Nnwom 144

AWURADE ne Israel botan

Dawid deɛ.

1 Nhyira ne AWURADE, me botan

a ɔkyerɛkyerɛ me nsa ɔsa

ne me nsateaa akodie.

2 M’adɔeɛ ne m’abankɛseɛ,

m’abantenten ne me gyefoɔ,

me kyɛm ne deɛ medwane mekɔtoa no

a ɔbrɛ me man ase hyɛ m’aseɛ.

3 AWURADE, onipa ne hwan a wohu no,

ɔdasani ba ne hwan a wodwene ne ho?

4 Onipa te sɛ ahuhuo,

ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam.

5 AWURADE, kuntunu wo soro, na si fam,

keka mmepɔ, na ɛmfiri wisie.

6 Pa anyinam, na pansam wɔn,

toto wo mmɛmma, na sɛe wɔn.

7 Tene wo nsa firi soro nohoa,

hwam me, na yi me firi nsuo akɛseɛ mu,

firi ananafoɔ mma nsam.

8 Wɔn na wɔn ano ka nsɛnhuhuo,

na wɔn nifa yɛ atorɔ nifa.

9 Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ mama wo,

mede sankuo a ɛso han du bɛto dwom mama wo,

10 sɛ wo na wode nkwagyeɛ ma ahemfo,

na wogyee w’akoa Dawid firii afena a ɛnyɛ ano.

11 Gye me na yi me

firi ananafoɔ mma

a wɔn ano ka nsɛnhunu nsam.

Wɔn na wɔn nifa yɛ atorɔ nifa.

12 Na yɛn mmabanin ayɛ sɛ tɛ nnua

a anyini yie, wɔn mmeranteberɛ mu,

na yɛn mmammaa ayɛ sɛ twea so adum

a wɔasene no sɛ ahemfie deɛ.

13 Na yɛn asan ayɛ ma

a wɔyi mu nnoɔma ahodoɔ nyinaa,

na yɛn nnwan awo mpempem

ayɛ mpem du du yɛn nsase so.

14 Na yɛn anantwie ho atua wɔn ho

a ɔsɛeɛ ne ɔyera mma wɔn mu,

na abooboo amma yɛn mmɔntene so.

15 Nhyira ne ɔman a wɔte sɛɛ,

nhyira ne ɔman a AWURADE ne wɔn Nyankopɔn.

Nnwom 145

Onyankopɔn kɛseyɛ ne n’adɔeɛ

Dawid ayeyie dwom.

1 Mɛma wo so, me Nyankopɔn, ɔhene,

na mɛhyira wo din daa daa.

2 Mɛhyira wo daa nyinaa,

na mɛyi wo din ayɛ daa daa.

3 AWURADE so, na ɔsɛ ayeyie kɛse,

ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛeɛ.

4 Awoɔ ntoatoasoɔ kamfo wo nnwuma kyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ,

na wɔka wo mmaninneɛ.

5 Mɛdwene w’animuonyam a ɛhran no kɛseyɛ

ne w’anwanwasɛm no ho.

6 Na wɔka wo nneyɛɛ a ɛyɛ hu no tumi ho asɛm,

na mɛka w’ade kɛseɛ makyerɛ.

7 Wɔworo wo papayɛ bebrebe no nkaeɛ,

na wɔto wo tenenee ho ahurisie dwom.

8 AWURADE yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,

ne bo kyɛre fu na n’adɔeɛ so.

9 AWURADE yɛ ma nnipa nyinaa,

na ne mmɔborɔhunu wɔ ne nnwuma nyinaa so.

10 AWURADE, wo nnwuma nyinaa da wo ase,

na w’ahotefoɔ hyira wo.

11 Wɔka w’ahennie animuonyam,

na wɔbɔ wo mmaninyɛ din,

12 sɛ wɔbɛma nnipa mma ahunu ne mmaninneɛ

ne n’ahennie animuonyam a ɛhran no.

13 W’ahennie yɛ daa ahennie,

na wo tumidie fa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

14 AWURADE wowa wɔn a wɔhwe aseɛ nyinaa,

na ɔma wɔn a wɔakotoɔ nyinaa so gyina.

15 Ani nyinaa hwɛ wo kwan,

na woma wɔn wɔn aduane ne berɛ mu.

16 Wobue wo nsam,

na woma ateasefoɔ nyinaa nya deɛ wɔpɛ di mee.

17 AWURADE tene, n’akwan nyinaa mu,

na ɔyɛ adɔeɛ ne nnwuma nyinaa mu.

18 AWURADE bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,

wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa.

19 Ɔyɛ deɛ wɔn a wɔsuro no no pɛ ma wɔn,

na ɔtie wɔn sufrɛ, na ɔgye wɔn.

20 AWURADE hwɛ n’adɔfo nyinaa so,

na abɔnefoɔ nyinaa deɛ, ɔbɛsɛe wɔn.

21 M’ano bɛka AWURADE ayeyie,

na ma honam nyinaa nhyira ne din kronkron daa daa.

Nnwom 146

Nyankopɔn daa nokorɛdie

1 Monyi AWURADE ayɛ!

Me kra, yi AWURADE ayɛ.

2 Mete ase yi, mɛyi AWURADE ayɛ,

mewɔ hɔ yi, mɛto dwom mama me Nyankopɔn.

3 Mommfa mo ho nnto ahemfo

anaa onipa ba a nkwagyeɛ biara nni ne mu so.

4 Ne honhom firi kɔ, ɔsane kɔ ne dɔteɛ mu,

da no ara ne tirim a ɔbɔeɛ yera.

5 Nhyira ne deɛ Yakob Nyankopɔn ne ne boafoɔ,

deɛ n’ani da AWURADE, ne Nyankopɔn, soɔ.

6 Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase,

ɛpo ne deɛ ɛwom nyinaa,

ɔno na ɔkora nokorɛ daa.

7 Ɔbu atɛn ma wɔn a wɔdi wɔn amim,

ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane.

AWURADE tu nneduafoɔ.

8 AWURADE bue anifirafoɔ ani,

AWURADE ma wɔn a wɔakotoɔ so gyina,

AWURADE dɔ ateneneefoɔ,

9 AWURADE kora ahɔhoɔ,

ɔgyina nwisiaa ne akunafoɔ akyi,

na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɔdane ani.

10 AWURADE di hene daa,

Sion, wo Nyankopɔn di hene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Monyi AWURADE ayɛ!

Nnwom 147

Nyankopɔn tumi, adɔeɛ ne nyansa

1 Monyi AWURADE ayɛ,

na ɛyɛ sɛ wɔto dwom ma yɛn Nyankopɔn,

na ɛyɛ dɛ, ayeyie fata.

2 AWURADE na ɔkyekyere Yerusalem,

ɔpɔn Israelfoɔ a wɔapete wɔn.

3 Ɔsa wɔn a wɔn akoma abubuo yadeɛ,

na ɔkyekyere wɔn akuro.

4 Ɔkyerɛ nsoromma dodoɔ ano,

ɔtoto wɔn nyinaa din.

5 Yɛn AWURADE so, na ne tumi dɔɔso,

ne nhunumu nni anobuo.

6 AWURADE ma ahobrɛasefoɔ gyina,

ɔto abɔnefoɔ hwe fam.

7 Monto aseda dwom mma AWURADE,

momfa sankuo nto dwom mma yɛn Nyankopɔn.

8 Ɔno na ɔde mununkum kata ɔsoro,

ɔsiesie osuo ma asase,

ɔma wira fifiri mmepɔ so.

9 Ɔde aduane ma mmoadoma

ne anene mma a wɔsu.

10 Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na ɛyɛ no fɛ,

ɛnyɛ ɔdasani akokoɔduro na ɛsɔ n’ani.

11 AWURADE ani sɔ wɔn a wɔsuro no,

wɔn a wɔn ani da n’adɔeɛ soɔ.

12 Yerusalem, kamfo AWURADE,

Sion, yi wo Nyankopɔn ayɛ!

13 Na wahyɛ w’aponkɛseɛ adaban den,

wahyira wo mma a wɔwɔ wo mu.

14 Ɔma w’ahyeɛ so dwo,

ɔde ayuo pa ma wodi mee.

15 Ɔma ne kaseɛ ba asase so,

n’asɛm tu mmirika ntɛmntɛm.

16 Ɔma sukyerɛmma tɔ sɛ asaawa fukuiɛ,

ɔpete obosuo nkyenkyeneeɛ sɛ nso.

17 Ɔto n’asukɔtweaa gu sɛ mporoporowa;

hwan na ɔbɛtumi n’awɔ?

18 Ɔma n’asɛm nane no,

ɔma ne mframa bɔ ma nsuo sene.

19 Ɔyi n’asɛm kyerɛ Yakob,

ɔde n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ kyerɛ Israel.

20 Ɔnyɛɛ ɔman biara saa da,

na n’atemmudeɛ no, wɔnnim.

Monyi AWURADE ayɛ!

Nnwom 148

Nyankopɔn nkamfoɔ

1 Monyi AWURADE ayɛ!

Monyi AWURADE ayɛ mfiri soro,

monyi no ayɛ sorosoro.

2 N’abɔfoɔ nyinaa, monyi no ayɛ,

n’asafo nyinaa, monyi no ayɛ.

3 Owia ne ɔsrane, monyi no ayɛ,

nsoromma a ɛhran nyinaa, monyi no ayɛ.

4 Mo soro mu soro, monyi no ayɛ,

ɛne mo asuasu a ɛwɔ ɔsoro soɔ.

5 Ma wɔnyi AWURADE din ayɛ,

na ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn;

6 na ɔde wɔn tintim hɔ daa daa,

wahyɛ ahyɛdeɛ a obi ntra.

7 Monyi AWURADE ayɛ mfiri asase so,

nsuboa ahodoɔ ne abunu nyinaa;

8 ogya ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne huruhuro,

ahum a ɛyɛ deɛ n’asɛm seɛ:

9 Mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa,

nnua a ɛsoɔ ne ntweneduro nyinaa,

10 wiram mmoa ne afieboa nyinaa,

mmoa a wɔwea ne ntakraboa.

11 Asase so ahemfo ne aman nyinaa,

atitire ne asase so atemmufoɔ nyinaa,

12 mmeranteɛ ne mmabaa nso,

mpanin ne mmɔfra:

13 Wɔnyi AWURADE din ayɛ,

sɛ ne din nko na ɛso;

n’animuonyam tra asase ne ɔsoro so.

14 Na wama abɛn so ama ne man,

ama n’ahotefoɔ nyinaa ayeyie,

ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no.

Monyi AWURADE ayɛ!

Nnwom 149

Sion, yi AWURADE ayɛ!

1 Monyi AWURADE ayɛ!

Monto dwom foforɔ mma AWURADE,

monka n’ayeyie ahotefoɔ asafo mu.

2 Ma Israel ani nnye ne yɛfoɔ ho,

ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurisie.

3 Ma wɔmfa asa nyi ne din ayɛ,

ma wɔmfa mpintin ne asankuo nto dwom mma no.

4 Na AWURADE ani sɔ ne man,

ɔde nkwagyeɛ hyehyɛ ahobrɛasefoɔ.

5 Ahotefoɔ hyehyɛ wɔn ho animuonyam mu,

wɔto ahosan dwom, wɔn nnaeɛ so.

6 Nyankopɔn ayeyie a ɛso wɔ wɔn anomu,

na nkrantɛ anofanu hyɛ wɔn nsam,

7 sɛ wɔbɛtɔ amanaman mu were,

na wɔatwe aman aso;

8 sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn bɛkyekyere wɔn ahemfo,

na wɔde dadeɛ mpokyerɛ agu wɔn atitire;

9 sɛ wɔde atɛn a wɔatwerɛ no bɛbu wɔn;

ɛne n’ahotefoɔ nyinaa animuonyam.

Monyi AWURADE ayɛ!

Nnwom 150

Deɛ ɛhome nyinaa nyi AWURADE ayɛ!

1 Monyi AWURADE ayɛ!

Monyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kronkronbea,

monyi no ayɛ ne tumi wie no mu.

2 Monyi no ayɛ ne mmaninyɛ mu,

monyi no ayɛ sɛ ne kɛseyɛ sononko no teɛ.

3 Monyi no ayɛ ntotorobɛnto nne so,

monyi no ayɛ bɛnta ne sankuten so.

4 Monyi no ayɛ mpintin ne asa so,

monyi no ayɛ asankuhan ne atɛntɛbɛn so.

5 Monyi no ayɛ nsambɔ nnawuro a ne nne so so,

monyi no ayɛ nnawuta a ɛgyegye denden so.

6 Momma deɛ ɛhome nyinaa nyi AWURADE ayɛ.

Monyi AWURADE ayɛ!

Hiob 1

Hiob sɔhwɛ

1 Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na ɔbarima no di mu na ɔtene, na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.

2 Na ɔwoo mmammarima baason ne mmammaa baasa.

3 Na ɔwɔ nnwan mpem nson ne yoma mpensa ne anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ ahanum ne asomfoɔ bebree pa; na ɔbarima yi so sene apueeɛ mma no nyinaa.

4 Na ne mmammarima no kɔto pono wɔ ɔbaako biara fie, obiara ne ne da, na wɔsoma maa wɔkɔfrɛfrɛɛ wɔn nua mmaanom baasa no baa sɛ wɔne wɔn mmɛdidi na wɔnnom.

5 Na apontoɔ nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kɔdwira wɔn, na ɔtua nhema kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔn nyinaa dodoɔ teɛ, ɛfiri sɛ Hiob kaa sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn akoma mu. Saa na na Hiob yɛ daa.

Hiob tenenee

6 Na ɛbaa sɛ da bi Ɔsoro dɔm no ba bɛgyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae.

7 Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wofiri baeɛ yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mefiri asase so kyini ne ɛso ananteananteɛ na mereba.

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no soɔ, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.

9 Na Satan buaa AWURADE sɛ: Ɛnyɛ biribi nti na Hiob suro Onyankopɔn no anaa?

10 Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase akyene asase so.

11 Ɛnneɛ afei tene wo nsa ka deɛ ɔwɔ nyinaa hwɛ ɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, deɛ ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, ɔno ara deɛ, mfa wo nsa nka no. Ɛnna Satan firii AWURADE anim kɔeɛ.

Hiob hwere n’agyapadeɛ ne ne mma

13 Na da bi, na Hiob mmammarima ne ne mmammaa redidi na wɔrenom nsa wɔ wɔn nua panin fie.

14 Na ɔbɔfoɔ bi baa Hiob nkyɛn bɛkaa sɛ: Berɛ a anantwie no refɛntɛm na mfunumu bereɛ no nso redidi wɔn nkyɛn mu,

15 ɛnna Sabafoɔ bɛto hyɛɛ wɔn so na wɔafa wɔn kɔ, na mmeranteɛ no, wɔde nkrantɛ ano akuku wɔn, na me nko ara na mafiri mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.

16 Ɔno da so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: Nyankopɔn gya firi soro atɔ abɛhye nnwan ne mmeranteɛ no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafiri mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.

17 Ɔno da so rekasa no, obi ba bɛkaa sɛ: Kaldeafoɔ abɔ kyenku mmiɛnsa abɛto ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na mmeranteɛ no, wɔakuku wɔn nkrantɛ ano, na me nko ara na mafiri mu sɛ merebɛka makyerɛ wo.

18 Ɔno nso da so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: Wo mmammarima ne wo mmammaa redidi na wɔrenom nsa wɔ wɔn nua panin fie no,

19 hwɛ, mframa kɛseɛ firi ɛserɛ so aba abɛbɔ ɛdan no ntwea nnan no, na adwiri agu wɔn so ama wɔawuwu, na me nko ara na mafiri mu sɛ merebɛka makyerɛ wo.

20 Ɛnna Hiob sɔre sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔyii ne ti, na ɔhwee fam sɔree Onyankopɔn,

21 na ɔkaa sɛ: Adagya na mede mefiri me na yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. AWURADE de mae, na AWURADE afa, nhyira nka AWURADE din.

22 Yei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn soboɔ.

Hiob 2

Satan sane sɔ Hiob hwɛ

1 Na da bi nso Ɔsoro dɔm sane baa sɛ wɔrebɛgyina AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu baa sɛ ɔrebɛgyina AWURADE anim bi.

2 Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wofiri baeɛ yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mefiri asase so kyini ne ɛso anantenanteɛ na mereba.

3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudie no mu ara, na wo Satan woahwanyan me atia no sɛ mensɛe no kwa.

4 Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde wedeɛ pere wedeɛ, na deɛ onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.

5 Na afei tene wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, ɔni, ɔwɔ wo nsam, ne nkwa nko na kora.

7 Ɛnna Satan firii AWURADE anim kɔeɛ, na ɔde akuro bɔne kɔtutuu Hiob firi ne nan ase kɔsii ne mpampam.

8 Na, ɔfaa kyɛmferɛ bi sɛ ɔde redwi ne ho na ɔtenaa nso mu.

9 Na ne yere bisaa no sɛ: Woda so kura wo mudie no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!

10 Na ɔbuaa no sɛ: Sɛdeɛ mmaa agyegyentwie no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Nyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa? Yei nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.

Hiob nnamfonom bɛsra no

11 Na Hiob nnamfo baasa tee amanehunu a aba ne soɔ yi nyinaa no, wɔn mu biara firi deɛ ɔwɔ bae, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar, na wɔbɛhyiaa sɛ wɔrebɛgyam no na wɔakyekyere ne werɛ.

12 Na wɔfiri akyirikyiri memaa wɔn ani so, na wɔhunuu no no, wɔanhu no. Na wɔmemaa wɔn nne so sui, na wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔtoo mfuturo kɔɔ soro guu wɔn atifi.

13 Na wɔne no tenatenaa fam nnanson adekyeeɛ ne adesaeɛ, na obiara ne no ankasa, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ n’amanehunu no so pa ara.

Hiob 3

Hiob abooboodie

1 Yei akyiri no, Hiob buee n’ano na ɔdomee n’awoda.

2 Na Hiob kaa sɛ:

3 Ma ɛda a wɔwoo me mu no nyera,

ne anadwo a ɛse:

Wɔanyinsɛn ɔbabanin no.

4 Ɛda no nnuru sum,

mma Onyankopɔn mmfiri soro mmmisa akyire kwan,

na hann biara nnhyerɛn so.

5 Esum ne sunsum nnye no,

mununkum ntena so,

deɛ ɛma adekyeeɛ duru sum nyi no hu.

6 Anadwo no, esum kabii nkuta no,

wɔmmma no nnnya anigyeɛ biara afe nna no mu,

wɔmmma no mmma abosome dodoɔ no mu.

7 Hwɛ, anadwo no nyɛ kwawee,

ahurisie dwom biara mma mu.

8 Ma wɔn a wɔdome da no mmɔ no dua,

wɔn a wɔtumi hwanyan dɛnkyɛmmirampɔn mpo no.

9 N’ahemadakye nsoromma bɛduru sum,

ɛbɛtwɛn hann, na ebi remma,

na ɛrenhunu adekyeeɛ anisuatɛtɛ.

10 Ɛfiri sɛ anto m’awoɔ apono mu,

na anyi ɔhaw anhunta m’ani.

11 Adɛn nti na manwu yafunu mu,

na mannyaa mu, awoeɛ?

12 Adɛn nti na anankoroma sɔɔ me,

na adɛn nti na metoo nufoɔ menumiiɛ?

13 Anka sɛsɛɛ meda hɔ mayɛ komm,

anka mada, ɛno deɛ anka manya ahomegyeɛ,

14 me ne ahemfo ne asase so afotufoɔ

a wɔkyekyeree amamfo faeɛ no,

15 anaasɛ me ne mmapɔmma a wɔwɔ sika,

wɔn a wɔde dwetɛ hyehyɛɛ wɔn afie amaama no.

16 Anaasɛ menni hɔ sɛ ɛpɔn ba a wɔakora no,

anaa nkɔkoaa a wɔanhunu hann da.

17 Ɛhɔ na abɔnefoɔ nha obiara bio,

na abrɛfoɔ gye wɔn ahome.

18 Ɛhɔ ara na nneduafoɔ te dwoodwoo,

wɔnte apiafoɔ nne.

19 Ɛhɔ na onipa ketewa ne onipa kɛseɛ wɔ,

na akoa afiri ne wura nsa.

20 Adɛn nti na ɔma mmɔborɔni hann,

na ɔde nkwa ma wɔn a wɔn kra werɛ ahoɔ,

21 wɔn a wɔtwɛn owuo, na ɛmma,

na wɔbɔre hwehwɛ no sene akoradeɛ,

22 wɔn a wɔn ani gye mmorosoɔ,

na wɔn ho sɛpɛ wɔn sɛ anka wɔbɛnya damena,

23 ne ɔbarima a wɔde ne kwan ahunta,

na Onyankopɔn de ban atwa ne ho ahyia?

24 Na m’apinisie abɛsi m’aduane ananmu,

na me su gu sɛ nsuo.

25 Na deɛ mesuro no, ɛno ara na ɛto me,

na deɛ m’akoma tutu ho no, ɛba me so.

26 Mennya ahodwoɔ ne kommyɛ ne ɔhome,

na ahodwan ara na ɛba.