Deuteronomium 3

Wɔdi Og so

1 Ɛnna yɛdanee yɛn ani foro kɔɔ Basan kwan soɔ; na Basan hene Og firi bɛhyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa ne yɛn bɛkoe wɔ Edrei.

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro no, na mede ɔne ne man nyinaa ne n’asase mahyɛ wo nsa, sɛ yɛ no sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no.

3 Na AWURADE yɛn Nyankopɔn de Basan hene Og nso ne ne man nyinaa hyɛɛ yɛn nsa, na yɛkum no kɔsii sɛ wɔn mu fua mpo anka amma no.

4 Na yɛfaa ne nkuro nyinaa, berɛ no mu; kuro biara nni hɔ a yɛannye wɔn nsam; nkuro aduosia, Argob asase nyinaa, Og ahennie a ɛwɔ Basan.

5 Yeinom nyinaa yɛ nkuro a ɛho wɔ afasuo atenten, aponkɛseɛ, ne adaban; ɛsono nkuraa a ɛdɔɔso bebree no.

6 Na yɛsɛee wɔn pasapasa sɛdeɛ yɛyɛɛ Hesbon hene Sihon no, yɛsɛee nkuro no ne emu mmarima, mmaa ne mmɔfra nyinaa pasapasa.

7 Na afieboa nyinaa ne nkuro no mu asadeɛ deɛ, yɛfom fae.

8 Na yɛgyee asase no firii Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no nsam, saa berɛ no, ɛfiri Arnon subonhwa mu kɔsi Hermon bepɔ ho,

9 (Sidonfoɔ frɛ Hermon sɛ Sirion, na Amorifoɔ frɛ no Senir),

10 asaseta so nkuro nyinaa ne Gilead nyinaa ne Basan nyinaa kɔduru Salka ne Edrei, Basanhene Og ahennie no nkuro.

11 (Na Basanhene Og nko na aka wɔ abrane akɛseɛ nkaeɛ no mu. Hwɛ, ne mpa a ɛyɛ dadeɛ mpa, ɛnsi Amon mma Raba anaa? Ne tentene basafa nan ne fa, na ne tɛtrɛtɛ basafa mmienu, sɛdeɛ onipa basafa teɛ.)

Nsase no mu kyekyɛ

12 Na yɛfaa asase yi saa berɛ no; ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa mu ne Gilead bepɔ fa ne ne nkuro na mede memaa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ;

13 na Gilead nkaeɛ ne Basan nyinaa, Og man a ɛyɛ Argob asase nyinaa, mede maa Manase abusuakuo fa. (Saa Basan no nyinaa na wɔfrɛ no abrane akɛseɛ asase.

14 Manase ba Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so, na ɔde ne din too asase no frɛɛ no Hawot-yair de bɛsi nnɛ da yi.)

15 Na mede Gilead maa Makir.

16 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no, memaa wɔn Gilead fa bi, ɛkɔduru Arnon subonhwa ho a subonhwa no mfimfini ne ɛhyeɛ, de kɔpem Yabok subonhwa no, Amon mma hyeɛ so,

17 Araba mpaperɛ so ne Yordan ne ɛho asase, ɛfiri Kineret kɔsi Araba mpaperɛ so po a ɛne Nkyene Po no ano wɔ Pisga bepɔ ase apueeɛ fam.

18 Na mehyɛɛ mo saa berɛ no sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de asase yi ama mo sɛ monni so, mo akofoɔ nyinaa mmia ntwam nni mo nuanom Israelfoɔ anim;

19 mo yerenom ne mo mma ne mo mmoa deɛ, menim sɛ mowɔ mmoa pii, wɔntena mo nkuro a mede mama mo no mu;

20 nkɔsi sɛ AWURADE bɛma mo nuanom ahome sɛ mo, na wɔn nso wɔadi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn Yordan agya no so, ansa na moasane aba mo agyapadeɛ a mede mama mo no so.

21 Na Yosua nso, mehyɛɛ no saa berɛ no sɛ: W’ani ahunu deɛ AWURADE mo Nyankopɔn de yɛɛ ahemfo baanu yi nyinaa: Saa ara nso na AWURADE bɛyɛ ahennie a woretwam akɔ hɔ nyinaa;

22 monnsuro wɔn, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔbɛko ama mo.

Mose adesrɛ

23 Na mesrɛɛ AWURADE saa berɛ no sɛ:

24 Awurade NYANKOPƆN, wo na woafiri aseɛ de wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no akyerɛ w’akoa, na onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asase soɔ a ɔbɛtumi ayɛ wo nnwuma ne wo mmaninneɛ yi bie?

25 Mesrɛ wo, ma mentwa menkɔhwɛ asase pa a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔ fɛfɛ no ne Lebanon.

26 Nanso mo nti AWURADE bo fuu me, na wantie me; na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɛdɔɔso ma wo, nkɔ so ne me nkasa asɛm yi ho bio.

27 Foro kɔ Pisga so, na ma w’ani so hwɛ atɔeɛ ne atifi fam ne anafoɔ ne apueeɛ, na fa w’ani hwɛ, na Yordan yi deɛ, worentwa.

28 Na hyɛ Yosua yie, na hyɛ no den na hyɛ no aboɔduro, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛdi ɔman yi anim akyɛ asase a wobɛhunu no mu ama wɔn.

29 Na yɛtenaa bonhwa no mu, Bet-peor ntentensoɔ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

8 − one =