Deuteronomium 1

Mose asɛnka

1 Yei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israel nyinaa, Yordan agya serɛ soɔ, Araba mpaperɛ so, Suf ntentensoɔ, Paran ne Tofel, Laban, Haserot ne Di-sahab ntam;

2 ɛfiri Horeb, Seir bepɔ kwan so, kɔ Kades-barnea yɛ dadu dabaako kwan.

3 Na afe a ɛtɔ so aduanan no, bosome a ɛtɔ so dubaako, bosome no ara da a ɛdi kan no, Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa;

4 kum a wɔkum Amorifoɔ hene Sihon a ɔte Hesbon ne Basan hene Og a ɔte Astarot wɔ Edrei no akyi;

5 Yordan agya, Moab asase so na Mose firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ mmara yi mu sɛ:

6 AWURADE yɛn Nyankopɔn kasa kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb sɛ:

7 Bepɔ yi ho tena adɔɔso ama mo, monnane mo ho ntu nkɔ Amorifoɔ bepɔ ne nsase a ɛbemmɛn ho wɔ Araba mpaperɛ no so, bepɔ so ne mpaperɛ so ne Negeb ne mpoano nyinaa, Kanaanfoɔ asase so ne Lebanon so nkɔduru asukɛseɛ, Asubɔntene Eufrate ho.

8 Hwɛ, mede asase no mato mo anim; monkɔ nkɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo nananom, Abraham, Isak ne Yakob, sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ a wɔdi wɔn akyire no.

Wɔyiyi atemmufoɔ

9 Na meka mekyerɛɛ mo berɛ no mu sɛ: Me nko ara mentumi menkura mo;

10 AWURADE mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na hwɛ, nnɛ mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma;

11 AWURADE mo nananom Nyankopɔn mfa no sɛdeɛ moteɛ yi mmɔho apem nka mo ho, na ɔnhyira mo sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.

12 Ɛbɛyɛ dɛn na me nko ara mɛtumi masoa mo ne mo aperedie ho adesoa duruduro yi?

13 Monyiyi mmarima anyansafoɔ ne animdefoɔ a wɔdɛnso mo mmusuakuo no mu, na memfa wɔn nsisi mo so atitire.

14 Na mobuaa me sɛ: Asɛm a woaka sɛ yɛnyɛ no yɛ.

15 Ɛnna mede mo mmusuakuo mu atitire, mmarima anyansafoɔ a wɔdɛnso sisii mo so atitire, apem apem so mpanin ne ɔha ɔha so mpanin ne aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin ne mo mmusuakuo so ahwɛfoɔ.

16 Na mehyɛɛ mo atemmufoɔ no mmara berɛ no mu sɛ: Montie mo nuanom ntam nsɛm, na mommu ntɛntenenee onipa ne ne nua ne ne hɔhoɔ ntam.

17 Monnhwɛ nnipa anim atemmuo mu, montie aketewa sɛ ɔkɛseɛ; monnsuro onipa anim, ɛfiri sɛ atemmuo yɛ Nyankopɔn dea. Na asɛm a ɛyɛ den sene mo na momfa mmrɛ me, na mentie.

18 Na mehyɛɛ mo nnoɔma a monyɛ no nyinaa ho mmara berɛ no mu.

19 Na yɛtu firii Horeb, na yɛnante faa ɛserɛ kɛseɛ a ɛso yɛ hu a mohunuiɛ nyinaa so, Amorifoɔ bepɔ kwan so, sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no, na yɛduruu Kades-barnea.

20 Na mesee mo sɛ: Moaduru Amorifoɔ bepɔ a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no ho.

21 Hwɛ, AWURADE wo Nyankopɔn de asase no ato w’anim. Foro kɔfa, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ka kyerɛɛ woɔ no; nsuro, na mma w’akoma nntu.

22 Ɛnna mo nyinaa motwe pinii me kaa sɛ: Ma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim nkɔsra asase no mma yɛn, na wɔmmɛka kwan ko a yɛbɛfa soɔ ne nkuro a yɛbɛduru soɔ no ho asɛm nkyerɛ yɛn.

23 Na asɛm no sɔɔ m’ani sɛ, na mefaa mo mu nnipa dummienu, mmusuakuo biara mu nipa baako.

24 Na wɔdanee wɔn ani foroo bepɔ no, na wɔkɔduruu Eskol subonhwa mu, na wɔsraeɛ.

25 Na wɔfaa asase no so aba bi kura de siane brɛɛ yɛn; na wɔbɛka kyerɛɛ yɛn bio sɛ: Asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no yɛ.

26 Nanso moampɛ sɛ moforɔ, na motee AWURADE mo Nyankopɔn anomu asɛm so atua,

27 na monwiinwii mo ntomadan mu sɛ: Ɔtane so na AWURADE yii yɛn firii Misraim asase soɔ, sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa na wɔasɛe yɛn.

28 Ɛhe na yɛmfa nkorɔ? Yɛn nuanom atu yɛn akoma sɛ: Nnipa no soso na wɔwoware sene yɛn, nkuro no yɛ akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo kɔ soro, na bio nso yɛhunuu Anakfoɔ mma no wɔ hɔ.

29 Na mesee mo sɛ: Mommma mo akoma nntu, na monnsuro wɔn.

30 AWURADE mo Nyankopɔn a ɔdi mo anim no, ɔno na ɔbɛko ama mo, sɛdeɛ ɔyɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no ara,

31 ne ɛserɛ so a wohunuu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn kura wo sɛdeɛ onipa kura ne ba, akwan a mofaa soɔ no nyinaa so bɛsii sɛ moduruu ha yi.

32 Na yei mu nso, moannye AWURADE mo Nyankopɔn anni,

33 nanso ɔno na na ɔdi mo anim ɔkwan soɔ sɛ ɔrekɔsra mo nsrabankyerebea ama mo, ogya mu anadwo, sɛ ɔrekyerɛ mo kwan a momfa soɔ, mununkum mu awia.

Nyankopɔn abufuo

34 Na AWURADE tee mo nsɛm no, na ne bo fuiɛ, na ɔkaa ntam sɛ:

35 Awoɔ ntoatoasoɔ bɔne yi mu nnipa yi mu biara renhunu asase pa a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo nananom no!

36 Gye Yefune ba Kaleb, ɔno na ɔbɛhunu, na ɔno na mede asase a ɔtiaa soɔ no bɛma no ne ne mma, ɛfiri sɛ wadi AWURADE akyi.

37 Me nso, mo nti AWURADE faa me abufuo kaa sɛ: Wo nso, worenkɔ hɔ.

38 Nun ba Yosua a ɔgyina w’anim no, ɔno na ɔbɛduru hɔ; ɔno na hyɛ no den, na ɔno na ɔbɛkyɛ agyapadeɛ no ama Israel.

39 Na mo mma nketewa a mose wɔbɛyɛ nnommum ne mo mma a nnɛ wɔnnim papa ne bɔne no, wɔn na wɔbɛduru hɔ, wɔn na mede bɛma wɔn na wɔn na wɔbɛdi soɔ.

40 Na mo deɛ, monnane mo ho ntu nkɔ ɛserɛ so, Ɛpo Kɔkɔɔ kwan so.

Israelfoɔ asoɔden

41 Ɛnna mobua see me sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne, yɛn ara yɛbɛforo akɔko sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no nyinaa. Na mode mo akodeɛ miamiaeɛ no, ɛyɛɛ mo sɛ bepɔ no forɔ yɛ agorɔ.

42 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mommforo nnkɔko, na menni mo mu, na moankɔtotɔ mo atamfoɔ anim.

43 Na mekasa mekyerɛɛ mo, na moantie, na motee AWURADE anomu asɛm atua, na motintim mo anim foroo bepɔ no.

44 Na Amorifoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no firi bɛhyiaa mo na wɔtaa mo sɛdeɛ nwowa yɛ, na wɔkunkum mo Seir kɔduruu Horma.

45 Na mosane bɛsuu AWURADE anim, na AWURADE antie mo, na wanyɛ aso amma mo.

46 Ɛnna motenaa Kades dii nna pii, sɛdeɛ nna a mode tenaa hɔ teɛ no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

16 + 8 =