1 Makabee 13

Simon bɛyɛ ɔsahene

1 Simon tee sɛ Trifo aboaboa asraafoɔ dɔm kɛseɛ ano sɛ wɔrebɛto ahyɛ Yuda asase so na wɔasɛe no,

2 ɔhunuu sɛ ehu ama nkurɔfoɔ no repopo. Enti ɔkɔɔ Yerusalem, na ɔboaboaa nnipa no ano,

3 ɔhyɛɛ wɔn nkuran ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim nnoɔma akɛseɛ a me ne me nuanom ne m’agya fiefoɔ ayɛ ama mmara ahodoɔ ne kronkronbea no; mosan nso nim ako ne amaneɛ a me ne me nuanom ahunu.

4 Ɛnam yeinom nti na me nuanom nyinaa awuwu ɛsiane Israel nti, na me nko ara na maka.

5 Ɛnneɛ afei ɛmpare me sɛ mɛkora me nkwa wɔ ahohia berɛ biara mu, ɛfiri sɛ menyɛ nsene me nuanom.

6 Nanso mɛtɔ me man, kronkronbea hɔ, mo yerenom ne mo mma so were, ɛfiri sɛ aman no nyinaa aboa wɔn ho ano sɛ wɔrebɛsɛe yɛn, ɛsiane ɔtan nti.

7 Ɛberɛ a nnipa no tee nsɛm yi no, wɔn honhom kanyanee,

8 na wɔde nne a ɛgyegyeɛ buaa sɛ: Wo ne yɛn kannifoɔ a woresi Yuda ne wo nua Yonatan ananmu.

9 Ko ma yɛn, na deɛ wobɛka nyinaa yɛbɛyɛ.

10 Enti ɔboaboaa akofoɔ no nyinaa ano na ntɛm ara wɔkɔtoo Yerusalem afasuo no wiee, na ɔbɔɔ ho nyinaa ban yie.

11 Ɔsomaa Absalom ba Yonatan kɔɔ Yopa, a na asraafoɔ a wɔdɔɔso pa ara ka ne ho; na ɔpamoo wɔn a wɔtete hɔ no na wɔtenaa hɔ.

Trifo nnaadaa ne atirisopam

12 Afei Trifo de asraafoɔ pii firii Ptolemais sɛ wɔreba Yuda asase so, na na Yonatan ka ne ho a wɔrebɔ ne ho ban.

13 Simon kyee nsra wɔ Adida a ɛne asasetam no di nhwɛanim.

14 Trifo hunuu sɛ Simon asɔre abɛsi ne nua Yonatan ananmu, na ɔreba abɛne no ako, enti ɔsomaa ananmusifoɔ sɛ wɔnkɔka nkyerɛ no sɛ:

15 Ɛyɛ ɛka bi a na wo nua Yonatan de wɔ ahemfie fotoɔ ne dibea a ɔwɔ no nti na wɔakye no no.

16 Afei soma ma wɔmfa dwetɛbena ɔha ne ne mmabarima baanu mmra sɛ nneduafoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ yɛgyae no a ɔrente yɛn so atua bio, na yɛbɛgyae no ama mo.

17 Simon hunuu sɛ wɔreka nnaadaasɛm na akyerɛ no, nanso ɔsoma maa wɔkɔfaa sika no ne ne mmabarima no bae, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na nkurɔfoɔ no bo mfu kɛseɛ na wɔnka sɛ:

18 Ɛsiane sɛ Simon amfa sika ne mmabarima no ankɔma no nti na Yonatan wuiɛ.

19 Enti ɔsoma maa wɔde sika no ne mmabarima no kɔeɛ nanso Trifo anni ne bɔhyɛ no so na wannyae Yonatan.

20 Yei akyi no, Trifo bɛto hyɛɛ kuro no so sɛe no, na ɔbɔɔ ho aporɔ de faa mu kɔɔ Adora. Nanso Simon ne n’asraafoɔ no faa ne ntentensoɔ kɔɔ baabiara a wɔkɔeɛ.

21 Afei nnipa a wɔwɔ abandenden no mu no somaa ananmusifoɔ kɔɔ Trifo nkyɛn a wɔrehyɛ no sɛ ɔmfa ɛserɛ so kwan mmra wɔn nkyɛn, na ɔmmrɛ wɔn aduane.

22 Enti Trifo maa n’apɔnkɔsotefoɔ no nyinaa yɛɛ krado sɛ wɔrebɛkɔ, nanso saa anadwo no sukyerɛmma kɛseɛ tɔɔ pa ara, na ɛsiane sukyerɛmma no nti, wankɔ. Ɔsiim na ɔkɔɔ Gilead asase so.

23 Ɛberɛ a ɔbɛnee Baskama no, ɔkumm Yonatan, na wɔsiee no wɔ hɔ.

24 Afei Trifo danee ne ho na ɔsane kɔɔ ɔno ara n’asase so.

Yonatan ɛda

25 Simon soma maa wɔkɔfaa ne nua Yonatan nnompe na ɔbɛsiee no wɔ Modein, ne nananom kurom.

26 Israelfoɔ nyinaa dii awerɛhoɔ na wɔtwaa adwo kɛseɛ, na wɔsuu no nna bebree.

27 Na Simon sii nkaeɛdum wɔ n’agya ne ne nuanom nna so; ɔyɛɛ no atentene sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhu no, na ɔde kokwaboɔ na ɛyɛɛ anim ne akyire.

28 Ɔsan nso sisii piramidnson de maa n’agya, ne na ne nuanom, a ɛhwehwɛhwehwɛ wɔn anim.

29 Na piramid a wayɛ no, ɔyɛɛ no tenemm, ɔyɛɛ adum akɛseɛ twaa ho hyiae, na ɔde akotadeɛ guu adum no so sɛ ɛnyɛ nkaeɛ daa, na akotadeɛ no nkyɛn na ɔsenee nsuhyɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔtwam wɔ ɛpo so nyinaa bɛhu wɔn.

30 Yei ne ɛda a ɔtoeɛ wɔ Modein; na ɛda so ara wɔ hɔ de bɛsi nnɛ.

Yudea nya fawohodie

31 Trifo ne Ɔhene kumaa Antiokus dii no nkontompo kwan so; na ɔkumm no

32 na ɔbɛsii n’ananmu sɛ ɔhene, na ɔde Asia ahenkyɛ hyɛeɛ; na ɔde atoyerɛnkyɛm kɛseɛ baa asase no so.

33 Mmom Simon sisii Yudea abandenden na ɔtoo ho afasuo, abantenten, fasuo akɛseɛ, aponkɛseɛ ne mpratwom twaa ho hyiae, na ɔkoraa aduane wɔ abandenden no mu.

34 Simon sane yii abɔfoɔ na ɔsomaa wɔn Ɔhene Demetrius nkyɛn de adesrɛ kɔtoo n’anim sɛ ɔmma ɔman no ahotɔ, ɛfiri sɛ deɛ Trifo bɛyɛeɛ nyinaa ne sɛ ɔbɛfomm kuro no mu nnoɔma fae.

35 Ɔhene Demetrius brɛɛ no akomatɔyam mmuaeɛ wɔ saa adesrɛ yi ho, na ɔtwerɛɛ no krataa bi a ɛka sɛ:

36 Ɔhene Demetrius twerɛ kɔma Simon, ɔsɔfo panin ne ahemfo adamfo, de kɔma Yuda man ne ne mpanimfoɔ, mekyea mo.

37 Yɛn nsa aka sika ahenkyɛ ne papa a wode baeɛ no, na yɛayɛ krado sɛ yɛne mo bɛyɛ asomdwoeɛ apam na yɛatwerɛ akɔma yɛn ɛtogyefoɔ no sɛ wɔmma mo nnyae ɛtoɔ tua.

38 Mmoa sika a yɛde ama mo nyinaa da so ara yɛ nokorɛ, na abandenden a moasisie no nyɛ mo dea.

39 Mfomsoɔ ne bɔne biara a moayɛ de bɛsi ɛnnɛ biara, yɛde kyɛ, na ahenkyɛ ho toɔ biara a mode ho ka no, yɛtwam; na ɛtoɔ biara a na wɔgyegye no wɔ Yerusalem no, wɔrennye bio.

40 Na sɛ mo mu binom fata sɛ wɔyɛ banbɔfoɔ a, wɔntwerɛ ne din, na ɛmfa asomdwoeɛ mmra yɛn ntam.

41 Afe ɔha aduɔsonmu no, wɔyii Amanaman mufoɔ konnua no firii Israel so,

42 na nnipa no firii aseɛ sɛ wɔretwerɛ nwoma ne adwuma nhyehyɛɛ sɛ: Simon, ɔsɔfo panin kɛseɛ ne ɔsahene ne Yudafoɔ kannifoɔ afe a ɛdi kan mu.

Simon kyere Gasara

43 Saa nna no mu, Simon kyeree nsraban tiaa Gasara na ɔde akofoɔ kɔtwaa ho hyiae. Ɔyɛɛ ɔko afidie na ɔde baa kuro no mu, na ɔbobɔɔ wɔn na ɔgyee abantenten no mu baako.

44 Mmarima a wɔwɔ ɔko afidie no mu hurihuri kɔɔ kuro no mu, na gyegyeegye a ɛso baa kuro no mu.

45 Mmarima a wɔwɔ kuro no mu, wɔn yerenom ne wɔn mma foro kɔɔ ɔfasuo no so a wɔn ntadeɛ ateteɛ, na wɔde nne kɛseɛ sui, na wɔsrɛɛ Simon sɛ ɔne wɔn nyɛ asomdwoeɛ apam;

46 wɔkaa sɛ: Ɛne yɛn nni no sɛdeɛ yɛn nneyɛe bɔne teɛ na mmom sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu teɛ.

47 Enti Simon ne wɔn yɛɛ nhyehyɛɛ na ɔgyaee ɔko a ɔne wɔn reko no. Nanso ɔpamoo wɔn firii kuro no mu na ɔtee afie a na abosom no wowɔ mu no ho, na afei ɔde nnwom ne ayeyie hyɛnee mu.

48 Ɔyiyii afideɛ nyinaa firii hɔ, na ɔde wɔn a wɔyɛ mmara sodifoɔ kɔtenaa hɔ. Ɔsan nso hyehyɛɛ ne banbɔ mu den na ɔsii efie wɔ hɔ maa ne ho.

Simon san nya abandenden a ɛwɔ Yerusalem

49 Wɔn a na wɔtete abandenden a ɛwɔ Yerusalem no mu no, wɔbaraa wɔn sɛ wɔnnni ahyɛmfire nkɔtɔn, na wɔnntɔn wɔ ɔman no mu. Enti wɔn bu fui pa ara, na ɛkɔm kunkumm wɔn mu bebree.

50 Afei wɔsu frɛɛ Simon sɛ ɔne wɔn nya asomdwoeɛ, na ɔyɛɛ saa. Mmom ɔpamoo wɔn firii hɔ na ɔtee abandenden no ho firii efi ho.

51 Afe a ɛtɔ so ɔha aduɔson baako,bosome a ɛtɔ so mmienu, ne da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no, Yudafoɔ no de ayeyie ne papa, mmɛnta, nnawuro ne sankuo, ayeyie dwom ne dwontoɔ hyɛnee mu, ɛfiri sɛ wɔaka ɔtamfo kɛseɛ ahyɛ na wɔapamo no afiri Israel.

52 Simon hyɛɛ mmara sɛ, afe biara wɔmfa ahurisie nni saa da yi. Ɔhyɛɛ banbɔ a ɛwɔ asɔrefie kokoɔ no a abandenden no ka ho no mu den, na ɔne ne nkurɔfoɔ tenaa hɔ.

53 Simon hunuu sɛ ne babarima Yohane anyini, enti ɔyɛɛ no asafohene wɔ akofoɔ no nyinaa so; na ɔtenaa Gasara.

1 Makabee 14

Wɔkyere Demetrius

1 Afe ɔha ne aduɔson mmienuno mu, Ɔhene Demetrius boaboaa n’akofoɔ ano na ɔsiim kɔɔ Media kɔpɛɛ mmoa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi ne Trifo ako.

2 Ɛberɛ a Ɔhene Arsakes a ɔwɔ Persia ne Media tee sɛ Demetrius aba n’asase soɔ no, ɔsomaa n’asafohene no mu baako kɔɔ sɛ ɔnkɔkye no animono so.

3 Asafohene no kɔe na ɔdii Demetrius asraafoɔ no so nkonim, na ɔkyeree no de no brɛɛ Arsakes maa ɔde no hyɛɛ awɛmfoɔ nsa.

Simon ayeyie

4 Asase no so adwo, Simon nna mu nyinaa.

Ɔhwehwɛɛ ne man yieyɛ;

n’amammuo sɔɔ wɔn ani,

na saa ara na wɔdii no ni, ne nkwa nna nyinaa.

5 Deɛ ɛmaa n’anidie yɛɛ kɛseɛ ne sɛ,

ɔgyee Yopa yɛɛ suhyɛngyinabea,

6 Ɔtwee ne man ahyeɛ maa ɛyɛɛ kɛseɛ,

ɔnyaa tumi wɔ ɔman no so koraa.

7 Ɔboaa nnommumfoɔ pii ano;

ɔdii tumi wɔ Gasara ne Bet-sur ne abandenden no so,

na ɔtuu emu fi no ase firii hɔ;

na obiara nni hɔ a ɔsii no kwan.

8 Wɔdɔɔ asase no wɔ asomdwoeɛ mu;

asase no maa no nnɔbaeɛ bafuu,

na nnua a ɛwɔ asasetam no so soo aba.

9 Nkwakoraa tenaa mmɔntene so;

wɔn nyinaa boom dii nnoɔma pa ho nkɔmmɔ,

na mmabunu no hyɛɛ wɔn asraafoɔ ntadeɛ.

10 Ɔmaa nkuro no aduane,

na ɔmaa wɔn nnoɔma a wɔde bɔ wɔn ho ban,

kɔsii sɛ ne din pa hyeta duruu asase ano.

11 Ɔmaa asomdwoeɛ baa asase no so,

na Israel dii ahurisie kɛseɛ.

12 Nnipa no nyinaa tenaa wɔn ankasa wɔn bobe ne wɔn ngo dua ase,

na na obiara nni hɔ a ɔbɛyi wɔn hu.

13 Anka obiara wɔ asase no so a ɔne wɔn bɛko,

na wɔhyee ahemfo ase wɔ nna no mu.

14 Ɔboaa ahobrɛaseɛfoɔ a wɔwɔ ne man mu nyinaa;

ɔhwehwɛɛ mmara no akyiri kwan,

na ɔyii atuatefoɔ ne mmaratofoɔ nyinaa firii hɔ.

15 Ɔmaa kronkronbea hɔ nyaa animuonyam,

na ɔde nnoɔma a ɛwɔ kronkronbea hɔ no bi kaa ho.

Wɔne Roma ne Sparta nya nkabom

16 Wɔtee no wɔ Roma, ne Sparta akyirikyiri sɛ Yonatan awu, na wɔn werɛ hoe pii.

17 Na ɛberɛ a wɔtee sɛ ne nua Simon asi n’ananmu sɛ ɔsɔfo panin na ɔredi ɔman no ne nkuro a ɛwɔ mu no soɔ no,

18 wɔtwerɛ guu kɔbere mfrafraeɛ apono so de kɔmaa no kanyanee ayɔnkofa ne apam a wɔne ne nuanom Yuda ne Yonatan yɛeɛ no.

19 Na wɔkenkanee nsɛm yi wɔ abadwafoɔ no anim wɔ Yerusalem.

20 Yei ne krataa a Spartafoɔ twerɛ kɔmaeɛ no nhwɛsoɔ:

Spartan kuro mu ahemfo twerɛ kɔma Ɔsɔfo panin Simon, mpanimfoɔ, asɔfoɔ ne Yudafoɔ nkaeɛ no, yɛn nuanom, yɛkyea mo.

21 Ananmusifoɔ a mosomaa wɔn baa yɛn nkurɔfoɔ hɔ no kaa animuonyam ne anidie a wowɔ no kyerɛɛ yɛn, na yɛn ani gyee wɔn ba a wɔbae no ho.

22 Yɛatwerɛ deɛ wɔkaeɛ no wɔ yɛn man mmara nsɛm mu, sɛ: Antiokus ba Numenius ne Yason ba Antipater, Yudafoɔ ananmusifoɔ aba yɛn nkyɛn ne yɛn rebɛfa yɔnkoɔ foforɔ.

23 Na asɔ yɛn nkurɔfoɔ ani sɛ yɛde anidie bɛgye mmarima yi, na yɛde wɔn nsɛm no nhwɛsoɔ bɛto ɔman tete nnoɔma korabea, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Spartafoɔ bɛnya wɔn ho adanseɛ. Na wɔde yei ho nhwɛsoɔ akɔma Ɔsɔfopanin Simon.

24 Yei akyiri no, Simon somaa Numenius kɔɔ Roma de sika kyɛm kɛseɛ a emu duro yɛ mmɛnaa apem, sɛ ɛnkɔsi wɔn ne Romafoɔ ayɔnkofa no so agyinaeɛ.

Simon animuonyam abodin

25 Ɛberɛ a nkurɔfoɔ no tee yeinom no, wɔkaa sɛ: Yɛbɛyɛ dɛn ada Simon ne ne mma ase?

26 Ɛfiri sɛ ɔno ne ne nuanom ne n’agya fie agyina pintinn; wɔn ne Israel atamfoɔ ako apamo wɔn, na wɔn fawohodie atim.

27 Enti wɔyɛɛ adanseɛ wɔ kɔbere mfrafraeɛ apono so na wɔde kɔsii adum so wɔ Bepɔ Sion so.

# Deɛ wɔtwerɛeɛ no nhwɛsoɔ nie: Bosome Elul da a ɛtɔ so dunwɔtwe wɔ afe ɔha ne aduɔson mmienumu, a ɛyɛ Ɔsɔfo panin kɛseɛ Simon afe a ɛtɔ so mmiɛnsa,

28 wɔ Asaramel, asɔfoɔ, nkurɔfoɔ ne ɔman no ahemfo ne ɔman no mpanimfoɔ badwa kɛseɛ no mu na wɔkaa nsɛm a ɛdidi soɔ yi sɛ:

29 Ɛsiane sɛ na ɔko sisi ɔman no mu nti, Matatias ba Simon, a ɔyɛ ɔsɔfoɔ a ɔfiri Yoarib mma mu, ne ne nuanom bɔɔ wɔn ho mmusuo na wɔsii ɔman no atamfoɔ kwan, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn kronkronbea ne wɔn mmara no wɔbɛkora; na wɔde animuonyam kɛseɛ brɛɛ wɔn man.

30 Yonatan kaa ɔman no boaa ano, na ɔbɛyɛɛ wɔn sɔfo panin, na wɔsiee no kaa ne nkurɔfoɔ ho.

31 Ɛberɛ a wɔn atamfoɔ faa adwene sɛ wɔbɛhyɛne wɔn man mu na wɔde wɔn nsa aka kronkronbea no,

32 ɛnna Simon sɔreeɛ na ɔko maa ne man. Ɔsɛee ɔno ankasa ne sika pii; ɔde akodeɛ maa asraafoɔ a wɔwɔ ne man mu na ɔtuaa wɔn ka.

33 Ɔbɔɔ nkuro a ɛwɔ Yudea no ho ban, baabi a kane no na anka ɔtamfo no kora n’akodeɛ no, na ɔde Yudafoɔ abansifoɔ duaa hɔ.

34 Ɔsan nso bɔɔ Yopa a ɛwɔ ɛpo ano no ho ban, ne Gasara, deɛ ɛne Asoto bɔ hyeɛ no. Ɔde Yudafoɔ kɔtenaa hɔ, na ɔde biribiara a ɛbɛhia ama kuro kyekyerɛ no maa wɔn a wɔtete hɔ.

35 Ɔman no hunuu Simon nokorɛdie ne animuonyam a wanya de ama ne man, na wɔyɛɛ no wɔn kannifoɔ ne ɔsɔfo panin, ɛsiane sɛ wayɛ nnoɔma yeinom nyinaa ne atɛntenenee ne nokorɛsom a wakora ama ɔman no nti. Ɔbɔɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛma ne man so.

36 Ne berɛ so, nnoɔma yɛɛ yie wɔ ne nsam, a enti wɔpamoo Amanaman no firii ɔman no mu, sɛdeɛ na ɛteɛ nso wɔ Dawid kurom wɔ Yerusalem no, wɔn a na wɔasi abandenden a emu na wɔfiri tua na wɔgu kronkronbea hɔ fi, na wɔde ɔsɛeɛ kɛseɛ sɛe ne kronkronyɛ no.

37 Ɔmaa Yudafoɔ kɔtenaa emu na ɔbɔɔ ho ban de maa ɔman no ne kuro no nyaa asomdwoeɛ, na ɔtoo Yerusalem fasuo tentene.

38 Yeinom nyinaa mu na Ɔhene Demetrius sii no pi sɛ ɔsɔfo panin,

39 na ɔyɛɛ no ne Nnamfonom mu baako, na ɔde anidie a ɛso maa no.

40 Na wate sɛ Romafoɔ no frɛ Yudafoɔ no sɛ nnamfoɔ ne ayɔnkofoɔ ne anuanom, na Romafoɔ no de anidie agye Simon ananmusifoɔ no.

41 Yudafoɔ no ne wɔn asɔfoɔ no abɔ pɔ sɛ, Simon nyɛ wɔn kannifoɔ ne wɔn sɔfo panin daa, kɔsi sɛ odiyifoɔ nokwafoɔ bɛsɔreɛ,

42 na ɔbɛyɛ amrado ahwɛ wɔn so na wahwɛ kronkronbea no so, na wayiyi asomfoɔ ahwɛ ne dwumadie so ne ɔman no so, ne akodeɛ ne abandenden no so, na ɔno bɛhwɛ kronkronbea no so,

43 na nnipa nyinaa atie no, na dwumadie nhyehyɛɛ a ɛwɔ ɔman no mu nyinaa wɔntwerɛ no wɔ ne din mu, na wɔnhyɛ beredum atadeɛ ne sika.

44 Na wɔremma ɔman no mu biara anaa asɔfoɔ no kwan mma ɔntwa saa nhyehyɛɛ yi mu anaasɛ ɔbɛtia deɛ ɛreka, anaasɛ ɔbɛfrɛ badwa nhyiamu wɔ ɔman no mu wɔ berɛ a ɔmmaa ho kwan, anaasɛ ɔbɛfira beredum atadeɛ anaasɛ ɔde sika aboomu bɛbɔ soɔ.

45 Obiara a ɔbɛyɛ biribi a ɛtia deɛ yɛasisi so agyinaeɛ yi anaasɛ ɔbɛpo emu biara no, ɔfata sɛ wɔtwe n’aso.

46 Nnipa no nyinaa penee so sɛ wɔbɛma Simon kwan na wayɛ deɛ agyinaeɛ no aka no.

47 Enti Simon gye tomm na ɔpenee so sɛ ɔbɛyɛ ɔsɔfo panin, ɔbɛyɛ Yudafoɔ ne asɔfoɔ no sahene ne wɔn amrado, na wayɛ wɔn nyinaa banbɔfoɔ.

48 Na wɔhyɛɛ sɛ wɔnkurukyire wɔ kɔbere mfrafraeɛ aboɔpono so, na wɔmfa nto baabi a wɔbɛhu no yie wɔ kronkronbea no mpɔtamu hɔ,

49 na wɔmfa ne nhwɛsoɔ nkɔsie wɔ sikakorabea hɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Simon ne ne mma nsa bɛtumi aka.

1 Makabee 15

Antiokus a ɔtɔ so nson krataa

1 Ɔhene Demetrius ba Antiokus, de krataa soma firii ɛpo mu supɔ so kɔmaa Simon, Yudafoɔ sɔfoɔ ne amrado no, ne ɔman mu no nyinaa;

2 na emu nsɛm na ɛdidi soɔ yi: Ɔhene Antiokus twerɛ kɔma Simon, ɔsɔfo panin ne amrado wɔ Yudafoɔ man mu, mekyea wo.

3 Ɛsiane sɛ, nnipa abɔnefoɔ bi anya tumi wɔ yɛn nananom ahemman soɔ, na mepɛ sɛ megye ahennie no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mede bɛsi hɔ sɛ kane no na ɛteɛ no nti, mafa akofoɔ apaafoɔ pii na mede akodeɛ ahyehyɛ akokyɛm mu,

4 na mayɛ m’adwene sɛ mɛhyɛne ɔman no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛkɔ wɔn a wɔasɛe ɔman no ne wɔn a wɔabɔ nkuro a ɛwɔ m’ahemman mu,

5 enti afei mesi no pi ma wo wɔ ɛtoɔ a ahemfo a wɔdii m’anim kan no maa wogyae tua no nyinaa, ne sikatua nkaeɛ nyinaa sɛ ntua bio.

6 Mema wo kwan sɛ wo ara twa sika ma ɛnyɛ wo man sika,

7 na mede fawohodie ma Yerusalem ne kronkronbea no. Akodeɛ a wɔasiesie ne abandenden a woasie na ɛwɔ wo nsam no bɛkɔ so ara ayɛ wo dea.

8 Ɛka biara a wode ɔhene sikakorabea no ne daakye ka biara a ɛte saa a wobɛdeɛ no, wɔbɛtwam ama wo, ɛfiri nnɛ rekorɔ ne ɛberɛ nyinaa.

9 Ɛberɛ a yɛn nsa bɛka yɛn ahennie no, yɛbɛhyɛ wo ne wo man ne asɔrefie no animuonyam kɛseɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a w’animuonyam no bɛda adi wɔ asase so baabiara.

10 Afe ɔha aduɔson nnanmu no, Antiokus siim na ɔkɔfaa ne nananom asase no. Akofoɔ no nyinaa boaa wɔn ho ano dii n’akyi, a enti kakra bi na ɛkɔɔ Trifo afa.

11 Antiokus tii Trifo, na Trifo dwanee kɔɔ Dor a ɛda ɛpo ano no;

12 ɛfiri sɛ na ɔnim sɛ amanehunu abɛsoɛ ne so, na n’akofoɔ no adwane agya no.

13 Enti Antiokus kyeree nsraban tiaa Dor, na na akofoɔ ɔpeha aduonu ne apɔnkɔsotefoɔ ahanwɔtwe ka ne ho.

14 Ɔtwaa kuro no ho hyiae na nsuhyɛn no firi ɛpo so bɛboaa ɔko no; ɔkaa asase no miaa dendeenden firi asase ne ɛpo so, na wamma obiara kwan amma wamfiri adi anaasɛ anhyɛne mu.

Roma taa Yudafoɔ akyi

15 Afei Numenius ne ne n’ahokafoɔ firi Roma bɛdurui, wɔde nkrataa brɛ ahemfo ne aman, na emu na wɔatwerɛ nsɛm a ɛdidi soɔ yi:

16 Lukius, Romafoɔ ananmusini, twerɛ kɔma Ptoleme, mekyea wo.

17 Yudafoɔ ananmusifoɔ aba yɛn nkyɛn sɛ nnamfonom ne ayɔnkofoɔ abɛyɛ yɛn kane ayɔnkofa ne apam no foforɔ. Wɔn na Ɔsɔfopanin Simon ne Yudafoɔ asoma wɔn

18 de sika akokyɛm a emu duro yɛ mɛnnaa apem.

19 Yei nti, yɛabɔ pɔ sɛ yɛbɛtwerɛ akɔma ahemfo ne aman sɛ wɔnnha wɔn anaasɛ wɔne wɔn nkuro, wɔn man nko, anaasɛ wɔne wɔn a wɔne wɔn ko no nyɛ apam.

20 Na yɛn ani asɔ sɛ yɛbɛgye ɛkyɛm no afiri wɔn hɔ.

21 Saa nti, sɛ nnipa abɔnefoɔ bi adwane firi wɔn man mu aba mo nkyɛn a, monyi wɔn ma Ɔsɔfopanin Simon, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtwe wɔn aso sɛdeɛ mmara no kyerɛ no.

22 Ananmusini no twerɛɛ ade korɔ no ara bi kɔmaa Ɔhene Demetrius ne Atalus ne Ariarates ne Arsakes,

23 ne aman no nyinaa: Sampsame, Sparta, Delos, Mindos, Sikion, Karia, Samos, Pamfilia, Lisia, Halakarnasus, Rodes, Faselis, Kos, Side, Aradus, Gortina, Knido, Kipro ne Kirene.

24 Na wɔde saa nnoɔma yi nhwɛsoɔ nso kɔmaa Ɔsɔfo panin Simon.

Antiokus a ɔtɔ so nson hunahuna Simon

25 Ɔhene Antiokus tuu Dor so sa ne mprenu so, na ɔkɔɔ so ara maa n’akofoɔ no kɔɔ hɔ, na wɔreyɛ akodeɛ a wɔde dwiri fasuo; na ɔtoo Trifo mu a wamma no amfiri adi anaasɛ wankɔ mu.

26 Na Simon somaa akofoɔ mpem mmienu a wɔayi wɔn sɛ wɔnkɔko ma no; na ɔde sika ne dwetɛ ne asraafoɔ akodeɛ a ɛdɔɔso kaa ho.

27 Nanso wampene annye wɔn, na ɔbuu nhyehyɛɛ a akane no ɔne Simon yɛeɛ no nyinaa so, na ɔne no ntam teteeɛ.

28 Ɔsoma kɔɔ Atenobius nkyɛn, ne Nnamfonom mu baako ne no kɔdwene kaa sɛ: Kɔfa Yopa ne Gasara ne abandenden a ɛwɔ Yerusalem no di so, wɔyɛ m’ahemman nkuro no mu bi.

29 Woasɛe wɔn nsase, woayɛ wɔn asase pasaa, na woafa mmeaeɛ bebree wɔ m’ahemman mu.

30 Afei deɛ gyae saa nkuro a wofaeɛ ne ɛtoɔ sika a ɛfiri mmeaeɛ a ɛwowɔ Yuda ahyeɛ akyi a wofaeɛ no mu;

31 sɛ ɛnte saa a, tua nnwetɛbena ahanum ma me wɔ adesɛeɛ a woyɛeɛ no ne nnwetɛbena ahanum bio ka ho wɔ nkuro no toɔ sika no.

32 Enti Atenobius a ɔyɛ ɔhene Adamfo no baa Yerusalem, na ɛberɛ a ɔhunuu Simon ahonya; sika ne dwetɛ plɛte a ɛwɔ adekoradan mu ne animuonyam a ɔwɔ no, ne ho dwirii no. Na ɛberɛ a ɔkɔkaa ɔhene asɛm kyerɛɛ no no,

33 Simon buaa no sɛ: Yɛmfaa ananafoɔ asase biara anaasɛ ananafoɔ agyapadeɛ biara, na mmom yɛn nananom agyapadeɛ nko ara, ɛno na ɛberɛ bi yɛn atamfoɔ nam nsisie kwan so faeɛ no.

34 Afei a yɛanya kwan pa yi, yɛrekora yɛn nananom agyapadeɛ mo dendeenden.

35 Na ɛfa Yopa ne Gasara a worebisa no, wɔreha yɛn nkurɔfoɔ ne yɛn man kɛse; na wɔn deɛ yɛbɛma wo talente ɔha.

Atenobius amfa asɛm biara ammua no,

36 na mmom ɔde abufuhyeɛ san kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ no, ne Simon ahonya ne deɛ ɔhunuiɛ nyinaa. Na ɔhene bo fuu pa ara.

Kendebeus so nkonimdie

37 Ɛberɛ no ara mu na Trifo foroo suhyɛn dwane kɔɔ Ortosia.

38 Afei ɔhene yɛɛ Kendebeus asafohene panin wɔ mpoano man no mu, na ɔmaa no asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu ne apɔnkɔsotefoɔ.

39 Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkyere nsraban ntia Yudea, na ɔnsi Kedron na ɔmmɔ n’apono no ho ban, na ɔntu nnipa no so sa, nanso ɔhene tii Trifo.

40 Enti Kendebeus baa Yamnia na ɔfirii aseɛ hyɛɛ ɔman no abufuo sɛ ɔbɛhyɛn Yudea na wafa nnipa no dommum na wakunkum wɔn.

41 Ɔkyekyeree Kedron na ɔde apɔnkɔsotefoɔ ne akofoɔ tenaa hɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfiri adie akɔ Yudea kwantempɔn so akɔtua sɛ deɛ ɔhene ahyɛ no no.

1 Makabee 16

1 Yohane firii Gasara kɔbɔɔ n’agya Simon amaneɛ wɔ deɛ Kendebeus ayɛ no.

2 Na Simon frɛɛ ne mmabarima mpanimfoɔ baanu, Yuda ne Yohane, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me ne me nuanom ne m’agya fie ako Israel ko firi yɛn mmeranteberɛ mu de bɛsi nnɛ, na nnoɔma akɔ yie wɔ yɛn nsam a enti yɛagye Israel mprɛ pii.

3 Nanso seesei mabɔ akora, na Ɔsoro adaworoma nti moanyini wɔ mfeɛ mu. Momfa me ne me nuanom diberɛ, na momfiri adi nkɔko ma yɛn man, na mmoa a ɛfiri ɔsoro no nka mo ho.

4 Enti Yohane yiyii ɔman no mu akofoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ mpem aduonu, na wɔfirii adi kɔɔ Kendebeus so na wɔkyeree nsra anadwo no wɔ Modein.

5 Anɔpatutu no, wɔfirii aseɛ firii adi na wɔkɔɔ asasetam no so, faako a asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu ne apɔnkɔsotefoɔ a wɔdɔɔso firi reba abɛhyia wɔn no; na asutene bi da wɔn ntam.

6 Afei ɔno ne n’asraafoɔ no gyinae a wɔrehyia wɔn. Ɔhunuu sɛ asraafoɔ no suro sɛ wɔbɛtwa asutene no, ɛno nti ɔdii kan twae; na ɛberɛ a n’akofoɔ no hunuu no no, wɔtwa dii n’akyi.

7 Afei ɔkyɛɛ asraafoɔ no mu na ɔde apɔnkɔsotefoɔ no gyinaa asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu no mfimfini, ɛfiri sɛ na ɔtamfo no apɔnkɔsotefoɔ no dɔɔso pa ara.

8 Wɔhyɛnee totorobɛnto no, na Kendebeus ne n’asraafoɔ no dwanee; wɔn mu bebree pirapirae na nkaeɛ no dwane kɔɔ abandenden no mu.

9 Saa berɛ no, Yuda nua Yohane pirae, nanso Yohane tii wɔn ara kɔsii sɛ Kedebeus duruu Kedron a ɔno ara asie hɔ.

10 Wɔsan nso dwane kɔɔ abantenten a ɛwowɔ mfuo a ɛwɔ Asoto ho no, na Yohane de ogya hyeɛ, na wɔn mu bɛyɛ mpem mmienu wuwui. Afei ɔsan baa Yerusalem dwoodwoo.

Wɔdi Simon ne ne mmabarima awu

11 Afei na wɔayi Abubus ba Ptoleme sɛ amrado wɔ Yeriko asase tam no so; na wakora sika ne dwetɛ pii,

12 ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔsɔfo panin no ase.

13 Ahomasoɔ wuraa n’akoma mu; ɔhwehwɛɛ sɛ ɔbɛfa ɔman no nyinaa adi soɔ, nnaadaa nhyehyɛɛ tiaa Simon ne ne mma, sɛ ɔde bɛyi wɔn afiri hɔ.

14 Afei na Simon rekɔsra nkuro a ɛwɔ ne man mu na wayɛ deɛ ɛhia wɔn ama wɔn, na ɔne ne mmabarima Matatias ne Yuda sianee kɔɔ Yeriko, wɔ afe ɔha aduɔson nsonmu, bosome a ɛtɔ so dubaako a ɛne bosome Sebat.

15 Abubus ba no nam nnaadaa kwan so gyee wɔn wɔ abandenden ketewa bi a wasi no wɔ Dok; ɔtoo pono kɛseɛ maa wɔn, na na ɔde mmarima asie hɔ.

16 Ɛberɛ a Simon ne ne mma no boboroeɛ no, Ptoleme ne ne mmarima no sɔre faa wɔn akodeɛ bɔɔ kirididi kɔɔ apontoɔ dan mu hɔ kɔkunkumm Simon ne ne mma mmienu no ne n’asomfoɔ.

17 Enti ɔyɛɛ nneyɛɛ a ɛyɛ nkontompo kɛseɛ de amumuyɛ tuaa papayɛ so ka.

Yohane si Simon ananmu

18 Afei Ptoleme twerɛɛ nsɛm yi ho amanneɛbɔ kɔmaa ɔhene no, bisaa no sɛ ɔnsoma akofoɔ mmɛboa no na ɔnnane nkuro ne ɔman no mma no.

19 Ɔsomaa akofoɔ foforɔ kɔɔ Gasara sɛ wɔnkɔyi Yohane mfiri hɔ; ɔde nkrataa kɔmaa asafohene na ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmmra ne nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn sika ne dwetɛ ne akyɛdeɛ ahodoɔ;

20 na ɔsomaa akofoɔ foforɔ kɔɔ sɛ wɔnkɔfa Yerusalem ne asɔredan kokoɔ no.

21 Nanso obi dii wɔn anim kan kɔka kyerɛɛ Yohane wɔ Gasara sɛ n’agya ne ne nuanom awuwu, na saa ara na “wasoma nnipa sɛ wɔmmɛku wo nso.”

22 Ɛberɛ a ɔtee asɛm yi no, ne ho dwirii no kɛse; ɔkyeree mmarima a wɔasoma wɔn sɛ wɔmmɛsɛe no kunkum wɔn, ɛfiri sɛ na wahunu sɛ wɔrepɛ no asɛe no.

23 Yohane nnwuma nkaeɛ ne n’ako ne akatakyisɛm a ɔyɛeɛ no, afasuo no toɔ ne ne wie, deɛ ɔnyaeɛ wɔ ne mmɔdemmɔ mu no,

24 wɔatwerɛ no wɔ asɔfoɔ mpanin berɛsosɛm nwoma mu, ɛfiri ɛberɛ a ɔbɛyɛɛ ɔsɔfo panin wɔ n’agya akyi no.

Baruk 1

Baruk ne Yudafoɔ a wɔwɔ Babel

1 Yeinom ne nsɛm a ɛwɔ nwoma a Baruk a ɔyɛ Neria ba, a ɔyɛ Maseia ba, a ɔyɛ Sedekia ba, a ɔyɛ Hasadia ba, a ɔyɛ Hilkia ba twerɛeɛ wɔ Babel,

2 wɔ afe a ɛtɔ so nnum, bosome a ɛtɔ so nson, ɛberɛ a Kaldeafoɔ faa Yerusalem na wɔde ogya hyeeɛ no.

3 Baruk kenkanee nwoma yi mu nsɛm kyerɛɛ Yehoiakim ba Yekonia, Yuda hene, ne nkurɔfoɔ a wɔbɛtiee nwoma no mu nsɛm no bi nyinaa,

4 mmakoma, adehyeɛ ne mpanimfoɔ, ɔman mu no nyinaa, nketewa ne akɛseɛ, ne wɔn a na wɔte Babel Asubɔnten Sud ho no nyinaa.

5 Ɛnna wɔsuiɛ, na wɔdii abuada bɔɔ mpaeɛ wɔ Awurade anim;

6 na wɔgyegyee sika dodoɔ biara sɛdeɛ obiara bɛtumi ama,

7 na wɔde soma kɔɔ Yerusalem, Ɔsɔfopanin Yehoiakim a ɔyɛ Hilkia ba, a ɔyɛ Sallum ba, ne asɔfoɔ no, ne nkurɔfoɔ a na wɔka ne ho wɔ Yerusalem no nyinaa.

8 Ɛberɛ korɔ no ara mu, bosome Siwanda a ɛtɔ so du mu no, Baruk faa Awurade asɔrefie nnoɔma a na wɔafa afiri asɔrefie hɔ no de sane baa Yuda asase so — dwetɛ nnoɔma a Yosia ba Sedekia, Yuda hene ayɛ no,

9 ɛberɛ a na Ɔhene Nebukadnessar a ɔfiri Babel afa Yekonia ne mmapɔmma, ne nneduafoɔ ne mmakoma ne asase no so nnipa firi Yerusalem, na ɔde wɔn baa Babel.

Krataa a wɔde kɔɔ Yerusalem

10 Wɔkaa sɛ: Yɛabrɛ mo sika; ɛno nti momfa sika no ntɔ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne bɔne afɔrebɔdeɛ ne aduhwam, na monsiesie aduane afɔdeɛ, na momfa mmɔ afɔdeɛ wɔ Awurade yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no so;

11 na bɔ mpaeɛ ma Ɔhene Nebukadnessar a ɔwɔ Babel no ne ne ba Belsasar nkwa so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nna wɔ asase so bɛyɛ sɛ ɔsoro nna no.

12 Awurade bɛma yɛn ahoɔden, ne hann ama yɛn aniwa; na yɛbɛtena ase wɔ Ɔhene Nebukadnessar a ɔwɔ Babel no banbɔ mu, ne ne ba Belsasar, na yɛbɛsom wɔn nna bebree, na yɛanya wɔn anim adom.

13 Na mommɔ Awurade yɛn Nyankopɔn mpaeɛ mma yɛn, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Nyankopɔn, na ɛbɛsi nnɛ da yi, Awurade abufuo ne n’abufuhyeɛ nnane mfirii yɛn so.

14 Na mobɛkan nwoma yi a yɛde resoma mo yi wɔ ɛnne a ɛgyegye so, na mode ayɛ mo bɔneka wɔ Awurade fie wɔ afahyɛ nna no mu ne mmerɛ a wɔahyehyɛ no.

Bɔneka

15 Na mobɛka sɛ: Awurade yɛn Nyankopɔn tene, na mmom aniwuo na aka yɛn ɛnnɛ da yi, wɔ Yudafoɔ so, wɔ nnipa a wɔtete Yerusalem no so,

16 na aba yɛ ahemfo so, yɛn mmapɔmma so, yɛn asɔfoɔ so, yɛn adiyifoɔ so, ne yɛn agyanom so,

17 ɛfiri sɛ yɛayɛ Awurade anim bɔne.

18 Yɛayɛ asoɔden atia no, na yɛantie Awurade yɛn Nyankopɔn nne, sɛ yɛbɛnante wɔ Awurade ahyɛdeɛ a wahyɛ atɔ hɔ ama yɛn no mu.

19 Ɛfiri berɛ a Awurade de yɛn agyanom firi Misraim asase so baeɛ de bɛsi ɛnnɛ, yɛayɛ asoɔden atia Awurade yɛn Nyankopɔn no, na yɛatoto no ase, sɛ yɛantie ne nne.

20 Ɛno nti, ɛde bɛsi ɛnnɛ, atoyerɛnkyɛm nam nnome a Awurade nam n’akoa Mose so kaeɛ wɔ ɛberɛ a ɔyii yɛn agyanom firii Misraim asase so sɛ ɔrema yɛn asase a ɛso sene nufosuo ne ɛwoɔ no, aba yɛn so.

21 Yɛantie Awurade yɛn Nyankopɔn nne wɔ adiyifoɔ a ɔsomaa wɔn baa yɛn nkyɛn no nsɛm ho,

22 na mmom yɛn nyinaa dii yɛn ankasa yɛn akomam nsusuiɛ bɔne akyi, sɛ yɛresom abosom na yɛreyɛ amumuyɛ wɔ Awurade yɛn Nyankopɔn ani so.

Baruk 2

1 Ɛno nti Awurade yɛɛ deɛ na ɔde hunahuna yɛn wɔ kasa a na ɔkasa kyerɛ yɛn no ho. Ɔka tiaa yɛn atemmufoɔ a wɔdii Israel soɔ no, ɔka tiaa yɛn ahemfo ne mmapɔmma a wɔwɔ Israel ne Yuda no.

2 Ɔsoro ase nyinaa no, adeɛ a ɔde ayɛ Yerusalem no bi nsii baabiara da, sɛdeɛ ateatea a wɔatwerɛ no wɔ Mose mmara no mu teɛ no.

3 Yɛn mu binom dii yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa nam.

4 Ɔbrɛɛ wɔn ase hyɛɛ ahennie a atwa yɛn ho ahyia no ase, sɛ yɛnyɛ ahohoradeɛ ne amamfo wɔ aman a wɔatwa yɛn ho ahyia no mu, faako a Awurade abɔ yɛn ahwete no.

5 Wɔbrɛɛ wɔn ase na wɔamma wɔn so, ɛfiri sɛ yɛn man yɛɛ bɔne tiaa Awurade yɛn Nyankopɔn no, sɛ yɛantie ne nne.

6 Awurade yɛn Nyankopɔn tene, na mmom aniwuo aba yɛn ne yɛn agyanom so de bɛsi nnɛ.

7 Atoyerɛnkyɛm yi a Awurade de hunahunaa yɛn no nyinaa aba yɛn so.

8 Nanso yɛnsrɛɛ Awurade adom, sɛ yɛn mu biara bɛdane afiri n’amumuyɛ akoma ho.

9 Na Awurade akora atoyerɛnkyɛm ayɛ no krado, na Awurade de aba yɛn so, ɛfiri sɛ, Awurade tene wɔ nnwuma a wahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no nyinaa mu.

10 Nanso yɛantie ne nne, sɛ yɛbɛnante wɔ Awurade ahyɛdeɛ a ɔde asi yɛn anim no mu.

Ɔgyeɛ mpaebɔ

11 Na afei, O Israel Awurade Nyankopɔn, a wode nsa a emu yɛ den yii wo nkurɔfoɔ firii Misraim asase so ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne tumi kɛseɛ ne basa a wɔatene mu, na wode gyee edin maa wo ho a ɛda so wɔ hɔ de bɛsi ɛnnɛ,

12 yɛayɛ bɔne, na yɛnni nyamesuro, yɛafom wo wɔ w’ahyɛdeɛ nyinaa ho, O yɛn Awurade Nyankopɔn.

13 Dane w’abufuo firi yɛn so, ɛfiri sɛ aka yɛn kakra bi wɔ amanaman a wobɔɔ yɛn petee soɔ no mu.

14 O Awurade, tie yɛn mpaebɔ ne yɛn nkotosrɛ, na wo nti gye yɛn, na ma yɛnnya adom wɔ wɔn a wɔafa yɛn dommum yi anim;

15 ama asase sofoɔ nyinaa ahunu sɛ wone Awurade yɛn Nyankopɔn, na Israel ne n’asefoɔ nyinaa wɔde wo din na ɛfrɛ wɔn.

16 O Awurade, firi wo tenabea kronkron hɔ brɛ w’ani ase na dwene yɛn ho. O Awurade, kyea w’aso na tie;

17 O Awurade, bue w’ani na hwɛ, ɛfiri sɛ awufoɔ a wɔwɔ Asamando no, wɔn a wɔagye wɔn honhom afiri wɔn nipadua mu no mfa animuonyam ne atɛntenenee mma Awurade;

18 na mmom onipa a ne werɛ aho kɛseɛ, na ɔkoto nante bɛtɛbɛtɛ, n’ani ayɛ kusukusu na ɛkɔm de ɔkra no, bɛka w’animuonyam ne wo tenenee akyerɛ, O Awurade.

19 Ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛn agyanom anaasɛ yɛn ahemfo nnwuma a ɛtene enti na yɛde yɛn mpaebɔ reba abɛhwehwɛ wo hɔ mmɔborɔhunu, O Awurade.

20 Ɛnam sɛ woasoma w’abufuo ne w’abufuhyeɛ aba yɛn so, sɛdeɛ wonam wo nkoa adiyifoɔ so reka sɛ:

21 Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mommɔ mo abatire ase mfa nsom Babel hene no, na mobɛkɔ so ara atena asase a mede maa mo agyanom no so.

22 Na mmom sɛ morentie Awurade nne, na sɛ morensom Babel hene deɛ a,

23 mɛma anika nne ne anigyeɛ nne ne ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne to atwa wɔ Yuda nkuro mu, ne mantam a atwa Yerusalem ho ahyia no mu, na asase no nyinaa bɛdane amamfo a obiara ntena soɔ.

24 Nanso yɛantie wo nne, sɛ yɛbɛsom Babel hene no; na woayɛ nsɛm a wonam wo nkoa adiyifoɔ no so kaeɛ no, sɛ wɔbɛtu yɛn ahemfo nnompe ne yɛn agyanom nnompe afiri wɔn nna mu;

25 na nokorɛ nie, wɔatutu agu awia mu ɔhyeɛ ne anadwo mu awɔ mu. Wɔayera wɔ amanehunu kɛseɛ mu, wɔ ɛkɔm, afena ne yaredɔm mu.

26 Na efie a wɔbɔ wo din frɛ no, woayɛ no sɛdeɛ ɛteɛ ɛnnɛ yi, ɛsiane Israel fie ne Yuda fie amumuyɛ nti.

Wɔkae Onyankopɔn bɔhyɛ

27 Nanso, O Awurade yɛn Nyankopɔn, wo ne yɛn adi wɔ w’adɔeɛ ne w’ayamhyehyeɛ kɛseɛ no nyinaa mu,

28 sɛdeɛ wonam w’akoa Mose so kae wɔ ɛda a wohyɛɛ no maa no twerɛɛ wo mmara nsɛm wɔ wo man Israel anim sɛ:

29 Na sɛ morentie me nne a, nokorɛ, saa ɛdɔm kɛseɛ yi ara bɛdane nnipa kakra bi wɔ aman mu, faako a mede mo bɛpete no.

30 Na menim sɛ wɔrentie me, ɛfiri sɛ wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔasene wɔn kɔn. Na mmom wɔn dommumfa asase so deɛ, wɔn ani bɛba wɔn ho so

31 na wɔahu sɛ mene Awurade wɔn Nyankopɔn. Mɛma wɔn setie akoma ne aso a ɛte asɛm;

32 wɔbɛyi me ayɛ wɔ wɔn dommumfa asase so, na wɔbɛkae me din

33 na wɔadane afiri wɔn asoɔden ne w’amumuyɛ nnwuma ho; na wɔbɛkae w’agyanom akwan, bɔne a wɔyɛɛ wɔ Awurade anim no.

34 Mɛsane de wɔn aba asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no, Abraham, Isak ne Yakob, na wɔadi so no; na mɛma wɔadɔre, na wɔn dodoɔ so rente.

35 Me ne wɔn bɛyɛ daa apam, na mayɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn ayɛ me man; na merenyi me man Israel mfiri asase a mede ama wɔn no so bio.

Baruk 3

1 O Awurade Tumfoɔ, Israel Nyankopɔn, ɔkra a ne ho dwane no ne honhom a wabrɛ resu frɛ wo.

2 O Awurade, tie na hu yɛn mmɔbɔ, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne wɔ w’anim.

3 Wo na wodi hene daa, na yɛn deɛ yɛreyera afebɔɔ.

4 O Awurade Tumfoɔ, Israel Nyankopɔn, afei tie ɔman Israel mpaebɔ, wɔn a wɔyɛɛ w’anim bɔne no mma, wɔn a wɔantie Awurade wɔn Nyankopɔn nne, a ɛno nti atoyerɛnkyɛm aba yɛn so no.

5 Nkae yɛn agyanom amumuyɛ, na mmom saa ahohiahia berɛ yi mu, kae wo tumi ne wo din no.

6 Ɛfiri sɛ wone Awurade yɛn Nyankopɔn, na ɛyɛ wo, O Awurade, wo na yɛbɛyi wo ayɛ.

7 Na wode wo ho suro ahyɛ yɛn akoma mu sɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛbɔ wo din; na yɛbɛyi wo ayɛ wɔ dommum mu, na yɛayi amumuyɛ biara a yɛn agyanom yɛ tiaa wo no afiri yɛn akomam.

8 Hwɛ, ɛnnɛ yɛwɔ yɛn dommumfa mu, faako a wabɔ yɛn ahweteɛ no, sɛ wɔmmɔ yɛn ahohora, nnome yɛn na wɔntwe yɛn aso wɔ amumuyɛ biara a yɛn agyanom yɛeɛ, wɔn a wɔgyaa Awurade yɛn Nyankopɔn no.

Nyansa ho ayeyie

9 O Israel, tie mmara a ɛma nkwa no,

yɛ aso na sua nyansa!

10 Ɛyɛɛ dɛn, O Israel, adɛn nti na woakɔpue w’atamfoɔ asase soɔ,

ɛnna worenyini bɔ akɔkoraa wɔ ananafoɔ asase soɔ yi,

na wode afunu agu wo ho fi yi,

11 a wɔkan wo ka wɔn a wɔwɔ Asamando ho yi?

12 Woapo nyansa nsubura no.

13 Sɛ anka wonantee wɔ Onyankopɔn kwan so a,

anka wobɛtena asomdwoeɛ mu afebɔɔ.

14 Sua hunu faako a nyansa wɔ,

faako a ahoɔden wɔ,

faako a nteaseɛ wɔ,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛberɛ korɔ no ara wobɛhunu

baabi a nkwa ne nna tentene wɔ,

faako a ani kanea ne asomdwoeɛ wɔ.

15 Hwan na wahu ne beaeɛ a ɔwɔ no?

Na hwan na wɔahyɛne n’adekorabea?

16 Ɛhefa na aman ahemfo no wɔ,

ne wɔn a wɔdii tumi wɔ asase so mmoadoma so;

17 wɔn a wɔde ewiem nnomaa gye wɔn ani,

na wɔsiee sika ne dwetɛ

a nnipa de wɔn werɛ ahyɛ mu no ano,

na deɛ wɔrenya no nni awieeɛ;

18 wɔn a wɔyɛ nhyehyɛɛ de pɛ dwetɛ, na wɔha wɔn ho no,

nanso wɔhwehwɛ a wɔnhunu wɔn nnwuma ho biribiara?

19 Wɔayera, na wɔasan kɔ Asamando,

na nnipa afoforɔ asɔre abɛsi wɔn ananmu.

20 Nkyirimma ahunu adekyeeɛ hann no,

na wɔatena asase so;

nanso wɔnsuaa nimdeɛ kwan

na wɔntee n’akwan ase,

nso wɔnsɔɔ ne mu.

21 Wɔn asefoɔ amane afiri ne kwan no ho.

22 Wɔntee ne nka wɔ Kanaan,

ɛnna nso wɔnhunuu no wɔ Teman;

23 Hagar asefoɔ a wɔhwehwɛ nteaseɛ wɔ asase so no,

Meran ne Teman adwadifoɔ,

anatofoɔ ne wɔn a wɔhwehwɛ nteaseɛ no,

nsuaa ɛkwan a ɛde kɔ nyansa hɔ,

anaasɛ wɔnnwenee n’akwan ho.

24 O Israel, hwɛ sɛdeɛ Onyankopɔn fie so fa,

sɛdeɛ asase a ɛyɛ ne dea si trɛ fa!

25 Ɛso na ɛnni ano;

ɛkorɔn na ɛnni susuiɛ.

26 Ɛhɔ na wɔwoo abrane, wɔn a wɔgyee din wɔ tete berɛ no mu,

wɔyɛ abrane na wɔawedare ɔko mu.

27 Onyankopɔn anyi wɔn,

anaasɛ ɔbɛma wɔn kwan a ɛde kɔ nimdeɛ ho,

28 ɛno nti wɔyerae ɛfiri sɛ wɔnni nyansa biara,

wɔnam wɔn nkwaseadeɛ mu yeraeɛ.

29 Hwan na waforo akɔ ɔsoro, na wafa no,

na ɔde no afiri mununkum mu asane?

30 Hwan na wakɔ ɛpo so, na wahu no,

na ɔde sika mapa bɛtɔ no?

31 Obiara nnim ɔkwan a ɛde kɔ ne nkyɛn,

anaasɛ ɔdwene n’anammɔn kwan ho.

32 Mmom deɛ ɔnim nnoɔma nyinaa no nim no,

ɔnam ne nteaseɛ so ahu no.

Deɛ ɔsiesiee asase maa ɛberɛ nyinaa no,

ɔde abɔdeɛ a wɔn nan yɛ nnan hyɛɛ mu ma;

33 deɛ ɔsoma hann, na ɛkɔ;

ɔfrɛɛ no, na ɛde ahopopoɔ tiee no;

34 nsoromma hyerɛnn wɔ wɔn gyinaberɛ berɛ mu, na wɔdii ahurisie;

ɔfrɛɛ wɔn, na wɔkaa sɛ: Yɛn nie!

Wɔde ahurisie hyerɛnn maa deɛ ɔbɔɔ wɔn no.

35 Oyi ne yɛn Nyankopɔn;

obiara nni hɔ a wɔde no toto ne ho.

36 Ɔno na ɔhunuu ɔkwan a ɛkɔ nimdeɛ ho nyinaa,

na ɔde no maa n’akoa Yakob

na ɔde maa Israel, deɛ ɔdɔ no no.

37 Akyire yi no, ɔdaa ne ho adi wɔ asase so

na ɔne adasamma tenaeɛ.

Baruk 4

1 Ɔno ne nwoma a Onyankopɔn mmara wɔ mu,

ne mmara a ɛwɔ hɔ daa.

Wɔn a wɔsɔ ne mu dendeenden no bɛtena ase,

na wɔn a wɔpo no no bɛwu.

2 O Yakob, san bɛfa no;

nante bra ne kanea a ɛrehyerɛn no ho.

3 Mfa w’animuonyam mma ɔfoforɔ,

anaasɛ mfa wo mfasoɔ mma ɔnanani.

4 O Israel, nhyira ne yɛn,

ɛfiri sɛ yɛnim deɛ ɛsɔ Onyankopɔn ani.

Nkuranhyɛ a wɔde ma Israel

5 Monnya akokoɔduro, me man,

wɔn a wɔma Israel din tena hɔ!

6 Ɛnyɛ ɔsɛeɛ nti

na wɔtɔnee mo maa amanaman no,

na mmom wɔdanee mo maa mo atamfoɔ

ɛfiri sɛ mohyɛɛ Onyankopɔn abufuo.

7 Ɛfiri sɛ mohyɛɛ deɛ ɔbɔɔ mo no abufuo

sɛ mobɔɔ afɔdeɛ maa ahonhommɔne na moammɔ amma Onyankopɔn.

8 Mo werɛ firii mmerɛ santen Nyankopɔn no, ɔno a ɔde mo baeɛ no,

na mohoo Yerusalem werɛ, ɔno a ɔyɛnee mo no.

9 Ɛfiri sɛ ɔhunuu abufuhyeɛ a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn baa mo so no,

na ɔkaa sɛ:

Montie, mo a motete bɛn Sion,

Onyankopɔn de awerɛhoɔ kɛseɛ aba me so;

10 ɛfiri sɛ mahu me mmabarima ne me mmammaa a wɔafa wɔn dommum,

deɛ mmerɛ santenni no ama aba wɔn soɔ no.

11 Mede anigyeɛ na ɛtetee wɔn,

nanso mede osu ne awerɛhoɔ apamo wɔn.

12 Mma obiara nni ahurisie wɔ me ho, kunani

ne deɛ ne nkurɔfoɔ bebree awuwuo;

ɛnam me mma bɔne so nti, wɔagya me amamfo,

ɛfiri sɛ wɔadane wɔn ho afiri Onyankopɔn mmara ho.

13 Wɔammu n’ahyɛdeɛ no;

na wɔanante wɔ Onyankopɔn mmara kwan no so,

anaasɛ wɔantiatia anammɔn a ne tenenee kyerɛɛ wɔn no so.

14 Ma wɔn a wɔtete bɛn Sion no mmra ɛ;

kae me mmabarima ne me mmammaa nnommum no,

deɛ mmerɛ santenni no maa ɛbaa wɔn soɔ no.

15 Ɛfiri sɛ ɔde akyirikyiri man baa wɔn so,

ɔman a wɔn tirim yɛ den a na wɔnte wɔn kasa,

wɔnni obuo mma mpanimfoɔ

na wɔnni tema mma mmɔfra.

16 Wɔfaa akunafoɔ mmabarima a ɔdɔ wɔn no kɔe,

na ɔmaa ɔbaa ankonam hweree ne mmammaa.

17 Nanso me deɛ, mɛyɛ dɛn aboa wo?

18 Ɛfiri sɛ deɛ ɔde saa atoyerɛnkyɛm yi baa wo so no,

ɔbɛgye wo afiri w’atamfoɔ nsam.

19 Monkɔ, me mma, monkɔ;

ɛfiri sɛ wɔagya me amamfo.

20 Mayi asomdwoeɛ atadeɛ no

na mede ayitoma afira wɔ me nkotosrɛ mu.

Mɛsu afrɛ mmerɛ santenni no, me nkwa nna nyinaa.

21 Monnya akokoɔduro, me mma, monsu mfrɛ Awurade,

na ɔbɛgye mo afiri mo atamfoɔ no tumi ne ne nsam.

22 Na mede m’ani ato mmerɛ santenni no so sɛ ɔnnye me,

na anigyeɛ firi Ɔkronkronni no nkyɛn aba me hɔ,

ɛsiane mmɔborɔhunu a ɛrenkyɛ a ɛbɛba wo so

a ɛfiri Mmerɛ santen agyenkwa no nkyɛn no nti.

23 Na mesomaa awerɛhoɔ ne osu,

nanso Onyankopɔn bɛsan de wo ama me, anigyeɛ ne ahosɛpɛ mu afebɔɔ.

24 Na sɛdeɛ wɔn a wɔtete bɛn Sion no ahunu wo kyerɛ no,

saa ara na ɛrenkyɛ koraa wɔbɛhunu wo nkwagyeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ,

a ɛbɛba wo so wɔ animuonyam kɛseɛ

ne mmerɛ santenni no ahoɔfɛ mu.

25 Me mma, momfa boasetɔ ntwɛn abufuhyeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ aba mo soɔ no.

Mo atamfoɔ no asan mo ho,

nanso ɛrenkyɛ koraa mobɛhu wɔn sɛeɛ

na moatiatia wɔn kɔn so.

26 Me mma a makorɔkorɔ wɔn no atwa akwan a ɛso yɛ basabasa;

wɔfaa wɔn kɔe sɛ mmoakuo a ɔtamfoɔ no afa de rekorɔ.

27 Nya akokoɔduro, me ba, na su frɛ Onyankopɔn,

na deɛ ɔmaa yei baa wo so no bɛkae wo.

28 Na sɛdeɛ wɔtɔnee mo maa mobɔɔ ko firii Onyankopɔn anim no,

momfa mmɔdemmɔ mmɔho du nsan mmɛhwehwɛ no.

29 Na deɛ ɔmaa saa atoyerɛnkyɛm yi baa mo soɔ no,

ɔde daa anigyeɛ bɛka mo nkwagyeɛ ho abrɛ mo.

Wɔhyɛ Yerusalem mmoa ho bɔ

30 Nya akokoɔduro, O Yerusalem,

ɛfiri sɛ deɛ ɔtoo wo din no bɛkyekyere wo werɛ.

31 Wɔn a wɔyɛɛ wo ayayadeɛ no bɛyɛ mmɔbɔ,

ne deɛ ɔdii ahurisie wɔ w’asehweɛ ho no.

32 Nkuro a wo mma kɔsomm hɔ sɛ nkoa no bɛyɛ mmɔbɔ;

kuro a ɛgyee wo ba no bɛyɛ mmɔbɔ.

33 Na sɛdeɛ ɔdii ahurisie wɔ w’asehweɛ ho

na n’ani gyee wo sɛeɛ ho no,

saa ara na ne werɛ bɛho wɔ n’ankasa n’amanfoyɛ ho.

34 Mɛyi n’ahohoahoa afiri ne nnipa dodoɔ no mu,

na ne dwɛɛ no bɛdane awerɛhoɔ.

35 Ɛfiri sɛ ogya bɛfiri mmerɛ santenni no nkyɛn nna bebree,

na nna pii mu no, ahonhommɔne bɛtena hɔ.

36 To w’ani hwɛ apueeɛ fam, O Yerusalem

na hwɛ anigyeɛ a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn reba wo so.

37 Hwɛ, wo mma reba, wɔn a wopamoo wɔn no;

wɔaboa wɔn ano firi apueeɛ ne atɔeɛ a wɔreba,

Ɔkronkronni no asɛm so,

wɔredi ahurisie wɔ Onyankopɔn animuonyam mu.

Baruk 5

1 O Yerusalem, yi w’awerɛhoɔ ne w’amanehunu atadeɛ gu,

na fa animuonyam fɛfɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ no hyɛ.

2 Fa tenenee atadeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hyɛ;

fa mmerɛ santenni animuonyam abotire hyɛ,

3 ɛfiri sɛ Onyankopɔn de w’ahoɔfɛ bɛkyerɛ wɔ wi yi ase baabiara.

4 Na Onyankopɔn bɛma wo din a ɛbɛtena hɔ daa,

“Tenenee Asomdwoeɛ Nyamesom mu Animuonyam.”

5 O Yerusalem, sɔre gyina sorɔnsorɔmmea hɔ;

hwɛ apueeɛ fam,

na hwɛ wo mma a wɔaboa wɔn ano afiri apueeɛ ne atɔeɛ a

ɛnam Ɔkronkronni no asɛm so a

wɔredi ahurisie sɛ Onyankopɔn akae wɔn.

6 Wɔnam wɔn anammɔn mu firii wo nkyɛn

a wɔn atamfoɔ di wɔn anim kɔeɛ;

nanso Onyankopɔn de wɔn bɛsan abrɛ wo bio,

wɔbɛsoa wɔn animuonyam mu sɛdeɛ ɔdehyeɛ te adwa so.

7 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ahyɛ sɛ wɔmmrɛ bepɔ biara a ɛkorɔn ne nkokoɔ a ɛwɔ hɔ daa no ase,

na wɔnhyɛ mmɔnhwa mma na ɛnyɛ asase traa,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Israel bɛnante dwoodwoo wɔ Onyankopɔn animuonyam no mu.

8 Kwaeɛ ne aduhwam dua biara

nam Onyankopɔn ahyɛdeɛ so ayɛ nwunu ama Israel.

9 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn de ahurisie bɛdi Israel anim,

wɔ n’animuonyam no mu,

ɔde mmɔborɔhunu ne tenenee a ɛfiri ne nkyɛn.

Baruk 6

1 Nhwɛsoɔ krataa a Yeremia twerɛ kɔmaa wɔn a Babel hene faa wɔn kɔtenaa Babel sɛ atukɔfoɔ, sɛ ɔde asɛm a Onyankopɔn ahyɛ no no rebɛma wɔn.

Ɔman no kɔ dommum mu a ɛbɛkyɛre

2 Ɛsiane bɔne a moayɛ wɔ Onyankopɔn anim no nti, Babelhene Nebukadnessar bɛfa mo akɔ Babel sɛ atukɔfoɔ.

3 Saa nti ɛberɛ a mobɛduru Babel no, mobɛtena hɔ mfeɛ bebree, a ɛyɛ mmerɛ tentene, kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nson so; na ɛno akyi, mede mo bɛfiri hɔ aba wɔ asomdwoeɛ mu.

4 Afei mobɛhunu abosom a wɔde sika ne dwetɛ ne dua ayɛ wɔ Babel, deɛ nnipa soa wɔ wɔn mmatiri so na wɔde bɔ amanaman mufoɔ hu no.

5 Saa nti monhwɛ yie na moanyɛ sɛ ahɔhoɔ no anaasɛ moremma abosom yi ho suro ahyɛ mo soɔ,

6 ɛberɛ a mobɛhu nnipa dɔm wɔ wɔn anim ne wɔn akyi resom wɔn no. Mmom monka no wɔ mo akomam sɛ, O Awurade, ɛyɛ wo na ɛsɛ sɛ yɛsom wo.

7 Ɛfiri sɛ Awurade bɔfoɔ ka mo ho, na ɔrehwɛ mo nkwa so.

Abosom nni tumi

8 Wɔn tɛkyerɛma yɛ deɛ duadwumfoɔ akokwa, na wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho; nso wɔyɛ nnaadaa na wɔntumi nkasa.

9 Nnipa fa sika de yɛ ahenkyɛ soa wɔn abosom no sɛdeɛ wɔbɛyɛ ama abaayewa a ɔdɔ agudeɛ.

10 Ɛtɔ da bi a, asɔfoɔ no nam esum ase fa sika ne dwetɛ no bi firi wɔn abosom no hɔ na wɔde atɔ biribi ama wɔn ho,

11 anaasɛ wɔde bi ma adwamammɔfoɔ a wɔwɔ abosomfie hɔ. Wɔde agudeɛ hyehyɛ wɔn abosom sɛ nnipa; saa abosom yi a wɔde sika ne dwetɛ ne dua ayɛ

12 a wɔntumi nnye wɔn ho mfiri nnaakyeɛ ne ɛweɛ mu. Na sɛ wɔde beredum ntadeɛ siesie wɔn ho wie a,

13 wɔpepa wɔn anim ɛsiane mfuturo a ɛwɔ abosomfie hɔ a adura wɔn ho no nti.

14 Wɔn mu baako kura ahempoma sɛ mansini mu otemmuafoɔ, nanso ɔntumi nsɛe obiara a ɔfom no no.

15 Ɔbaako no kura sɛpɔ wɔ ne nsa nifa mu, ne akuma, nanso wɔntumi nko nnye wɔn ho wɔ ɔko mu ne awifoɔ nsam.

16 Yei da adi pefee sɛ wɔnyɛ anyame; enti monnsuro wɔn.

17 Na sɛdeɛ obi sɛn bɔ a mfasoɔ biara nni so no,

18 sɛ wɔn abosom no teɛ ara ne no, ɛberɛ a wɔde wɔn bɛsisi abosomfie no. Wɔn a wɔba hɔ no nan ase mfuturo ayɛ wɔn ani so ma. Na sɛdeɛ wɔtoto apono akɛseɛ wɔ afa nyinaa mu ma obiara a ɔfom ɔhene, sɛ gyama wɔabua no kumfɔ no, saa ara na wɔn asɔfoɔ de apono ne nkrado ne nnadeban toto wɔn abosomfie mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ na awifoɔ mmɛwia wɔn.

19 Wɔsosɔ nkanea dodoɔ ma wɔn sene deɛ wɔsosɔ ma wɔn ho, a ɛnso wɔn abosom no nhunu emu biara.

20 Wɔte sɛ abosonnan mu mpuna ara, nanso wɔn mu deɛ, wɔka sɛ, abɔdeɛ a wɔwea wɔ asase so awe ne wɔn ntadeɛ. Wɔnhunu

21 wɔn anim wɔ berɛ a abosonnan mu hɔ wisie apunu wɔn anim tumm.

22 Mpan, nsomfena, ne nnomaa sisi wɔn so ne wɔn tiri so; na saa ara na nnyinammoa nso yɛ.

23 Yei ma wohu pefee sɛ wɔnyɛ anyame; saa nti monnsuro wɔn.

24 Ɛfa sika a wɔhyɛ sɛ wɔn ho bɛyɛ fɛ no ho deɛ, ɛnhyerɛn gye sɛ obi pepa nnaakye no; na mpo ɛberɛ a na wɔregu wɔn no, wɔante nka.

25 Wɔtɔ wɔn ɛboɔ a wɔnnwene ho, nanso ahome biara nni wɔn mu.

26 Wɔnni nan, enti wɔsoa wɔn wɔ afoforɔ kɔn ho, na ɛde ada wɔn hunu a wɔyɛ no adi akyerɛ nnipa. Na ɛhyɛ wɔn a wɔsom wɔn no aniwuo

27 ɛfiri sɛ, sɛ saa abosom yeinom bi hwe fam a, wɔn ankasa na ɛtwa sɛ wɔmma no so. Sɛ obi ma no so si hɔ a, ɛntumi nkeka ne ho; na sɛ ɔkyea kɔ fa a, ɛntumi ntene ne ho. Wɔde akyɛdeɛ gu wɔn anim sɛdeɛ wɔde gu awufoɔ anim ara.

28 Asɔfoɔ no kyɛ afɔdeɛ a wɔde brɛ abosom yi na wɔafa sika no de abɔ wɔn ho. Saa ara nso na wɔn yerenom de nkyene kora ɛnam no, na mmom wɔmfa bi mma ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ.

29 Mmaa a wɔabu wɔn nsa anaasɛ wɔawo foforɔ de wɔn nsa sɔ afɔdeɛ a wɔbɔ ma wɔn no mu. Na ɛsiane sɛ monam nnoɔma yeinom so ahunu sɛ wɔnyɛ anyame nti monnsuro wɔn.

30 Na ɛyɛ dɛn nti na wɔfrɛ wɔn anyame? Mmaa yɛ aduane ma anyame a wɔde sika ne dwetɛ ne dua ayɛ;

31 na asɔfoɔ no de wɔn ntadeɛ a ateteɛ tena ase wɔ wɔn abosomfie, a wɔayi wɔn ti ne wɔn bɔdwesɛ na wɔnkataa wɔn tiri soɔ.

32 Wɔkeka mu na wɔteatea mu wɔ wɔn anyame anim sɛdeɛ ebinom yɛ wɔ ayie apontoɔ ase no.

33 Asɔfoɔ no yi anyame yi ntadeɛ no bi de ma wɔn fira wɔn yerenom ne wɔn mma.

34 Sɛ obi yɛ wɔn bɔne anaasɛ papa a, wɔrentumi nyɛ bi nhyɛ wɔn ananmu. Wɔntumi nsi hene, ɛnna wɔntumi ntu ɔhene adeɛ so.

35 Na saa ara nso na wɔntumi mma ahonya anaasɛ sika; sɛ obi hyɛ wɔn bɔ bi na sɛ wɔanni so a, wɔmmisa ho hwee.

36 Wɔntumi nnye obi mfiri owuo mu anaasɛ wɔntumi nnye obi a ne ho nnyɛ den mfiri deɛ ne ho yɛ den nsam.

37 Wɔrentumi mma onifirani nhunu adeɛ; na wɔntumi nnye obi mfiri amanehunu mu.

38 Wɔntumi nnya ayamhyehyeɛ mma okunani anaasɛ wɔbɛyɛ papa ama agyanka.

39 Saa nnoɔma yi a wɔde dua ayɛ na wɔde sika ne dwetɛ adura ho no te sɛ aboɔ a ɛfiri bepɔ mu, na wɔn a wɔsom wɔn no ani bɛwu.

40 Afei ɛdeɛn nti na obi dwene sɛ wɔyɛ anyame, anaasɛ wɔfrɛ wɔn anyame?

Abosonsom mu nkwaseasɛm

Sɛ wɔde yei to nkyɛn a, Kaldeafoɔ no mpo mmu wɔn; ɛfiri sɛ wɔhu obi a ɔyɛ mum a, wɔde Bel ba na wɔabɔ mpaeɛ sɛ emumu no nkasa, sɛdeɛ gyama Bel no ankasa tumi te aseɛ!

41 Nanso wɔn ankasa nhunu yei na wɔnnyae wɔn akyiri die, ɛfiri sɛ wɔnni adwene biara.

42 Na mmaa no de ahoma akyekyere wɔn ho tena kwan ho na wɔhye ntɛtɛ sɛ aduhwam.

43 Na sɛ nnipa a wɔretwam no bi fa wɔn mu baako ne no kɔda a, ɔdi ɔbaa a ɔwɔ ne nkyɛn no ho fɛw, ɛfiri sɛ ne ho nyɛ fɛ sɛ ɔno, na ɛno nti na wɔanyi no.

44 Deɛ wɔyɛ ma saa abosom yi yɛ atorɔ. Adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ obi dwene sɛ wɔyɛ anyame, anaasɛ wɔfrɛ wɔn sɛ anyame?

45 Duadwumfoɔ ne sikadwumfoɔ na wɔyɛ wɔn; worentumi nnyɛ adeɛ foforɔ bi, gye sɛ deɛ odwumfoɔ no pɛ sɛ wɔyɛ wɔn no ara.

46 Nnipa a wɔyɛ wɔn no rentena ase nkyɛ biara;

47 na ɛbɛyɛ dɛn na nnoɔma a wɔayɛ no atumi ayɛ anyame? Wɔgya atorɔ ne ahohora ama wɔn a wɔdi wɔn akyi no.

48 Na sɛ ɔko anaasɛ atoyerɛnkyɛm ba wɔn so a, asɔfoɔ no hyiam toatoa adwene hwehwɛ baabi a wɔbɛtumi de wɔn anyame no ne wɔn ho akɔhunta.

49 Ɛyɛ dɛn na obi ntumi nhunu sɛ yeinom nyɛ anyame, ɛfiri sɛ wɔntumi nnye wɔn ho mfiri ɔko anaasɛ atoyerɛnkyɛm mu?

50 Ɛsiane sɛ wɔde dua na ayɛ wɔn na wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho no, akyire yi nnipa bɛhu sɛ wɔyɛ atorɔ.

51 Ɛbɛda adi pefee ama aman nyinaa ne ahemfo ahunu sɛ wɔnyɛ anyame, na mmom nnipa nsa ano adwuma, na Onyankopɔn nsa ano adwuma biara nni wɔn mu.

52 Hwan na ɔrentumi nhunu sɛ wɔnyɛ anyame?

53 Ɛfiri sɛ wɔntumi nsi ɔhene wɔ ɔman bi mu ɛnna nso wɔntumi mma nsuo ntɔ mma nnipa.

54 Wɔntumi nni wɔn ankasa wɔn asɛm anaasɛ wɔgye obi a wɔafom no, ɛfiri sɛ wɔnni tumi biara;

55 wɔte sɛ anene a wɔnenam wiem ne asase so. Sɛ ogya tɔ nnua anyame a wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho dan mu a, wɔn asɔfoɔ dwane gye wɔn ti, na mmom anyame no bɛhye sɛ mpuna.

56 Wɔde yei to nkyɛn a, wɔntumi ne ɔhene anaasɛ ɔtamfoɔ mfa nni asie. Ɛdeɛn nti na ɛsɛ sɛ obi gye to mu sɛ wɔyɛ anyame?

57 Abosom a wɔde nnua ayɛ na wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho no, wɔntumi nnye wɔn ankasa wɔn ho mfiri awifoɔ anaasɛ akorɔmfoɔ nsam.

58 Obiara a ɔbɛtumi no bɛgye wɔn sika ne dwetɛ ne ntadeɛ a wɔhyɛ no, na ɔde akɔ sɛ fom adeɛ, na wɔrentumi mmoa wɔn ho.

59 Enti fanyinam sɛ wobɛyɛ ɔhene a ɔtumi kyerɛ akokoɔduro, anaasɛ efie nkyɛnsee a ɛyɛ ne wura apɛdeɛ, sene sɛ wobɛyɛ nnaadaa anyame yeinom bi; efie pono a ɛbɔ emu nnoɔma ho ban no yɛ sene nnaadaa anyame yeinom; dua fadum a ɛsi ahemfie nso yɛ sene nnaadaa anyame yeinom.

60 Na owia, ɔsrane ne nsoromma hran, na sɛ wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnni dwuma bi a, wɔyɛ setie.

61 Saa ara na anyinam nso teɛ, sɛ ɛte gya a, wɔhu kɔ akyiri; na saa ara na mframa bɔ wɔ asase biara so.

62 Sɛ Onyankopɔn hyɛ mununkum sɛ ɔnkyini wiase nyinaa a, ɔdi saa ahyɛdeɛ yi so.

63 Na ogya a wɔsoma firi ɔsoro sɛ ɛmmɛhye mmepɔ ne nnua no yɛ deɛ wɔahyɛ no no. Nanso wɔntumi mfa saa abosom yi ntoto yeinom ho wɔ ahoyie ne tumi mu.

64 Ɛno nti, mma obi nnwene sɛ wɔyɛ anyame, anaasɛ ɔfrɛ wɔn anyame, ɛfiri sɛ, wɔntumi nni asɛm anaasɛ wɔbɛtumi ayɛ obi papa.

65 Ɛsiane sɛ wonim sɛ wɔnyɛ anyame nti, nsuro wɔn.

66 Wɔntumi nnome ahemfo na wɔntumi nhyira wɔn;

67 Wɔntumi nkyerɛ ewiem nsɛnkyerɛnneɛ mma aman, ɛnna nso wɔntumi nhyerɛn te sɛ owia anaasɛ wɔbɛma hann sɛ ɔsrane.

68 Wiram mmoadoma yɛ sene wɔn, ɛfiri sɛ wɔtumi dwane kɔhunta de boa wɔn ho.

69 Saa nti yɛnni adanseɛ biara sɛ wɔnyɛ anyame; ɛno nti yɛnsuro wɔn.

70 Wɔte sɛ kaakaamotobi bi a ɔsi ɛmofuo mu a ɛmmɔ biribiara ho ban. Saa ara na anyame a wɔde dua ayɛ na wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho no teɛ.

71 Saa ɔkwan no ara so no dua anyame a wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho no te sɛ nkasɛɛnkasɛɛ a ɛwɔ turo bi mu a anomaa biara tumi si soɔ; anaasɛ ɛte sɛ efunu a wɔato atwene esum mu.

72 Beredum ne nwera a ɛporɔ a ɛgu wɔn soɔ no bɛma moahunu sɛ wɔnyɛ anyame; na akyire yi, wɔn ankasa bɛhye, na wɔayɛ ahohoradeɛ wɔ asase no so.

73 Saa nti, onipa a ɔtene na ɔnni abosom no yɛ; saa onipa no, ahohora remmɛn no koraa.