Yona 1

Yona frɛ ne n’asoɔden

1 Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ:

2 Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu, na pae mu ma wɔnhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim.

3 Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na ɔtuaa ka kɔɔ mu sɛ ɔredwane AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.

4 Na AWURADE maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe wɔ ɛpo no so, na ahum kɛseɛ tui wɔ ɛpo no so, na ɛhyɛn no yɛɛ sɛdeɛ ɛrebɛbɔ.

Yona frɛ ne n’asoɔden

5 Na ɛhyɛn no mufoɔ no suroe, na wɔteateaa mu frɛfrɛɛ wɔn anyame, na wɔtotoo ɛhyɛn no mu adwadeɛ guguu po mu na ayɛ hare ama wɔn; nso Yona deɛ, na wasiane kɔ ɛhyɛn no yam akɔda hatee.

6 Ɛnna ɛhyɛn mu panin no kɔɔ Yona nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ: Worepɛ akyerɛ sɛn nti a wada hatee saa yi? Sɔre su frɛ wo nyame, sɛ ebia ɔbɛdwene yɛn ho na yɛantotɔ wɔ ha.

7 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Mommra mma yɛntwe ntonto mfa nhunu deɛ ne nti saa amaneɛ yi aba yɛn soɔ yi. Na wɔtwee ntonto no, ntonto no bɔɔ Yona.

8 Ɛnna wɔsrɛɛ Yona sɛ: Kyerɛ yɛn deɛ ne nti saa amaneɛ yi aba yɛn soɔ yi? W’adwuma ne sɛn, na ɛhe na wofiri baeɛ? Wofiri ɔman bɛn mu, wo nkyi ne he?

9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Meyɛ Hebrini, na mesɔre AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɛpo ne asase pɛsɛɛ no.

10 Ɛnna nnipa no suroo pii pa ara, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Na na nnipa no nim sɛ AWURADE anim na ɔredwane afire, ɛfiri sɛ na waka akyerɛ wɔn.

11 Na wɔbisaa no sɛ: Ɛdeɛn na yɛnyɛ woɔ, na ɛpo no ano nnwo mma yɛn? Ɛfiri sɛ, na ɛpo no gu so ara rehuru.

12 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa me na monto me ntwene ɛpo no mu, na ɛpo no bɛdwo ama mo; na menim sɛ me nti na ahum kɛseɛ yi aba mo soɔ yi.

Yona asotwe

13 Nanso nnipa no bɔɔ mmɔden biara sɛ wɔresane aba asase pɛsɛɛ so, na wɔantumi, ɛfiri sɛ na ɛpo no gu so rehuru hyia wɔn ara.

14 Ɛnna wɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: O AWURADE, onipa yi kra nti mma yɛntotɔ, na mfa mogya a yɛdi ho bem ngu yɛn so, na wo, AWURADE, na woyɛ sɛdeɛ wopɛ.

15 Ɛnna wɔmaa Yona so too no twenee ɛpo no mu, na ɛpo no gyaee ne bagyabagyayɛ no.

16 Na nnipa no suroo AWURADE pii pa ara, na wɔbobɔɔ afɔdeɛ maa AWURADE, na wɔhyehyɛɛ no bɔ.

17 Nso na AWURADE asiesie apataa kɛseɛ bi sɛ ɔmmene Yona. Na Yona dii apataa no yam nnansa awia ne anadwo.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

10 − six =