Hesekiel 7

Onyankopɔn bu asase ne aman no atɛn

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Wo onipa ba, sɛ Awurade NYANKOPƆN ka kyerɛɛ Israel asase nie:

Awieeɛ! awieeɛ na ɛreba

asase no ntwea nnan soɔ.

3 Afei awieeɛ reba wo so,

na mɛsoma m’abufuo aba wo so,

na mabu wo w’akwan ho ntɛn,

na mede w’akyiwadeɛ nyinaa bɛba wo so.

4 Na m’ani renni wo ho adɔna, na merenhunu wo mmɔbɔ,

na w’akwan na mɛma no aba wo soɔ,

na w’akyiwadeɛ atena wo mu,

na moahunu sɛ mene AWURADE.

5 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Adebɔne, adebɔne baako bi, hwɛ, ɛreba!

6 Awieeɛ aba, awieeɛ no aba,

asɔre atia wo, hwɛ ɛreba!

7 Asase soteni, deɛ wɔahyɛ no

reba wo so;

ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn,

hooyɛ berɛ, na ɛnyɛ mmepɔ so anigyeɛ huro!

8 Afei ɛrenkyɛre na mahwie m’abufuhyeɛ agu wo so,

na mawie m’abufuo wo mu,

na mabu wo w’akwan ho atɛn,

na mɛtea wo wɔ w’akyiwadeɛ nyinaa ho.

9 Na m’ani rennodo wo ho, na merenhunu wo mmɔbɔ;

w’akwan ho ntea na mede bɛma woɔ,

na w’akyiwadeɛ atena wo mu,

na moahunu sɛ me, AWURADE na mebobɔ.

10 Hwɛ, ɛda no nie, hwɛ, ɛreba;

deɛ wɔahyɛ no refifi,

aban no refefɛ, ahantan no ahanehane.

11 Atiritirasɛm asɔre ayɛ abɔnefosɛm abaa;

wɔn ne wɔn asafo yuu

ne wɔn hooyɛ no mu hwee nka,

na yie biara nni wɔn mu.

12 Ɛberɛ no aba, ɛda no rebɛn;

mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye na ɔdetɔnfoɔ nnni abooboo,

na abufuhyeɛ no aba n’asafo yuu nyinaa so;

13 na ɔdetɔnni, sɛ ɔda so te ase nso a, ɔrensane mma deɛ watɔn no ho, na adehunu a ɛfa n’asafo yuu nyinaa ho no rensane, na obiara remfa n’amumuyɛ nhyɛ ne nkwa mu den.

14 Wɔhyɛne totorobɛnto na wɔsiesie ade nyinaa deɛ,

nanso deɛ ɔkɔ ɔsa nni hɔ;

na m’anibereɛ ba wɔn asafo yuu nyinaa so.

15 Nkrantɛ wɔ mfikyire, na owuyadeɛ ne ɛkɔm wɔ efie.

Deɛ ɔwɔ wiram bɛwu nkrantɛ ano,

na deɛ ɔwɔ kuro mu no, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛkum no.

16 Na wɔn mu adwanefoɔ firi mu a,

wɔbɛkɔ akɔtena mmepɔ so,

na wɔn nyinaa ayɛ sɛ mmonhwa mu mmuburo a wɔsisi apini,

obiara n’amumuyɛ ho.

17 Nsa nyinaa mu bɛgogo,

na nkotodwe nyinaa ahono sɛ nsuo;

18 na wɔafirafira ayitoma,

na awɔse agu wɔn so;

na aniwuo akata anim nyinaa, na wɔn nyinaa atifi bɛpa.

19 Wɔbɛtoto wɔn dwetɛ agugu mmorɔno so,

na wɔn sika adane sɛ sumina;

wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn AWURADE abufuo da no mu, wɔremfa mma wɔn kra mmee, na wɔremfa nhyɛ wɔn ayamdeɛ mu mama, ɛfiri sɛ ɛyɛɛ wɔn amumuyɛ ho suntidua.

20 Na wɔn ahokekadeɛ fɛfɛ no, wɔde dii ahantansɛm, na wɔde yɛɛ wɔn akyiwadeɛ mfonini, wɔn atantanneɛ no, ɛno nti na mɛma no adane efi ama wɔn.

21 Na mede bɛhyɛ ananafoɔ nsa, na wɔafom,

ne asase so abɔnefoɔ nsa, na ayɛ wɔn asadeɛ,

na wɔagu ho fi.

22 Na mɛdane m’ani afiri wɔn so,

na wɔagu m’akoradeɛ ho fi,

na adwotwafoɔ bɛhyɛne mu

agu ho fi.

23 Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn!

Na mogya ho atemmuo ayɛ asase no ma,

na atirimuɔden ahyɛ kuro no ma;

24 enti mede amanaman nnipa bɔne bɛba,

na wɔbɛfa wɔn afiafi afa,

na mɛtwa ahoɔdenfoɔ ahantan to

ma wɔagu wɔn akronkronneɛ ho fi.

25 Ɔsɛeɛ reba; na wɔhwehwɛ asomdwoeɛ,

nso ebi nni hɔ.

26 Abuo pae abuo so,

akwansosɛm pae akwansosɛm so.

Na wɔhwehwɛ odiyifoɔ hɔ adehunu,

na mmara bɔ ɔsɔfoɔ,

na afotuo bɔ mpanimfoɔ.

27 Ɔhene di abooboo,

na ɔberempɔn fira ahodwirie,

na asase no so aman aba mu abu.

Wɔn akwan ho adeɛ na mɛyɛ wɔn,

na wɔn atemmudeɛ na mede bɛbu wɔn atɛn,

na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Hesekiel 8

Asɔrefie akyiwadeɛ ho anisoadehunu

1 Na afe a ɛtɔ so nsia, bosome a ɛtɔ so nsia, da a ɛtɔ so nnum a mete me fie na Yuda mpanimfoɔ tete m’anim no, Awurade NYANKOPƆN nsa tɔɔ me so wɔ hɔ.

2 Na mehwɛe, na hwɛ, onipa suban bi a ɛte sɛ ogya nie, ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asene mu de rekɔ fam yɛ ogya, na ɛfiri n’asene mu de rekɔ soro no te sɛ ɔhyerɛn, ɛte sɛ kɔbere mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani.

3 Na ɔyii biribi a ɛte sɛ nsa nsɛsoɔ, na ɔsɔɔ m’atifi nwi mu, na honhom no maa me so faa asase ne ɔsoro ntam de me kɔɔ Yerusalem, Nyankopɔn anisoadehunu no mu, de me baa emu fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam no ano, deɛ ninkuntwe honi bi a ɛyi ninkunu sie hɔ.

4 Na hwɛ, na Israel Nyankopɔn animuonyam wɔ hɔ sɛ adeɛ a mehunuu no bonhwa no mu no.

5 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma w’ani so kɔ atifi fam ɛ! Na memaa m’ani so kɔɔ atifi fam, na hwɛ, afɔrebukyia ponkɛseɛ no atifi fam na ninkuntwe honi no sie wɔ aboboano.

6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wohunu deɛ wɔreyɛ yi? Akyiwadeɛ akɛseɛ a Israel fie reyɛ wɔ ha yi, sɛ memfiri me kronkronbea menkɔ akyirikyiri. Na wobɛsane ahunu akyiwadeɛ akɛseɛ bio.

7 Na ɔde me baa abannwa so pono ano, na mehwɛe, na hwɛ, na tokuro baako wɔ ɔfasuo no mu.

8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, bɔne fasuo no mu tokuro ɛ! Na mebɔnee ɔfasuo no mu tokuro, na hwɛ, ɛpono bi nie.

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛne mu kɔhwɛ akyiwadeɛ bɔne a wɔreyɛ no wɔ ha.

10 Ɛnna mehyɛnee mu mekɔhwɛeɛ, na hwɛ, mmoa a wɔwea ne mmoa ahodoɔ a wɔkyire nyinaa ne Israel fie abosom ahoni nyinaa na wɔakurukyire wɔ wɔn ɔfasuo no ho ahyia yi.

11 Na mmarima aduɔson a wɔfiri Israel fie mpanimfoɔ mu a Safan ba Yaasania gyina wɔn mu gyinagyina wɔn anim, na wɔn aduhwamhyeɛ kukuo kurakura wɔn nsam, na aduhwamhyeɛ wisie no hwa sɔree.

12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wohunu deɛ Israel fie mpanimfoɔ reyɛ no esum mu, wɔn ahoni mpia mu mmaako mmaako? Ɛfiri sɛ wɔka sɛ: AWURADE nhu yɛn, AWURADE agya asase no.

13 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wobɛsane ahunu akyiwadeɛ akɛseɛ a wɔreyɛ bio.

14 Ɛnna ɔde me baa AWURADE fie ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam no ano, na hwɛ, ɛhɔ na na mmaa teteɛ resu Tamus.

15 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahunu? Wobɛsane ahunu akyiwadeɛ akɛseɛ a ɛsene yeinom bio.

16 Ɛnna ɔde me baa AWURADE fie mu fam abannwa soɔ, na hwɛ, AWURADE asɔredan ano, ntwonoo ne afɔrebukyia no ntam no, mmarima aduonu nnum a wɔn akyiri kyerɛ AWURADE asɔredan na wɔn anim kyerɛ apueeɛ resɔre owia nie.

17 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahunu yei? Ɛyɛ hare ma Yuda fie sɛ wɔyɛ akyiwadeɛ a wɔyɛ no ɛha yi, sɛ wɔde atirimuɔden rehyɛ asase yi so ma, na wɔasane abɛhuru me boɔ? Na hwɛ, wɔde duban no ka wɔn hwene.

18 Na me nso, mɛdi no anibereɛ so; m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛseɛ bɛsu agu m’aso mu deɛ, nanso merentie wɔn.

Hesekiel 9

Yerusalem di nkoguo

1 Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu guu m’aso mu sɛ: Ma kuro no so ahwɛfoɔ ntwe mpini, na obiara mfa n’akodeɛ a ɔde sɛe adeɛ nkura ne nsam.

2 Na hwɛ, mmarima baasia firi atifi ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam kwan no so reba, wɔn kɔdiawuo nnadeɛ kurakura wɔn nsam, na ɔbarima baako wɔ wɔn mu a ɔhyɛ nwera, na ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene, na wɔbaa mu bɛgyinaa kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho.

3 Na Israel Nyankopɔn animuonyam no firii Kerub a ɛwɔ soɔ no so baa ɛdan no pono ano, na ɔfrɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no,

4 na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sene fa kuro no mu, Yerusalem mu na hyɛ nnipa a wɔsisi apini di akyiwadeɛ a wɔyɛ wɔ mu no ho abooboo no nyinaa moma so agyiraeɛ.

5 Na wɔn a aka no, ɔka guu m’aso mu sɛ: Monkɔdi n’akyi mfa kuro no mu, na monkunkum; mommma mo ani nnnodo ho, na monnhunu mmɔbɔ.

6 Nkɔkoraa, mmeranteɛ ne mmabaa ne mmɔfra ne mmaa, monkum wɔn nsɛe wɔn; na obiara a wɔahyɛ no agyiraeɛ no deɛ, monnka no; na me kronkronbea hɔ na momfiri aseɛ. Ɛnna wɔfirii aseɛ, firi mpanimfoɔ a wɔwɔ efie no anim no soɔ.

7 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mongu efie no ho fi, na momfa atɔfoɔ nhyehyɛ abannwa no so ma ma; momfiri adi! Na wɔfirii adi kɔkunkumm wɔ kuro no mu.

8 Na wɔkunkumm no, ɛkaa me nko ara. Na mede m’anim butuu fam, na meteaa mu sɛ: Ao, Awurade NYANKOPƆN, woresɛe Israel nkaeɛ nyinaa wɔ w’abufuhyeɛ a worehwie agu Yerusalem soɔ no mu anaa?

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fie amumuyɛ no yɛ kɛseɛ pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na ntɛnkyea ayɛ kuro no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agya asase no, na AWURADE nhunu.

10 Enti me nso m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi.

11 Na hwɛ, ɔbarima a wɔhyɛ nwera atadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no de asɛm sane baa sɛ: Mayɛ sɛdeɛ wohyɛɛ me no.

Hesekiel 10

Awurade Animuonyam firi Asɔrefie hɔ

1 Na mehunui, na hwɛ, na ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoaboɔ a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahennwa nsɛsoɔ.

2 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Kɔ nkyimiiɛ no ntam, Kerub no ase hɔ, na fa nnyansramma firi Kerubim no ntam hyehyɛ wo nsam ma ma, na fa pete kuro no so.

Na ɔkɔɔ mu wɔ m’anim.

3 Nso ɔbarima no kɔɔ mu no, na Kerubim no gyinagyina ɛdan no nifa so, na mununkum no ayɛ emu fam abannwa no so ma.

4 Ɛnna AWURADE animuonyam no maa ne ho so firii Kerub no so kɔɔ ɛdan no aponnwa atifi, na mununkum no hyɛɛ ɛdan no ma, na AWURADE animuonyam hyerɛn hyɛɛ abannwa no so ma.

5 Na ɔtee Kerubim no ntaban mu gyegyeɛ no kɔsii ɛho fam abannwa no so, sɛ Onyankopɔn Tumfoɔ a ɔrekasa no nne.

6 Na ɔhyɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Fa ogya firi nkyimiiɛ no ntam, Kerubim no ntam no, ɔkɔɔ mu kɔgyinaa nkyimiiɛ no ho.

7 Na Kerub no tenee ne nsa firii Kerubim no ntam de kɔɔ Kerubim no ntam gya no ho, na ɔfaa ebi guu deɛ ɔhyɛ nwera atadeɛ no nsam, na ɔgyee de firii adi.

8 Na Kerubim no wɔ biribi a ɛte sɛ nipa nsa wɔ wɔn ntaban ase.

9 Na mehunui, na hwɛ, na nkyimiiɛ nnan wowɔ Kerubim no nkyɛn mu, nkyimiiɛ baako wɔ Kerubim no mu biara nkyɛn mu, na nkyimiiɛ no ani te sɛ sikabereɛboɔ ani.

10 Na nnan no nyinaa suban yɛ su korɔ, te sɛdeɛ nkyimiiɛ hyɛ nkyimiiɛ mu.

11 Ɛnante a, ɛnam n’afanan so, ɛnnanedane wɔ ne nanteɛ mu, na deɛ etire no hwɛ no, ɛdi akyire saa; ɛnnanedane wɔ ne nanteɛ mu.

12 Na wɔn honam nyinaa ne wɔn akyi ne wɔn nsa ne wɔn ntaban ne nkyimiiɛ no, ani ayeyɛ ɛho ma ma atwa ho ahyia, wɔn baanan no wowɔ wɔn nkyimiiɛ.

13 Nkyimiiɛ no, m’aso mu na wɔtoo no din sɛ: Kyinhyia nkyimiiɛ.

14 Na wɔwowɔ anim nnan nnan; deɛ ɔdi kan no anim yɛ Kerub no deɛ, na deɛ ɔtɔ so mmienu no anim yɛ onipa anim, na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no anim te sɛ gyata, na deɛ ɔtɔ so nnan no deɛ yɛ ɔkɔdeɛ anim.

15 Na Kerubim no memaa wɔn ho so. Yeinom ne ateasefoɔ a mehunuu wɔn Asuo Kebar ho no.

16 Na Kerubim no nante a, nkyimiiɛ no siane wɔn; na Kerubim no mema wɔn ntaban so sɛ wɔde rema wɔn ho so afiri asase so a, nkyimiiɛ no nso nnane mfiri wɔn nkyɛmu.

17 Sɛ wɔgyina a, yeinom nso gyina, na sɛ wɔmema wɔn ho so a, yeinom nso mema ne ho so, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ mu.

18 Ɛnna AWURADE animuonyam firii ɛdan no pono ano kɔgyinaa Kerubim no soɔ.

19 Na Kerubim no memaa wɔn ntaban so, na wɔmemaa wɔn ho so firii asase so, m’anim, sɛ wɔrefiri adi, na nkyimiiɛ no wowɔ wɔn nkyɛn mu; na wɔkɔgyinaa AWURADE fie apueeɛ fam ponkɛseɛ no ano, na Israel Nyankopɔn animuonyam no wɔ wɔn atifi wɔ soro.

20 Yeinom ne ateasefoɔ a mehunuu wɔn Israel Nyankopɔn aseɛ, Asuo Kebar ho no, na mehunuu sɛ ɛyɛ Kerubim.

21 Obiara wɔ anim nnan nnan, na obiara wɔ ntaban nnan nnan, na onipa nsa nsɛsoɔ wowɔ wɔn ntaban no ase.

22 Na wɔn anim nsɛsoɔ ne anim a mehunuu no Asuo Kebar ho no yɛ pɛ. Wɔn nyinaa nante kɔ wɔn anim tee.

Hesekiel 11

Wɔtwe ɔman no gyegyefoɔ no aso

1 Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fie no apueeɛ fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ apueeɛ no ano; na hwɛ, na mmarima aduonu nnum gyina ɔponkɛseɛ no ano, na mehunuu Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu.

2 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, yeinom ne mmarima a wɔdwene abususɛm na wotu fo bɔne, kuro yi mu.

3 Wɔse: Berɛ a wɔde sisi adan mpinkyɛnee. Kuro yi ne ɛsɛn no, na yɛne nam no.

4 Ɛno nti, hyɛ wɔn ho nkɔm, hyɛ nkɔm, onipa ba!

5 Na AWURADE honhom tɔɔ me so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ka, sɛ AWURADE seɛ nie: Saa na moka, Israel fie, na deɛ ɛba mo adwene mu no, me deɛ, menim.

6 Moama mo atɔfoɔ adɔɔso kuro yi mu, na mode atɔfoɔ funu ahyehyɛ emu mmorɔno so ma ma.

7 Ɛno nti, sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Mo atɔfoɔ a mode agugu mu no, wɔne nam no, na kuro no ne ɛsɛn no, na mo deɛ, wɔbɛyi mo afiri mu.

8 Nkrantɛ na mosuro, nso nkrantɛ ara na mede bɛba mo soɔ, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

9 Na mɛyi mo afiri mu, na mede mo mahyɛ ananafoɔ nsa, na mɛbu mo atɛn.

10 Nkrantɛ ano na mobɛtotɔ, Israel hyeɛ so na mɛbu mo atɛn, na moahunu sɛ mene AWURADE.

11 Kuro no renyɛ mo ɛsɛn, na mo nso morenyɛ mu nam; Israel hyeɛ so na mɛbu mo atɛn,

12 na moahunu sɛ mene AWURADE a moanni m’ahyɛdeɛ soɔ, na moanyɛ m’atemmudeɛ, na amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no atemmudeɛ so na modiiɛ.

13 Na ɛbaa sɛ merehyɛ nkɔm no, Benaia ba Pelatia wui. Ɛnna mede m’anim butuu fam de nne kɛseɛ suu sɛ: Ao, Awurade NYANKOPƆN, wie na worewie Israel nkaeɛ koraa?

Nyankopɔn man no foforɔyɛ

14 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

15 Onipa ba, wo nuanom, wo nuanom mpo ne w’abusuafoɔ, ne Israel fie mu nyinaa, ne Yerusalemfoɔ na ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri AWURADE ho nkɔ akyirikyiri, yɛn na wɔde asase yi ama yɛn sɛ yɛnni soɔ.

16 Ɛno nti ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri, amanaman mu, na mebɔɔ wɔn petee nsase so deɛ, nanso mayɛ wɔn kronkronbea kakra, nsase a wɔakɔ soɔ no so.

17 Ɛno nti ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Mɛboa mo ano afiri aman mu, na matase mo afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no so, na mede Israel asase no mama mo,

18 na wɔbɛba hɔ abɛyi emu atantanneɛ nyinaa ne emu akyiwadeɛ nyinaa afiri mu akɔ.

19 Na mɛma wɔn akoma korɔ, na mede honhom foforɔ mahyɛ wɔn mu, na mayi ɔboɔ akoma no afiri wɔn honam mu, na mama wɔn honam akoma,

20 na wɔanante m’ahyɛdeɛ mu, na wɔadi m’atemmudeɛ so ayɛ, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.

21 Na wɔn a wɔn akoma di wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ akyire no, mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

22 Ɛnna Kerubim no memaa wɔn ntaban soɔ, na nkyimiiɛ no di wɔn nkyɛnmu, na Israel Nyankopɔn animuonyam no wɔ wɔn so wɔ soro.

23 Na AWURADE animuonyam no maa ne ho so firii kuro no mu, na ɛkɔgyinaa bepɔ a ɛda kuro no anim no so.

24 Na honhom no maa me so de me kɔɔ Kaldea, atukɔfoɔ no nkyɛn, anisoadehunu mu, Nyankopɔn honhom mu. Na adeɛ a mehunuiɛ no firii me so kɔɔ soro.

25 Na mekaa AWURADE nsɛm a ɔmaa mehunuiɛ no nyinaa kyerɛɛ atukɔfoɔ no.

Hesekiel 12

Ɔberempɔn ne ɔman no tukorɔ

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, wote atuatefoɔ fie, nnipa a wɔwɔ ani a wɔde hunu adeɛ nanso wɔnhunu, na wɔwɔ aso a wɔde teɛ nanso wɔnteɛ;

3 na atuatefoɔ fie ne wɔn. Na wo, onipa ba, yɛ otukorɔ adeɛ fa, na tu kɔ awia, wɔ wɔn anim, na tu firi wo tenabea kɔ baabi foforɔ, wɔn anim; ebia wɔbɛhunu; na asowuiɛ fie ne wɔn.

4 Na yi wo nnoɔma firi adi sɛ ɔtukorɔ adeɛ awia, wɔn anim, na wo ara deɛ, firi adi anwummerɛ, sɛ atukɔfoɔ kɔ no no.

5 Tu ɔfasuo no mu tokuro, wɔn anim, na fa mu firi adi.

6 Wɔn anim ara na fa nnoɔma no to wo kɔn ho, na anim biri a, wode afiri adi. Kata w’ani na woanhunu asase no, na mede wo mayɛ nsɛnkyerɛnneɛ mama Israel fie.

7 Ɛnna meyɛɛ saa, sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no, meyii me nnoɔma firi adi sɛ otukorɔ adeɛ awia, na anwummerɛ no, mede me nsa tuu ɔfasuo no mu tokuro, na anim rebiribiri no, mede firii adi bɔɔ akɔnkɔn wɔ wɔn anim.

8 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn anɔpa sɛ:

9 Onipa ba, Israel fie, atuatefoɔ fie no, nka nkyerɛɛ wo sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?

10 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Adesoa yi fa ɔberempɔn a ɔte Yerusalem ne Israel fie a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa ho.

11 Ka sɛ: Mene mo nsɛnkyerɛnneɛ; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa na wɔbɛyɛ wɔn, otukorɔ mu, nnommumfa mu na wɔbɛkorɔ.

12 Na ɔberempɔn a ɔwɔ wɔn mu no, anim rebirie no, ɔde n’adesoa bɛto ne kɔn ho, na wafiri adi; ɔfasuo mu na wɔbɛtu tokuro sɛ wɔrefa mu afiri adi; ɔbɛkata n’ani na wamfa n’ani anhunu asase no.

13 Na mede m’asau bɛgu ne so, na wɔayi no me fidie mu, na mede no akɔ Babel, Kaldeafoɔ asase so. Na ɛno mpo ɔrenhunu, na ɛhɔ na ɔbɛwuo.

14 Na wɔn a wɔatwa ne ho ahyia sɛ wɔbɛboa no nyinaa ne n’asafo nyinaa, mɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa ano, na matwe nkrantɛ adi wɔn akyi.

15 Na sɛ mesunsum wɔn kɔ amanaman mu, na mebɔ wɔn pete nsase so a, wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE.

16 Na mɛgya wɔn mu nnipa kakraa bi afiri nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, deɛ ɛbɛyɛ na wɔaka wɔn akyiwadeɛ no nyinaa, amanaman a wɔkɔ hɔ no mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Wɔntuu atemmuo nhyɛɛ da

17 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18 Onipa ba, fa ahopopoɔ di w’aduane, na fa ahopopoɔ ne awerɛhoɔ nom wo nsuo.

19 Na ka kyerɛ asase no so aman no sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN ka no Yerusalemfoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no ho nie: Wɔde awerɛhoɔ na ɛbɛdi wɔn aduane, na wɔde ahodwirie bɛnom wɔn nsuo, ɛsiane sɛ n’asase adane afo na ne mayɛ abɔ no, ɛsofoɔ nyinaa mmusubɔ no nti.

20 Na nkuro a wɔtete mu no bɛsɛe, na asase no adane afo, na moahunu sɛ mene AWURADE.

21 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

22 Onipa ba, abebusɛm bɛn na mowɔ no Israel asase so sɛ: Nna no rekyɛ, na adehunu nyinaa reyera?

23 Ɛno nti, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Mɛma abebusɛm yi to atwa, na wɔremmu no Israel mu bio; na mmom kasa kyerɛ wɔn sɛ: Nna no ne adehunu nyinaa asɛm abɛn.

24 Na adehunu hunu biara ne atorɔ nkɔmhyɛ biara rentena Israel fie bio.

25 Na mene AWURADE, na mɛkasa; asɛm a meka no, na ɛbɛyɛ hɔ, wɔrentwe nkɔ akyiri bio: O atuatefoɔ fie, mo berɛ aso ara, na mɛka asɛm na mɛyɛ, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

26 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

27 Onipa ba, hwɛ, Israel fie ka sɛ: Adehunu a ɔhunu no bɛba nna bebree akyi, na ɛberɛ a ɛwɔ akyirikyiri ho nkɔm na ɔrehyɛ.

28 Ɛno nti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Wɔrentwe me nsɛm mu biara nkɔ akyiri bio; asɛm a meka no, wɔbɛyɛ, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

Hesekiel 13

Adiyifoɔ atorofoɔ ho atemmusɛm

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, hyɛ Israel adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm no ho nkɔm, na ka kyerɛ wɔn a wɔfiri wɔn ara wɔn tirim hyɛ nkɔm no sɛ: Montie AWURADE asɛm.

3 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Wɔnnue, adiyifoɔ nkwaseafoɔ a wɔdi wɔn honhom akyire na wɔnhunu hwee no.

4 Israel, w’adiyifoɔ ayɛ sɛ akurofo mu nsakraman.

5 Momforo nkɔgyinaa ntokuro no mu, na monnyee Israel fie ho ban, sɛ mobɛgyina akono, AWURADE da no.

6 Ahuhudeɛ ne atorɔ nkɔmhyɛ na wɔn a wɔka sɛ: AWURADE asɛm nie, no hunu, nso na AWURADE nsomaa wɔn, nanso wɔtwɛn sɛ ɔbɛma wɔn asɛm no aba mu.

7 Ɛnyɛ ahuhudeɛ na mohunu na atorɔ nkɔm na mohyɛ, sɛ moka sɛ: AWURADE asɛm nie, wɔ berɛ a menkasaeɛ?

8 Ɛno nti, sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛnam sɛ moka ahuhusɛm na mohunu atorɔ anisoadeɛ yi nti, hwɛ, me ne mo anya, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

9 Na me nsa bɛba adiyifoɔ a wɔhunu ahuhudeɛ na wɔhyɛ nkɔntorɔ no so: Wɔrentena me man badwa no mu, na wɔrentwerɛ wɔn din Israel fie edintwerɛ no mu, na wɔremma Israel asase so, na moahunu sɛ mene Awurade NYANKOPƆN.

10 Ɛfiri sɛ, aane ɛfiri sɛ wɔsisi me man ka sɛ: Asomdwoeɛ, na asomdwoeɛ nni hɔ, na ɔman no to fasuo bi, na hwɛ, wɔn deɛ, wɔde hyire sra ho nti,

11 ka kyerɛ wɔn a wɔde hyire sra ho no sɛ: Ɛbɛhwe ase! Osuo a ɛsram soɔ bɛba, na asukɔtweaa bɛtotɔ, na kyinhyia mframa bɛbɔ.

12 Na hwɛ, ɔfasuo no bɛhwe ase. Wɔrenka nkyerɛ mo sɛ: Ɛhe na sra a mosraa ho no wɔ?

13 Ɛno nti, sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Mɛma kyinhyia mframa abɔ wɔ m’abufuhyeɛ mu, na osuo a ɛsram soɔ aba wɔ m’abufuo mu, na asukɔtweaa aba anibereɛ mu abɛwie.

14 Na mɛdwiri fasuo a mode akaadoo kaa ho no agu ama no aka fam, na ne nnyinasoɔ ada adi, na ahwe ase, na moadwerɛ wɔ mu, na moahunu sɛ, mene AWURADE.

15 Na mɛwie m’abufuhyeɛ, ɔfasuo ne wɔn a wɔde hyire sraa ho no so, na maka akyerɛ mo sɛ: Ɔfasuo no nni hɔ bio, na wɔn a wɔsraa ho no nso nni hɔ bio,

16 Israel adiyifoɔ a wɔkaa Yerusalem ho adiyisɛm, sɛ wɔhunuu asomdwoeɛ adeɛ maa no, nanso asomdwoeɛ biara nni hɔ no, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

17 Na wo, onipa ba yi w’ani sa wo man mmaa a wɔfiri wɔn adwene mu hyehyɛ nkɔm no, na hyɛ wɔn ho nkɔm sɛ:

18 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Monnue, mo mmaa a mopempam nkataho ma nsa akwaa nyinaa, na mopam nnuku ma etire ahodoɔ nyinaa, sɛ mode reyi akra. Moyi me man akra, na mo ara mo kra deɛ, mogye no nkwa?

19 Na mogu me ho fi, me man mu, atokoɔ nsa ma ma ne paanoo afono ma bi nti, sɛ mode atorɔ a modi kyerɛ me man a wɔtie atorɔ no rekum akra a ɛnni kum, na moregye akra a wɔnnsɛ nkwa no nkwa.

20 Ɛno nti, sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Hwɛ, me ne nkaberɛ a mode reyi akra sɛ nnomaa no anya, na mɛtete afiri mo basa ho, na magyaa akra no, akra a moyi wɔn no, ama wɔatutu akɔ sɛ nnomaa.

21 Na mɛtete mo nnuku, na mayi me man afiri mo nsa mu, na wɔantena mo nsa mu sɛ ahayɛdeɛ bio, na moahunu sɛ mene AWURADE.

22 Ɛsiane sɛ mode atorɔ ma ɔteneneeni a, me deɛ, menhyɛ no awerɛhoɔ no akoma tutuo, na mohyɛ ɔbɔnefoɔ nsa mu den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wansane amfiri ne kwammɔne so na wannnya nkwa nti,

23 morenhunu anisoadeɛ huhuo bio, na nkɔm nso morenhyɛ bio; na mɛyi me man afiri mo nsa mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.

Hesekiel 14

Abosonsomfoɔ bisa Nyankopɔn ase kwa

1 Na Israel mpanimfoɔ mu bi baa me nkyɛn bɛtenaa m’anim.

2 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

3 Onipa ba, mmarima yi de wɔn abosonhunu ahyɛ wɔn akomam, na wɔde wɔn amumuyɛ suntidua asisi wɔn anim. Memma wommisa me hɔ biribi mma wɔn?

4 Enti kasa kyerɛ wɔn na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Obiara a ɔfiri Israel fie a ɔde n’abosonhunu hyɛ n’akomam na ɔde n’amumuyɛ suntidua si n’ani soɔ, na ɔba odiyifoɔ nkyɛn no, me, AWURADE, mɛbua no ho bi, n’abosonhunu no dodoɔ so,

5 na masɔ Israel fie no mu, wɔn akoma mu, sɛ wɔde wɔn abosonhunu no nyinaa ate wɔn ho afiri me ho no.

6 Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Monsane na monnane mo ho mfiri mo abosonhunu no ho, na monnane mo ani mfiri mo akyiwadeɛ no nyinaa ho.

7 Na obiara a ɔfiri Israel fie, anaa ɔhɔhoɔ a wabɛyɛ Israel mu ɔhɔhoɔ no mu, na wawae afiri me ho, na ɔde n’abosonhunu hyɛ n’akoma mu, na ɔde n’amumuyɛ suntidua si n’ani soɔ, na ɔba odiyifoɔ nkyɛn bɛbisa no me hɔ adeɛ no, me AWURADE, me ara na mɛbua no.

8 Na mɛma m’ani asa onipa no, na mɛdwiri no ama no ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne akasabebuo, na matwa no afiri me man mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.

9 Na sɛ odiyifoɔ no ma wɔdaadaa no na ɔka asɛm bi a, ɛnneɛ me, AWURADE, na madaadaa odiyifoɔ ko no, na mɛtene me nsa wɔ ne so asɛe no afiri me man Israel mu,

10 na wɔasoa wɔn amumuyɛ no; sɛdeɛ ɔdebisani no amumuyɛ teɛ no, sɛ odiyifoɔ no amumuyɛ bɛyɛ ne no,

11 deɛ ɛbɛyɛ na Israel fie amfom kwan amfiri m’akyiri bio, na wɔamfa wɔn mmarato nyinaa angu wɔn ho fi bio, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

Ɔkwan titire a wɔfa soɔ ne ɔman no die

12 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

13 Onipa ba, sɛ asase bi yɛ me bɔne di afomfonsɛm bi, na metene me nsa wɔ so, na mebu ne paanoo dua mu, na mema ɛkɔm ba so, na metwa nnipa ne mmoa firi so,

14 na sɛ mmarima baasa yi, Noa, Daniel ne Hiob wɔ hɔ a, wɔn deɛ, wɔn tenenee ho na wɔbɛgye wɔn kra, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

15 Sɛ mema mmoa bɔne kyini asase no so, na wɔdwerɛ ɛsofoɔ, na ɛdane afo a mmoa no nti obiara ntwam mfa so a,

16 sɛ mmarima baasa yi wɔ so a, sɛ mete aseɛ yi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, ampa, mmabanin ne mmammaa mpo, wɔrennye wɔn; wɔn ara nko na wɔbɛgye wɔn, na asase no deɛ, ɛbɛdane afo.

17 Anaasɛ mede nkrantɛ meba asase no so, na mese: Nkrantɛ, fa asase no so, na metwa nnipa ne mmoa firi so,

18 na mmarima baasa yi wɔ so a, sɛ mete aseɛ yi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, mmabanin ne mmammaa mpo, wɔrennye wɔn, na wɔn ara nko na wɔbɛgye wɔn.

19 Anaasɛ mema owuyadeɛ ba asase no so, na mehwie m’abufuhyeɛ gu so, mogya mu, sɛ meretwa nnipa ne mmoa afiri so,

20 na Noa, Daniel ne Hiob wɔ so a, sɛ mete aseɛ yi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, ampa, wɔrennye ɔbabanin ne ɔbabaa; na wɔn deɛ, wɔn tenenee so na wɔbɛgye wɔn kra.

21 Na sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Na nkantom sɛ mɛma m’atemmudeɛ bɔne nnan, nkrantɛ ne ɛkɔm ne mmoa bɔne ne owuyadeɛ, aba Yerusalem so de atwa nnipa ne mmoa afiri so!

22 Nanso, hwɛ, nnipa a wɔbɛfiri mu afire bɛka wɔn mu, mmammarima ne mmammaa, wɔde wɔn bɛfiri adi; hwɛ, wɔbɛfiri adi aba mo nkyɛn, na moahunu wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ, na moakyekyere mo werɛ, bɔne a mede baa Yerusalem soɔ, adeɛ a mede baa soɔ no nyinaa ho.

23 Na sɛ mohunu wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ a, wɔbɛkyekyere mo werɛ, na moahunu sɛ ɛnyɛ ɔkwa na meyɛɛ adeɛ a meyɛɛ no wɔ wɔn mu no nyinaa, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

Hesekiel 15

Yerusalem yɛ bobe dua hunu

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, ɛdeɛn na bobe dua de sene nnua nyinaa,

bobe homa a ɛwɔ wira mu nnua mu no?

3 Wɔfa mu dua de yɛ adwuma bi,

anaasɛ wɔfa mu bi yɛ pɛɛwa, sɛ wɔde adeɛ biara bɛsɛne soɔ?

4 Hwɛ, wɔde gu ogya mu, na ahye:

Sɛ ogya ahye ano mmienu,

na mfimfini ahye a,

ɛfata adwuma bi yɛ anaa?

5 Hwɛ, ɛda so di mu no, wɔamfa anyɛ hwee,

na nkantom sɛ ogya ahye no

dwɛɛ yi,

na wɔde bɛyɛ biribi bio anaa?

6 Enti sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Sɛdeɛ bobe dua teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu, a mede mema ogya ma no hyeɛ no, saa na mede Yerusalemfoɔ bɛma,

7 na mɛyi m’ani masa wɔn; wɔfiri ogya mu, na ogya ara na ɛbɛhye wɔn, na moahunu sɛ mene AWURADE, m’ani a meyi mesa wɔn no mu.

8 Na mɛma asase no adane afo, ɛfiri sɛ wɔadi afomfonsɛm, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

Hesekiel 16

Nyankopɔn adɔeɛ a ɔyɛ Israel

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, ma Yerusalem nhunu n’akyiwadeɛ no,

3 na ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN ka kyerɛ Yerusalem nie: W’ase ne w’awoɔ asase ne Kanafoɔ asase so, w’agya yɛ Amorini, na wo na yɛ Hetini.

4 Na w’awoɔ mu deɛ, da a wɔwoo woɔ no, wɔantwa wo funuma, na wɔamfa nsuo annware wo amma wo ho amfi, nkyene nso wɔamfa ansra wo, na wɔamfa ntoma ankyekyere wo.

5 Obiara yam anhyehye no amma wo anyɛ wo yeinom mu biara amfa anhu wo mmɔbɔ, na wɔtoo wo twenee ɛserɛ so, too wo kra ho pe, da a wɔwoo woɔ no.

6 Ɛnna mebɛsianee wo ho na mehunuu woɔ, sɛ wɔabɔ wo adapaa, wo mogya mu, na meka mekyerɛɛ wo, wo mogya no mu, sɛ: Nya nkwa!

7 Meyɛɛ wo dodoɔ pɛnhunuano sɛ wiram mfefɛeɛ, na wodɔre yɛɛ kɛseɛ, na w’ahoɔfɛ boroo so, wo mpokua bobɔe na wo nwi fui; nanso na woda adagya, nam kwaterekwa.

8 Na mebɛsianee wo ho na mehunuu wo, na hwɛ, ɛyɛ wo berɛ, ɔdɔ berɛ; na mede me ntaban metrɛɛ wo so, na mekataa w’adagya so, na mekaa wo ntam, na me ne wo yɛɛ apam, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, na woyɛɛ me deɛ.

9 Na mede nsuo dwaree wo, na mehohoroo wo ho mogya no, na mesraa wo ngo;

10 na mede atadeɛ a wɔadi mu adwini hyɛɛ wo, na mede sukraman nwoma mpaboa hyɛɛ wo, na mede nwera pa kyekyeree wo, na mede serekye ntoma kataa wo ho;

11 na mede ahyehyɛdeɛ hyehyɛɛ wo, na mede nkapo hyehyɛɛ wo nsa, na mede nkɔnmuadeɛ guu wo kɔn mu,

12 na mede adwinneɛ hyɛɛ wo hwene mu, na mede asomuadeɛ hyehyɛɛ wo, na mede abotire fɛfɛ bɔɔ wo.

13 Na wɔde sika ne dwetɛ hyehyɛɛ wo ho, na wo ntadeɛ yɛ nwera pa ne serekye ne nkyeremu; esiam ne ɛwoɔ ne ngo na wodiiɛ, na wo ho yɛɛ fɛ pa ara, na wodii yie kɔduruu ahennie mu.

14 Na w’ahoɔfɛ nti wo din trɛtrɛ kɔɔ amanaman mu, ɛfiri sɛ m’animuonyam a mede hyɛɛ woɔ no maa no wiee fɛyɛ, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

15 Nanso wode wo ho too w’ahoɔfɛ so, na wobɔɔ adwaman guu wo din so, na wohwiee w’adwamammɔ guu obiara a ɔretwam so; ne no daeɛ.

16 Na wofaa wo ntadeɛ no bi de yɛɛ nsaasaawa wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ fae, na wobɔɔ so adwaman, nnoɔma a ɛte saa bi mmaa da, ɛrenyɛ saa nso.

17 Na wofaa wo nnwinneɛ fɛfɛ no, me sika ne me dwetɛ a memaa woɔ no bi, na wode yɛɛ mmarima ahoni fae, na wode bɔɔ adwaman;

18 na wode wo nkyeremu ntadeɛ kataa wɔn ho, na wode me ngo ne m’aduhwam sisii wɔn anim.

19 Na m’aduane a memaa woɔ, esiam ne ngo ne ɛwoɔ a mede meyɛnee woɔ no, wode sisii wɔn anim sɛ ɛnyi hwa hwamhwam. Deɛ ɛyɛeɛ nie, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.

20 Na wofaa wo mmabanin ne wo mmammaa a wowo maa me no de wɔn bobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔnni. W’adwamammɔ yɛ ade ketewa,

21 sɛ wokunkumm me mma na woyii wɔn maeɛ maa wɔfaa ogya mu maa wɔn no?

22 Na w’akyiwadeɛ ne w’adwamanneɛ nyinaa mu no, woankae wo mmabaaberɛ nna no a na woda adagya na wonnam kwaterekwa bɔ wo ho adapaa, wo mogya mu no.

23 Na wo nnebɔne nyinaa akyiri no, wo ara, (due, due! Awurade NYANKOPƆN asɛm nie),

24 wotoo dampan faeɛ na woyɛɛ pampa faeɛ, mmɔntene nyinaa soɔ.

25 Nkwantia nyinaa wotoo wo pampa, na woguu w’ahoɔfɛ no ho fi, na wobaee w’ananmu maa obiara a ɔsene, na womaa w’adwamammɔ dɔɔso.

26 Na wo ne Misraim mma a wɔte wo ho a wɔn honam soso no bɔɔ adwaman, na womaa w’adwamammɔ dɔɔso de huruu me bo.

27 Na hwɛ, wo so na metenee me nsa, na metee w’aduane a mehyɛeɛ soɔ, na meyii wo mae sɛ w’atamfo, Filistifoɔ mmammaa a wɔn ani wuu w’ahohwibɔ ho no pɛ no.

28 Nso wo ne Asiria mma bɔɔ adwaman, ɛfiri sɛ na wommee. Na wo ne wɔn bɔɔ adwaman, nanso woammee.

29 Nso womaa w’adwamammɔ dɔɔso kɔduruu Kanaan asase a ɛne Kaldea, na yei nso ammee wo.

30 Sɛdeɛ w’akoma asi ahodwo afa, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, sɛ wɔyɛɛ yeinom a ɛyɛ ɔbaa dwamamfoɔ a ɔso ne tire no nneyɛɛ no nyinaa!

31 Wotoo wo dampan, akwan nyinaa tia, na woyɛɛ pampa, mmɔntene nyinaa soɔ no, woanyɛ sɛ odwamamfoɔ mpo, ɛne sɛ wopoo apɛdeɛ.

32 Ɛyerɛ a ɔsɛe awadeɛ, ɔfa ananafoɔ si ne kunu ananmu.

33 Nnwamamfoɔ nyinaa, wɔma wɔn akyɛdeɛ, na wo deɛ, wode w’akyɛdeɛ kyekyɛ w’adɔfoɔ nyinaa, na woma wɔn adanmudeɛ, sɛ wɔmfiri mmaa nyinaa mmra wo nkyɛn adwamammɔ.

34 Enti wo deɛ, woyɛ sononko wɔ mmaa a aka no wɔ adwamammɔ mu: Sɛ obi nhyɛ da mmɛpɛ wo ne wo mmɔ adwaman, na wo na woma apɛdeɛ; na wo deɛ, obi mma wo apɛdeɛ, enti na woyɛ sononko no.

35 Ɛno nti, odwamamfoɔ, tie AWURADE asɛm!

36 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔhwiee wo ho fi guiɛ, na wɔayi w’adagya soɔ, w’adwamammɔ mu, ama w’akyiwadeɛ abosonhunu no nyinaa ne wo mma a wode wɔn maa wɔn no mogya nti,

37 hwɛ, merehyiahyia w’adɔfo a woafam wɔn ho no nyinaa ne wɔn a woadɔ wɔn nyinaa mabɔ wɔn a woatane wɔn no nyinaa so. Ɛfiri afa nyinaa na maboaboa wɔn ano atia wo, na mayi w’adagya adi akyerɛ wɔn, na wɔahunu w’adagya nyinaa.

38 Na mede mmaa awaresɛefoɔ ne mogyakagufoɔ atemmudeɛ bɛbu wo atɛn, na mayɛ wo abufuhyeɛ ne ninkuntwe mogya,

39 na mede wo ahyɛ wɔn nsa, na wɔadwiri wo dampan, na wɔaburi wo mpampa, na wɔaworɔ wo ho ntadeɛ, na wɔafa wo nnwinneɛ fɛfɛ no, na wɔagya wo adagya ne kwaterekwa mu,

40 na wɔama wɔabɛbɔ wo so dwa, na wɔasi wo aboɔ, na wɔde wɔn nkrantɛ atwitwa wo mu,

41 na wɔde ogya ahye w’adan, na wɔde w’atemmuo mu adeɛ ayɛ wo, mmaa bebree ani so, na mama woagyae adwamammɔ; na akyɛdeɛ nso, worenkyɛ bio.

42 Na mɛma m’abufuhyeɛ no adwo wɔ wo ho, na me ninkuntwe afiri wo so, na mɛyɛ komm a me bo renhuru bio.

43 Ɛsiane sɛ wonkaee wo mmabaaberɛ mu nna no, na wode yeinom ha me nti, na me nso, hwɛ, mede w’abrabɔ bua w’atifi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, na mammɔ w’akyiwadeɛ nyinaa so mmusuo.

44 Hwɛ, obiara a ɔbubu mmɛ no bɛbu wo ho bɛ yi sɛ: Sɛdeɛ ɛna teɛ na ne ba teɛ.

45 Wo ne wo na a ɔpo ne kunu ne ne mma no ba, na wo ne nuammaanom a wɔpo wɔn kununom ne wɔn mma no nuabaa; mo na yɛ Hetini, na mo agya yɛ Amorini.

46 Na wo nuabaa panin ne Samaria, ɔno ne ne mmammaa a wɔte wo benkum soɔ no, na wo nuabaa kumaa a ɔte wo nifa soɔ ne Sodom ne ne mmammaa.

47 Nso woamfa wɔn akwan so na wɔyɛɛ wɔn akyiwadeɛ no nko, na mmom ɛyɛɛ kakraa bi pɛ, na wosɛe senee wɔn, w’akwan nyinaa so.

48 Sɛ mete aseɛ yi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, ampa, wo nuabaa Sodom ne ne mmammaa anyɛ sɛdeɛ wo ne wo mmammaa ayɛ yi.

49 Hwɛ, yei ne wo nuabaa Sodom amumuyɛ no: Ahantan, adidimeeɛ ne yiedie dwoodwoo mu na ɔno ne ne mmammaa tenaeɛ, na mmɔborɔni ne ohiani nsa deɛ, wansɔ mu;

50 na wɔyɛɛ ahantan yɛɛ akyiwadeɛ wɔ m’anim, na meyii wɔn hɔ sɛdeɛ me ara mepɛ.

51 Na Samaria anyɛ wo bɔne no mu fa, na womaa w’akyiwadeɛ dɔɔso senee wɔn, na wode w’akyiwadeɛ a woyɛeɛ no nyinaa buu wo nuammaanom bem.

52 Wo nso, soa w’ahohora a wobu maa atɛn maa wo nuammaanom no. Wo bɔne a woama no ayɛ akyiwadeɛ asene wɔn no nti, wɔtene sene wo, na wo nso, ma w’ani nwu na soa w’ahohora, sɛ woabu wo nuammaanom bem.

Dom a wɔdom gye Yerusalem

53 Na mede wɔn nnommum, Sodom ne ne mma nnommum, ne Samaria ne ne mmammaa nnommum, ne wo nnommumfa mu nnommum a ɛwɔ wɔn mu no bɛsane aba,

54 deɛ ɛbɛyɛ na woasoa w’ahohora, adeɛ a woayɛ nyinaa ho de akyekyere wɔn werɛ.

55 Na wo nuammaanom, Sodom ne ne mmammaa bɛsane aba wɔn kane dibea mu, na Samaria ne ne mmammaa bɛsane aba wɔn kane dibea mu, na wo nso wo ne wo mmammaa bɛsane aba mo kane dibea mu.

56 Na wo nuabaa Sodom anyɛ w’anomu asɛnka, w’ahantan nna no mu,

57 ansa na wɔreyi wo bɔne adie, sɛ ɛberɛ a Siria mmammaa ne wɔn a wɔtwa ne ho hyia nyinaa, Filistifoɔ mmammaa a wɔyi wo ahi no sopaa wo, afa nyinaa no.

58 W’abusudeɛ ne w’akyiwadeɛ no, wo ara na woso, AWURADE asɛm nie.

59 Na sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Meyɛ wo sɛdeɛ woyɛeɛ no ara a, wobuu ntanka animtia sɛ worebu apam soɔ no.

60 Na me deɛ, mɛkae m’apam a me ne wo pamm no wo mmabaaberɛ mu no, na mɛma daa apam atim hɔ ama wo.

61 Na sɛ mede wo nuammaanom a wɔsene wo panin ka wo nuammaanom a wɔyɛ w’akyiri mma no ho de wɔn meyɛ wo mmammaa a ɛnnyina m’apam no so a, ɛno na wobɛkae w’akwan na w’ani awu.

62 Na me na mɛma me ne wo apam no agyina, na woahunu sɛ, me ne AWURADE,

63 deɛ ɛbɛyɛ na woakaeɛ, na w’ani awuo, na w’aniwuo nti woammue w’ano bio, sɛ makata deɛ woyɛeɛ no nyinaa so mama woɔ, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.