Yona 4

Yona abufuo ne n’atenetene

1 Na asɛm yi anyɛ Yona dɛ koraa, na ne bo fui.

2 Na ɔbisaa AWURADE sɛ: Ao, AWURADE! ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase soɔ no mekaeɛ nie? Yei ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ meredwane akɔ Tarsis, ɛfiri sɛ menim sɛ wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, wo bo kyɛre fu na w’adɔeɛ dɔɔso, na wosesa w’adwene wɔ mmusuo a wode reba ho.

3 Na afei, AWURADE, gye me kra firi me nsam ɛ, na ɛyɛ ma me sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ sɛ wo bo fu anaa?

5 Na Yona firii adi firii kuro no mu, na ɔkɔtenaa kuro no apueeɛ, na ɔbɔɔ sese hɔ, na ɔtenaa aseɛ enwunu no mu sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛhunu adekodeɛ a ɛbɛyɛ kuro no.

6 Na Awurade NYANKOPƆN siesiee adedenkruma, na ɛfefɛ kataa Yona so maa n’atifi nyaa enwunu, sɛ ɛnyi no mfiri n’ahohiahia no mu. Na Yona ani gyee adedenkruma no ho kɛseɛ.

7 Na adeɛ kyeeɛ a owia reba abɛpue no, Onyankopɔn siesiee aboaa bi maa no fitii adedenkruma no mu maa no poe.

8 Na ɛbaa sɛ owia pueeɛ no, Onyankopɔn siesiee apueeɛ mframa a emu yɛ hyeɛ, na owia bɔɔ Yona atifi maa no tɔɔ piti. Na ɔsrɛɛ sɛ anka ɔnwu, na ɔse: Owuo yɛ ma me sene nkwa.

9 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yona sɛ: Ɛyɛ sɛ wo bo fuu adedenkruma no ho anaa? Na Yona buaa sɛ: Aane ɛyɛ sɛ me bo fu de kɔ owuo mu.

10 Na AWURADE kaa sɛ: Wo deɛ, adedenkruma no asɛm no yɛ wo ya, nso wonyɛɛ ɛho adwuma biara, na ɛnyɛ wo na womaa no nyiniiɛ, na ɛbaa anadwo koro na ɛsɛee anadwo koro.

11 Na me deɛ, Ninewe kuro kɛseɛ a nnipa bɛboro ɔpeha aduonu a wɔnnim nifa ne benkum ne afieboa pii nso wɔ mu no deɛ renyɛ me ya anaa?

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × 4 =