee Horifoɔ wɔn anim maa wɔtuu wɔn tenaa wɔn ananmu bɛduruu nnɛ yi no.

23 Na Awifoɔ nso a wɔtenaa nkuraa nkuraa kɔduruu Gasa no, Kaftorim a wɔfiri Kaftor baeɛ no bɛsɛee wɔn tenaa wɔn ananmu.)

Wɔdi Amorifoɔ hene Sihon so

24 Monsɔre ntu nkɔtwa Arnon subonhwa; hwɛ, mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne n’asase mahyɛ wo nsa, firi aseɛ di so na ɛne no nni aperepereɛ na monko.

25 Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mede wo ho suro ne wo ho hu magu soro nyinaa ase aman a wɔbɛte wo nka soɔ, na wɔn ho apopo na wɔn akoma atu w’anim.

26 Na mede asomdwoeɛsɛm mefiri Kedemot serɛ so mesomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Hesbon hene Sihon nkyɛn kɔkaa sɛ:

27 Ma mentwam w’asase so; ɔkwan so ara na mɛfa, meremmane nifa anaa benkum.

28 Tɔn aduane ma me gye sika ma menni, na ma me nsuo nso gye sika ma mennom; me nan hunu na mede bɛtwam,

29 sɛdeɛ Esau mma a wɔte Seir ne Moabfoɔ a wɔte Ar yɛɛ me no, de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛtwa Yordan makɔ asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no soɔ.

30 Na Hesbonhene Sihon amma yɛamfa ne nkyɛn antwam, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn maa ne honhom senee na ɔpirim n’akoma, na ɔde no ahyɛ wo nsa sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi.

31 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mafiri aseɛ mede Sihon ne n’asase mato w’anim, firi aseɛ fa, na di n’asase so.

32 Ɛnna Sihon firi bɛhyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ ɔne yɛn rebɛko wɔ Yahas.

33 Na AWURADE yɛn Nyankopɔn de no hyɛɛ yɛn nsa, na yɛkunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa.

34 Na yɛfaa ne nkuro nyinaa saa berɛ no, na yɛsɛee nkuro no nyinaa pasapasa, mmarima ne mmaa ne mmɔfra, yɛannya wɔn mu fua mpo,

35 gye afieboa nko na yɛfom wɔn faeɛ, ɛne nkuro a yɛfaeɛ no mu asadeɛ.

36 Ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa ano ne kuro a ɛda subonhwa no mu no so de kɔsi Gilead, kuro biara nni hɔ a na ɛyɛ den sene yɛn; AWURADE yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa.

37 Gye Amon mma asase no nko ho na woantwe ampini; Yabok subonhwa nkyɛn mu nyinaa ne mmepɔ no so nkuro ne baabiara a AWURADE yɛn Nyankopɔn baraa yɛn.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

one × three =