Mmebusɛm 30

Agur paemuka

1 Yake ba Agur nsɛm — Anisoadehunu.

Ɔbarima no ka kyerɛ Itiel,

Itiel ne Ukal sɛ:

2 Na meyɛ aboa a menyɛ onipa,

na nhunumu a onipa wɔ no, menni bi.

3 Na mensuaa nyansa,

na menni ɔkronkronni no ho nimdeɛ.

4 Hwan na waforo akɔ soro na wasiane?

Hwan na ɔkura mframa wɔ ne nsam?

Hwan na ɔbɔ nsuo boaa, ntoma mu?

Hwan na ɔde asase ano nyinaa sisi hɔ?

Sɛ wonim a, ne din de sɛn?

Na ne ba din de sɛn?

5 Nyankopɔn asɛm nyinaa ho te,

ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ.

6 Mfa biribi nka ne nsɛm ho,

na wanka w’anim, na wɔanhu wo sɛ ɔtorofoɔ.

7 Nnoɔma mmienu na mesrɛ no wo hɔ,

nkame me ansa na mawu:

8 Yi adehuhuo ne atorosɛm firi me ho kɔ akyirikyiri,

mma me ohia anaa ahonyadeɛ,

ma mennya m’aduane a ɛhia me no menni,

9 na mammee mampa wo manka sɛ:

Hwan ne AWURADE?

Nanso manni hia manwia adeɛ

mamfom me Nyankopɔn din.

10 Nni akoa ho nsekuro nkyerɛ ne wura,

na wammɔ wo dua na woanni fɔ.

11 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya,

na wɔnhyira wɔn na.

12 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho teɛ wɔ wɔn ara wɔn ani soɔ,

nanso wɔnnwaree wɔn mfirii wɔn fi mu.

13 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ntɔn sɛ biribi,

na wɔamema wɔn anisuatɛtɛ soɔ!

14 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ nkrantɛ,

na wɔn dodomse yɛ nsekammoa,

a wɔde mmɔborɔfoɔ firi asase soɔ

ne ahiafoɔ firi nnipa mu.

15 Amemem wɔ mmammaa baanu a wɔteam sɛ: Fa ma! Fa ma!

Nnoɔma mmiɛnsa na ɛmmee da,

aane, nnoɔma nnan

na ɛnka sɛ: Ɛdɔɔso:

16 Asamando ne ɔyafunu bonin,

asase a nsuo mmee no ne ogya a ɛnka sɛ: Ɛdɔɔso.

17 Ani a ɛyi n’agya ahi, na ɛbu ɛna tie animtia no,

asubɔnten ho anene bɛtutu, na akɔreɛ mma bɛdi.

18 Nnoɔma mmiɛnsa na ɛyɛ me nwanwa dodoɔ,

aane, na nnan deɛ, menhunu:

19 Ɔkɔdeɛ kwan, ewiem,

ɔwɔ kwan, ɔbotan so,

ɛhyɛn kwan, ɛpo mu,

ne ɔbarima kwan, ababaa ho.

20 Sɛ ɔbaa awaresɛeni kwan teɛ nie:

Ɔdidi pepa n’ano, na ɔse:

Memmɔɔ mmusuo biara.

21 Nnoɔma mmiɛnsa ase na asase wosoɔ,

aane, na nnan na ɛntumi nsoa:

22 Akoa a wabɛdi hene

ne ogyegyentwie a wadidi ameeɛ,

23 ɔbaa a obi mpɛ no na wanya kunu,

ne abaawa a wadi n’awuraa adeɛ.

24 Nnoɔma nnan na ɛsusua asase soɔ,

nanso wɔyɛ anyansafoɔ, wɔakyerɛ wɔn nyansa:

25 Ntɛtea, ɔman a wɔnni ahoɔden biara,

nanso wɔsiesie wɔn aduane ahuhuberɛ.

26 Nkukuban, ɔman a wɔn ho nyɛ den,

nanso wɔyɛ wɔn adan abotan mu.

27 Ntutummɛ nni hene,

nanso wɔn nyinaa firi nam akuakuo.

28 Wobɛtumi de wo nsa akyere ɔkoterɛ,

nso ahemfo aban mu na ɔteɛ.

29 Nnoɔma mmiɛnsa yi nanteɛ mu yɛ,

aane, na nnan kɔbea yɛ fɛ:

30 Gyata, mmoa mu brane

a ɔnsane mfiri obiara anim;

31 akodie pɔnkɔ a n’asene amia,

ne ɔpapo, ne ɔhene a obi nsɔre ntia no.

32 Sɛ woayɛ nkwaseadeɛ ama wo ho so,

na sɛ woabɔ pɔ a,

fa wo nsa to w’ano.

33 Na womia nufusudaeɛ a, woyi nufosuo ani sradeɛ,

na wokyim ɛhwene a, woyi mogya,

saa nso na womia abufuo a, woyi ntɔkwa.

Mmebusɛm 31

Ɔkasakyerɛ yɛ ma ɔhene

1 Masahene Lemuel nsɛm, ɔkasakyerɛ a ne na de tenetene no.

2 Adɛn, me ba, na adɛn, me yafumma?

Na adɛn, me bɔhyɛ ba?

3 Mfa w’ahoɔden mma mmaa,

na mfa w’akwan nyɛ deɛ ɛsɛe ahemfo.

4 Ɛnsɛ ahemfo, Lemuel, ɛnsɛ ahemfo, sɛ wɔbɛnom nsa,

anaa atitire, sɛ wɔbɛdi nsaden akyire,

5 na wɔannom na wɔn werɛ amfiri mmara a wɔahyɛ,

na wɔannane amanehunufoɔ nyinaa nsɛm ani.

6 Fa nsaden ma deɛ ɔresɛeɛ,

ne bobesa ma awerɛhofoɔ.

7 Ma no nnom na ne werɛ mfiri ne hia,

na wankae n’amaneɛ bio.

8 Bue w’ano ma emum,

ma mma a wɔagya wɔn nyinaa asɛm.

9 Bue w’ano, bu atɛntenenee,

na di mmɔborɔni ne ohiani asɛm.

Ɔyere pa ayeyie

10 Ɔyepa, hwan na ɔbɛnya?

Nso ne boɔ sene nhwene pa koraa.

11 Ne kunu akoma da ne so,

na siadeɛ adeɛ nhia no.

12 Ɔyɛ no yie, na ɔnyɛ no bɔne biara,

ne nkwa nna nyinaa.

13 Ɔdwene kuntu ne asaawa ho,

na ɔde ne nsa yɛ adwuma fɛ so.

14 Ɔte sɛ odwadini ahyɛn,

ɔde n’aduane firi akyirikyiri ba.

15 Adeɛ nnya nkyee a, na wɔasɔre,

na wama ne fiefoɔ aduane,

na wama ne mmaawa nnwuma.

16 Ɔdwene afuo ho na ɔtɔ,

ɔde ne nsa ano aba yɛ bobeturo.

17 Ɔde ahoɔden bɔ n’asene,

na ɔhyɛ n’abasa mu den.

18 Ɔte ne dwumadie mu dɛ;

ne kanea nnum anadwo.

19 Ɔtene ne nsa sɔ ɔtadua mu,

na ne nsateaa sɔ kyekye mu.

20 Ɔbae ne nsam ma mmɔborɔni,

na ɔtene ne nsa ma ohiani.

21 Ɔnsuro sukyerɛmma mma ne fiefoɔ,

na ne fiefoɔ nyinaa firafira atankɔkɔɔ.

22 Wanwono mmommo afa,

ne ntoma yɛ nwera pa ne beredum.

23 Wɔnim ne kunu kuro apono mu,

berɛ a ɔte asase no so mpanimfoɔ mu.

24 Ɔpam nkamisaa na ɔtɔn,

na ɔde abɔsoɔ ma odwadini.

25 Ahoɔden ne nidie ne n’aduradeɛ,

na ɔnsuro mmerɛ a ɛwɔ n’anim.

26 Ɔbue n’ano nyansa mu,

na adɔeɛ nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkyerɛma so.

27 Ɔhwɛ ne fiefoɔ korɔ-ne-ba,

na ɔnni aniha aduane.

28 Ne mma sɔre, na wɔfrɛ no nhyira,

ne kunu nso, ɔyi no ayɛ sɛ.

29 Mma mmaa pii ayɛ yie,

na wo deɛ, wosene wɔn nyinaa.

30 Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhudeɛ,

ɔbaa a ɔsuro AWURADE na wɔbɛyi no ayɛ.

31 Momma no ne nsa ano aba bi,

na ne nneyɛɛ nyi no ayɛ kuro apono mu.

Nnwom 1

Ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ

1 Nhyira ne onipa a

ɔnnante abɔnefoɔ agyina mu,

na ɔnnyina nnebɔneyɛfoɔ kwan soɔ,

na ɔntena fɛdifoɔ tenabea,

2 na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho,

na ɔdwene ho awia ne anadwo.

3 Ɔte sɛ dua

a atim asubɔnten ho

a ɛso n’aba ne berɛ mu,

na n’ahahan mpo,

na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.

4 Na abɔnefoɔ deɛ, wɔnte saa,

na wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.

5 Enti abɔnefoɔ renni bem atemmuo mu,

na nnebɔneyɛfoɔ rennya kyɛfa wɔ teneneefoɔ asafo mu.

6 Ɛfiri sɛ AWURADE nim teneneefoɔ kwan,

na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.

Nnwom 2

Deɛ AWURADE asra no no

1 Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye,

na aman susu ade hunu yi?

2 Asase so ahemfo sɔre gyina,

na atumfoɔ bom tu agyina

tia AWURADE ne deɛ wasra no no sɛ,

3 Momma yɛmmubu wɔn mpokyerɛ,

na yɛnto wɔn nhoma mfiri yɛn ho ngu.

4 Deɛ ɔte soro no sere,

AWURADE di wɔn ho fɛw.

5 Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn n’abufuo mu,

na ɔde n’abufuhyeɛ bɛyi wɔn hu aka sɛ:

6 Me AWURADE na masi me hene,

me bepɔ kronkron Sion so.

7 Na mɛka no deɛ AWURADE ahyɛ no.

AWURADE ase me sɛ: Me ba ne wo,

ɛnnɛ na mawo woɔ.

8 Bisa me, na mede amanaman bɛyɛ wo apɛgyadeɛ,

na mama woafa asase ano nohoa adi so

9 Wode dadeɛ poma bɛbubu wɔn,

na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.

10 Na afei, ahemfo, monhunu nyansa.

Asase so atemmufoɔ, montie afotuo.

11 Monsom AWURADE osuro mu,

na monni ahurisie ahopopoɔ mu.

12 Momfa nidie mapa mma no,

na ne bo amfu, na moanyera ɔkwan mu;

na aka kakra na n’abufuo adɛ.

Nhyira ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.

Nnwom 3

Ahohia berɛ mu anɔpa dwom

Dawid dwom a ɔtoeɛ berɛ a ɔdwane firii ne ba Absalom anim.

1 AWURADE, hwɛ sɛdeɛ m’ahohiahiafoɔ si dɔɔso fa!

Wɔn a wɔsɔre tia me no yɛ pii.

2 Nnipa bebree se me sɛ:

Ɔnni nkwagyeɛ Nyankopɔn mu.

# Sela

3 Na wo, AWURADE, wone me ho kyɛm,

m’animuonyam ne me tiri pagyafoɔ.

4 Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE,

na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron so.

5 Mekɔdae na medae;

manyane, na AWURADE kura me mu.

6 Mensuro nkurɔfoɔ mpempem

a wɔabɔ me ho nsraban ahyia yi.

7 O AWURADE, sɔre ɛ!

Me Nyankopɔn, gye me!

Na woabobɔ m’atamfoɔ nyinaa abɔgye,

woabubu abɔnefoɔ se.

8 Na AWURADE na nkwagyeɛ wɔ no;

wo man so na ma wo nhyira mmra.

Nnwom 4

Nyankopɔn asomdwoeɛ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid dwom.

1 Me sufrɛ mu gye me so, me tenenee Nyankopɔn.

Ahohia mu, woboaa me.

Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ.

2 Mo mmarima mma, m’animuonyam bɛdane ahohora akɔsi da bɛn?

Mobɛdɔ ade hunu, mobɛdi atorɔ akyi akɔsi da bɛn?

3 Na monhunu sɛ AWURADE ayi ne dɔfo asi hɔ;

mesu mefrɛ AWURADE a, ɔbɛtie.

4 Mo bo fu a, monnyɛ bɔne!

Monkasa mo akoma mu wɔ mo daberɛ, na monyɛ komm.

5 Mommɔ tenenee afɔdeɛ,

na momfa mo ho ntwere AWURADE.

6 Nnipa bebree bisa sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛahunu papa?

AWURADE, te w’anim ma no nhran yɛn so.

7 Wode anigyeɛ ahyɛ m’akomam asene

berɛ a wɔn aburoo ne wɔn nsa dɔɔso no.

8 Asomdwoeɛ mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko,

na wo, AWURADE, nko ara na woma metena hɔ dwoodwoo.

Nnwom 7

Onyankopɔn bu atɛntenenee

Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm nti ɔto maa AWURADE.

1 AWURADE, me Nyankopɔn, wo na medwane bɛtoa wo.

Gye me m’atifoɔ nyinaa nsam, na yi me!

2 Na wɔansunsuane me kra sɛ gyata antete me mu

a ɔgyefoɔ nni hɔ.

3 AWURADE me Nyankopɔn, sɛ mayɛ yei,

na amumuyɛdeɛ bi wɔ me nsam,

4 sɛ mayɛ deɛ ɔne me te asomdwoeɛ mu bɔne

na madi deɛ ɔha me no amim bi kwa a,

5 ma ɔtamfoɔ ntaa me kra,

na ɔnkyere me, na ɔntiatia me nkwa so ɛfam,

na ɔmma m’animuonyam nyɛ fam.

6 AWURADE, sɔre w’abufuo mu,

ma wo ho so tia m’ahohiahiafoɔ aniɛden,

na nyane ma me, wo a woahyɛ atemmuo.

7 Na ma aman asafo ntwa wo ho nhyia,

na sane firi wɔn so kɔ soro.

8 AWURADE bɛbu aman atɛn;

AWURADE di m’asɛm sɛdeɛ me tenenee

ne bem a ɛwɔ me mu teɛ.

9 Ao, ma abɔnefoɔ bɔne to ntwa ɛ!

Na ma ɔteneneeni ntim.

Na wone tenenee Nyankopɔn

a wosɔ akoma ne adwene hwɛ.

10 Me kyɛm wɔ Nyankopɔn nsam,

ɔno na ɔgye akoma mu teneneeni nkwa.

11 Onyankopɔn ne ɔtemmufoɔ tenenee,

ne Onyankopɔn a ɔteatea daa nyinaa.

12 Sɛ obi annane n’akwan, Onyankopɔn bɛse n’afena,

wakuntunu ne tadua mu, na wasiesie.

13 Na wasiesie owuo adeɛ ama onii korɔ no,

wayɛ n’agyan ma no hye adeɛ.

14 Hwɛ, ɔmumuyɛfoɔ nyinsɛn amumuyɛ,

na ɔnyem ɛhaw,

na ɔwo atorɔ.

15 Watu amena, na wafunu mu,

na ɔtɔ tokuro a ɔno ara tuo no mu.

16 Ne mmusuo resane abua n’atifi,

na n’amim aduru ne mpampam.

17 Mɛda AWURADE ase sɛdeɛ ne tenenee teɛ,

na mato ayeyie dwom mama AWURADE a ɔwɔ sorosoro no din.

Nnwom 8

Onyankopɔn kɛseyɛ ne onipa diberɛ a ɛkorɔn

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Gittit” sankuo nne so. Dawid dwom.

1 Ao, AWURADE, yɛn Awurade,

# enimbɛn na wo din nni

asase nyinaa soɔ!

Wo a wode w’animuonyam akata ɔsoro.

2 Wo a w’animuonyam pue firi mmɔfra ne nkɔkoaa anomu.

Wo na woasiesie abankɛseɛ, w’atamfo nti,

na wode amua ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ ano.

3 Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma,

ɔsrane ne nsoromma a woasiesie a,

4 ɔdasani ne hwan a wokae no,

na onipa ba ne hwan a w’ani ku ne ho!

5 Na woama aka no kakraa bi na wasɛ Onyame,

na wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire.

6 Woama no adi wo nsa ano nnwuma so,

wode nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nan ase:

7 Aane, nnwan ne anantwie nyinaa

ne wiram mmoa nso,

8 ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa,

mmoa a ɛnam ɛpo mu akwan soɔ.

9 Ao, AWURADE, yɛn Awurade,

enim bɛn na wo din nni asase nyinaa soɔ!

Nnwom 9

Nyankopɔn atemmuo ho aseda dwom

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mut labben! sankuo nne so”. Dawid dwom.

1 Mede m’akoma nyinaa mɛda AWURADE ase;

AWURADE, mɛka w’anwanwadeɛ nyinaa akyerɛ.

2 Mɛgye m’ani na madi ahurisie wɔ wo mu,

mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ayeyie dwom.

3 Ɛfiri sɛ m’atamfoɔ asane wɔn akyi,

wɔatotɔ, na wɔayera w’anim.

4 Woatena atemmuo adwa so abu atɛn tenenee,

Woadi m’asɛm abu me bem.

5 Woateatea amanaman, woasɛe abɔnefoɔ,

woapepa wɔn din korakorakora.

6 Atamfoɔ awie sa adane daa amamfo,

na woama nkuro ase ahye,

na wɔn ho nkaeɛ ayera.

7 Na AWURADE deɛ, ɔte n’ahennwa so daa,

ɔde n’adwa asi hɔ rebu atɛn.

8 Ɔno na ɔbɛbu wiase atɛn tenenee mu,

na wadi aman asɛm tenenee mu.

9 AWURADE bɛyɛ dwanekɔbea ama deɛ wɔrepɛkyɛ no,

ahokyere berɛ mu dwanekɔbea.

10 Na wɔn a wɔnim wo din de wɔn ho bɛto wo so,

ɛfiri sɛ woannya wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.

11 Monto ayeyie dwom mma AWURADE a ɔte Sion,

monka ne nneyɛɛ nkyerɛ aman mu,

12 sɛ, deɛ ɔtɔ mogya so were no akae wɔn,

na ne werɛ amfiri abrɛfoɔ nteamu.

13 AWURADE, hu me mmɔbɔ, hwɛ m’amaneɛ a ɛfiri m’atamfoɔ,

wo a woma me so firi owuo aboboano,

14 na menka w’ayeyie nyinaa menkyerɛ,

Sion babaa aponkɛseɛ mu,

na menni ahurisie wo nkwagyeɛ mu.

15 Amanaman amemmem amena a wɔtuiɛ no mu,

afidie a wɔsum huntaeɛ no ayi wɔn nan.

16 AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn,

ɔde ɔbɔnefoɔ nsam nneyɛɛ atoatoa no.

17 Abɔnefoɔ bɛsane akɔ Asamando,

amanaman a wɔn werɛ afiri Onyankopɔn nyinaa.

18 Na ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani,

na ɛnyɛ daa na mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera.

19 AWURADE, sɔre, mma ɔdasani nnni nim,

ma wɔmmu amanaman atɛn w’anim.

20 AWURADE, yi wɔn hu,

na amanaman nhunu sɛ wɔyɛ adasamma.

Nnwom 10

Atɛn tenenee ho mpaebɔ

1 AWURADE, adɛn nti na wogyina akyirikyiri,

na wode wo ho hunta ahokyere berɛ mu?

2 Ɔbɔnefoɔ ahantan nti ɛmma mmɔborɔni ho hyehye no,

wɔde wɔn atirimpɔ a wɔabɔ no kye wɔn.

3 Na ɔbɔnefoɔ hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho,

na omimfoɔ ka abususɛm yi AWURADE ahi.

4 Ɔbɔnefoɔ dwa n’anomu ka sɛ: Hwee mfa ne ho.

Onyankopɔn bi nni baabi! n’adwene nyinaa ne no.

5 N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa.

W’atemmudeɛ asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri,

ɔmfa n’ahohiahiafoɔ nyinaa nyɛ ahuro.

6 Ɔse no n’akomam sɛ: Merenhinhim da,

daa nyinaa merenhyia amaneɛ biara.

7 Nnome, nkontomposɛm ne amimdie ahyɛ n’anomu ma,

na ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkyerɛma ase.

8 Ɔtetɛ nsumaeɛ mu,

ɔdi deɛ ɔnyɛɛ hwee no awu kokoam,

ɔwɔ awiɛmfoɔ ho ani.

9 Ɔtɛ kokoam sɛ gyata wɔ ne bɔn mu,

ɔtɛ sɛ ne nsa bɛka mmɔborɔni

ne nsa ka mmɔborɔni no twe no ba n’afidie mu.

10 Ɔkoto, ɔdɛɛdɛɛ,

na awiɛmfoɔ akɔka ne nsa.

11 Ɔse no n’akomam sɛ: Nyankopɔn werɛ afi,

ɔde n’ani ahunta ɔrenhunu ara da.

12 Ao, AWURADE sɔre, ɛ! Ao, Onyankopɔn, ma wo nsa so.

Mma wo werɛ mmfiri amanehunufoɔ.

13 Adɛn nti na ɔbɔnefoɔ yi Onyankopɔn ahi

ka no n’akomam sɛ: Worentwe m’aso?

14 Wohunu, ɛfiri sɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ,

sɛ wode bɛsie wo nsam.

Wo nsa na ɔbrɛfoɔ de hyɛ,

awisiaa boafoɔ ne wo ara.

15 Bubu abɔnefoɔ basa,

na di obusuyɛfoɔ bɔne akyi kɔsi sɛ worenhunu bio.

16 AWURADE ne hene daa daa,

amanaman ayera afiri n’asase so.

17 AWURADE, wobɛtie deɛ ahobrɛasefoɔ pɛ,

woahyɛ wɔn akoma den, woama w’aso aba so

18 sɛ wobɛdi awisiaa ne deɛ wɔhyɛ no soɔ no asɛm,

na ɔdasani a ɔfiri asase mu no anhunahuna bio.