Saulo ne ne mmammarima wuo 1 Na Filistifoɔ ne Israel koeɛ; na Israel mmarima dwanee Filistifoɔ anim, na wɔtotɔe Gilboa bepɔ so. 2 Na Filistifoɔ tu saa Saulo ne ne mma, na Filistifoɔ no kumm Saulo mma Yonatan ne Abinadab ne Malkisua. 3 Na ɔko no denee Saulo, na agyantofoɔ, mmarima a wɔkura tadua no […]
Monthly Archives: July 2017
Rut 1
Elimelek tutu kɔtena Moab 1 Na nna a atemmufoɔ no bu atɛn no mu no, ɛkɔm baa asase no so. Na ɔbarima bi a ɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda kɔɔ sɛ ɔrekɔtena Moab asase so ayɛ hɔ hɔhoɔ, ɔno ne ne yere ne ne mmammarima baanu. 2 Ɔbarima no din de Elimelek, na ne yere […]
Rut 2
Rut di Boas afuo mu mpɛpɛ 1 Na Naomi nyaa ne kunu busuani bi a ɔyɛ ɔbarima kunini a ɔfiri Elimelek abusua mu a ne din de Boas. 2 Na Rut, Moabni baa no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Ma menkɔ mfuo mu menkɔdi mmɛtem no mpɛpɛ deɛ mɛnya n’anim animuonyam akyi. Na ɔka kyerɛɛ no […]
Rut 3
Rut da Boas nan ase 1 Na n’ase Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, mennhwehwɛ ahomeeɛ memmma wo na asi wo yie anaa? 2 Na afei, Boas a wo ne ne mmaawa nanteeɛ no nyɛ yɛn manni anaa? Hwɛ, ɔrehu atokoɔ so anadwo yi wɔ aporeeɛ. 3 Na dware na sra hyɛ wo ntadeɛ […]
Rut 4
Boas ware Rut. Rut yɛ Dawid nana 1 Na Boas kɔɔ kuro pono no ano kɔtenaa hɔ. Na hwɛ, na abusua mu gyefoɔ a Boas bɔɔ ne din no retwam; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asomasi ee, mane bra bɛtena ha. Na ɔmane bɛtenaa ase. 2 Na ɔfrɛɛ kuro no mu mpanin mu du bae, […]
Akannifoɔ 1
Israel ne Kanaanfoɔ akodie wɔ Yosua wuo akyi 1 Na Yosua wuo akyiri no, Israelfoɔ bisaa AWURADE sɛ: Yɛn mu hwan na ɔntu kane ne Kanaanfoɔ nkɔko? 2 Na AWURADE kaa sɛ: Yuda ntu, hwɛ, mede asase no mahyɛ ne nsa. 3 Na Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simeon sɛ: Ɛne me nkɔ me kyɛfa […]
Akannifoɔ 2
Ɔman no asoɔden ne Nyankopɔn abufuo 1 Na AWURADE bɔfoɔ firi Gilgal baa Bokim bɛkaa sɛ: Meyii mo firii Misraim na mede mo baa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mese: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da. 2 Na mo nso, mo ne asase yi […]
Akannifoɔ 3
Otniel 1 Na yeinom ne amanaman a AWURADE gyaee wɔn sɛ ɔde bɛsɔ Israel a wɔanhunu Kanaan ko no biara no nyinaa ahwɛ no, 2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Israel awoɔ ntoatoasoɔ no bɛhunu akodie na wɔakyerɛ wɔn a akane no na wɔnnim no: 3 Filistifoɔ ahemfo baanum no ne Kanaanfoɔ ne Sidonfoɔ ne Hewifoɔ a […]
Akannifoɔ 4
Debora ne Barak 1 Na Israelfoɔ no kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; nso na Ehud awu. 2 Na AWURADE tɔnee wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a ɔdi hene wɔ Hasor no nsa. Na ne safohempanin ne Sisera; na ɔte Haroset-hagoyim. 3 Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ […]
Akannifoɔ 5
Debora ne Barak dwom 1 Na Debora ne Abinoam ba Barak too dwom da no ara sɛ: 2 Sɛ Israel mu atitire dii wɔn anim, na ɔman no nso yii wɔn yam baeɛ nti, monhyira AWURADE. 3 Ahemfo, montie! Aberempɔn, monyɛ aso! Me deɛ, AWURADE na mɛto no dwom, mɛto AWURADE, Israel Nyankopɔn, sankuo dwom. […]