Deuteronomium 5

Mmara nsɛm du no

1 Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mereka magu mo aso mu nnɛ yi, na monsua, na monni so nyɛ.

2 AWURADE yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam Horeb so;

3 ɛnyɛ yɛn nananom na AWURADE ne wɔn pam apam yi, na ɛyɛ yɛn a ɛnnɛ yɛn nyinaa tete aseɛ yi ara.

4 AWURADE firi ogya no mu bepɔ no ho ne mo dii nhwɛanim na ɔkasaeɛ.

5 Me deɛ, na megyina AWURADE ne mo ntam saa berɛ no, sɛ merekyerɛ mo AWURADE asɛm, ɛfiri sɛ mosuroo ogya no anim na moamforo bepɔ no. Na ɔkaa sɛ:

6 Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo firii Misraim asase soɔ, nkoafie mu no.

7 Nnya anyame afoforɔ nka me ho.

8 Nyɛ ohoni, adeɛ a ɛwɔ wiem ɔsoro ne deɛ ɛwɔ asase so ɛfam ne deɛ ɛwɔ nsuo mu asase ase suban mfa; nkoto wɔn na nsom wɔn.

9 Na me AWURADE wo Nyankopɔn meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma soɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,

10 na meyɛ awoɔ ntoatoasoɔ mpempem a wɔdɔ me na wɔdi me mmara nsɛm so adɔeɛ.

11 Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.

12 Di homeda na hwɛ yɛ no kronkron, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ woɔ no.

13 Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’adeɛ nyinaa;

14 na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn, nyɛ adwuma biara, wo ne wo babarima ne wo babaa, ne w’akoa ne w’afenaa, ne wo nantwie ne w’afunumu ne wo mmoa nyinaa, ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo kuro apono mu, na w’akoa ne w’afenaa ahome sɛ wo.

15 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a wɔatene mu yii wo firii hɔ, enti na AWURADE wo Nyankopɔn hyɛ wo sɛ di homeda no.

16 Di w’agya ne wo na ni, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ woɔ no, na wo nna aware na asi wo yie, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.

17 Nni awu.

18 Na nsɛe awadeɛ.

19 Na mmɔ korɔno.

20 Na nni wo yɔnko ho adansekurumu.

21 Na mma wo kɔn nnɔ wo yɔnko yere. Na mma w’ani mmmere wo yɔnko fie, n’asase ne n’akoa ne n’afenaa, ne nantwie ne n’afunumu ne biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.

22 Nsɛm yi na AWURADE firi ogya mununkum ne esum kabii no mu de nne kɛseɛ ka kyerɛɛ mo badwa nyinaa, bepɔ no soɔ, na wamfa bi anka ho; na ɔtwerɛɛ no aboɔpono mmienu so de maa me.

23 Na motee ɛnne no firi esum no mu na bepɔ no redɛre no, motwe pinii me nkyɛn, mo mmusuakuo mu atitire nyinaa ne mo mpanimfoɔ

24 bɛkaa sɛ: Hwɛ, AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛahunu n’animuonyam ne ne kɛseyɛ, na yɛate ne nne afiri ogya no mu, ɛnnɛ da yi na yɛahunu sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa nanso ɔnya nkwa.

25 Na afei, adɛn nti na yɛnwuo? Ɛfiri sɛ ogya kɛseɛ yi rebɛhye yɛn. Sɛ yɛte AWURADE yɛn Nyankopɔn nne bio a, yɛbɛwuwu.

26 Na honam nyinaa mu hwan na wate Nyankopɔn teasefoɔ no nne sɛ ɛrekasa firi ogya mu, sɛ yɛn, na wanya nkwa?

27 Wo na twe pini hɔ na tie deɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa, na bɛka yɛn deɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka akyerɛ woɔ nyinaa, na yɛbɛtie na yɛayɛ.

28 Na morekasa akyerɛ me no, AWURADE tee mo nsɛm no, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mate ɔman yi nsɛm a wɔaka akyerɛ woɔ no, deɛ wɔaka nyinaa, wɔaka no yie.

29 O, sɛ anka wɔbɛnya akoma a ɛte seyie na wɔde asuro me adi me mmara nsɛm so nna nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma yie daa ɛ!

30 Kɔ na kɔka kyerɛ wɔn sɛ: Monsane nkɔ mo ntomadan mu.

31 Na wo deɛ, gyina me nkyɛn ha, na menka mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn no nyinaa menkyerɛ wo na wɔnyɛ wɔ asase a mede merema wɔn sɛ wɔmfa no so.

32 Enti monhwɛ na monyɛ sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; mommmane nifa anaa benkum;

33 ɔkwan a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no nyinaa so na monnanteɛ na moanya nkwa, na asi mo yie, na mo nna aware asase a morekɔnya no so.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twenty + sixteen =