Yona 2

Yona mpaebɔ ne ne nkwagyeɛ

1 Na Yona firi apataa no yam bɔɔ AWURADE ne Nyankopɔn mpaeɛ sɛ:

2 Mefiri m’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE,

na ɔtiee me;

mefiri Asamando ebunu mu meteaa mu,

na woate me nne.

3 Na wotoo me twenee ebunu mu,

ɛpo akoma mu,

na ɔhweamo twaa me ho hyiae;

w’asorɔkyeɛ ne w’aworɔ nyinaa

bu faa me so.

4 Na me nso mese: Wɔatu me

afiri w’anim,

nanso mɛkɔ so mahwɛ

w’asɔrefie kronkron no kwan so.

5 Nsuo bɛtwaa me ho hyiae bɛduruu ɔkra ho,

ebunu twaa me ho buka sii,

ɛpo mu wira kyekyeree me ti.

6 Mesiane mekɔɔ mmepɔ nhini ho,

mekɔɔ Asamando,

na wɔtoo me twenee koransan,

nanso wo AWURADE me Nyankopɔn

woyii me firii Amena mu.

7 Me kra tɔɔ me mu piti no,

mekaee AWURADE,

na me mpaebɔ duruu wo nkyɛn,

aane w’asɔrefie kronkron hɔ.

8 Wɔn a wɔn ani sɔ atorɔ ahoni no,

wɔpo wɔn ara wɔn ADOM.

9 Na me deɛ, mede aseda nne

bɛbɔ wo afɔdeɛ,

deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛtua;

ɛfiri sɛ, nkwagyeɛ wɔ AWURADE!

10 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ apataa no maa ɔkɔfee Yona too asase pɛsɛɛ so.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

six + 6 =