Yesaia 31

Misraim yɛ onipa, na ɛnyɛ Onyankopɔn. AWURADE gye nkwa 1 Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ soɔ, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam soɔ, sɛ ɛdɔɔso nti, ne apɔnkɔsotefoɔ so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel Kronkronni no soɔ, na AWURADE akyiri kwan […]

Yesaia 32

Ɔman no ahotɔ 1 Hwɛ, tenenee mu na ɔhene bi bɛdi hene, na asafohene nso, atemmuo mu na wɔbɛdi asafohene; 2 na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano huntabea ne osuo ano dwanekɔbea, sɛ nkyɛkyerɛ so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛseɛ nwunu. 3 Na wɔremfira adehunufoɔ ani, na wɔn a wɔte […]

Yesaia 33

Ɔsɛefoɔ ho duema 1 Due, ɔsɛefoɔ a wo deɛ, wɔnsɛee woɔ, ɔfatwafoɔ a wɔmfaa wo ntwaeɛ! Sɛ wogyae ɔsɛeɛ no a, wɔbɛsɛe wo, na sɛ wonya wie ɔfatwa a, wɔde wo bɛtwa. 2 O AWURADE, dom yɛn, wo na yɛtwɛn woɔ. Yɛ yɛn basa anɔpa biara, aane, yɛn nkwagyeɛ wɔ ahohia berɛ mu. 3 Hooyɛ […]

Yesaia 34

Atamfoɔ nyinaa ho atemmusɛm 1 Amanaman, montwe mpini mmɛtie, na mo, nkurɔfoɔ, monwɛn mo aso. Asase ne ne mayɛ ntie, wiase ne deɛ ɛfiri mu ba nyinaa. 2 Na AWURADE abohuro bɛba amanaman nyinaa so, na abufuhyeɛ aba wɔn dɔm nyinaa so, wadome wɔn de wɔn ama okum. 3 Na wɔn atɔfoɔ no, wɔbɛto wɔn […]

Yesaia 35

Ɔman no saneba 1 Ɛserɛ so ne nkyɛkyerɛ bɛnya anika, na anwea paradada adi ahurisie, na ahane sɛ nhyerɛne; 2 nhyerɛne ara na ɛbɛguo, ahosɛpɛ ne osebɔ mu ara na ɛbɛdi ahurisie; wɔde Lebanon animuonyam bɛma no, Karmel ne Saron nso bɛnya wɔn tumi, wɔn na wɔbɛhunu AWURADE animuonyam, yɛn Nyankopɔn tumi no. 3 Monhyɛ […]

Yesaia 36

Sanaherib tua Yerusalem 1 Na ɛbaa sɛ Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so dunan mu no, Asiriahene Sanaherib tu baa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa so bɛfae. 2 Na Asiriahene somaa Rabsake no no firii Lakis baa Yerusalem Ɔhene Hesekia nkyɛn, na ɔde dɔm a emu yɛ duro bae; na ɔbɛgyinaa atifi tareɛ a […]

Yesaia 37

Sanaherib nkoguo 1 Na ɛbaa sɛ Ɔhene Hesekia teeɛ no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔfiraa ayitoma, na ɔsii mu kɔɔ AWURADE fie. 2 Na ɔsomaa Eliakim a ɔdi efie no soɔ no ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ no mu mpanin a wɔfirafira ayitoma kɔɔ Amos ba Odiyifoɔ Yesaia nkyɛn, 3 na wɔkɔka kyerɛɛ no […]

Yesaia 38

Hesekia yadeɛ ne n’aseda dwom 1 Nna no mu no, Hesekia yaree owuyareɛ, na Amos ba Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu, na worennya nkwa. 2 Ɛnna Hesekia danee n’ani kyerɛɛ ɔfasuo, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: 3 Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ […]

Yesaia 39

Hesekia ahokyerɛ 1 Ɛberɛ no mu no, Babelhene Merodak-Baladan a ɔyɛ Baladan ba soma maa wɔde nwoma ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ ɔyaree na ne ho ayɛ no den. 2 Na Hesekia nyaa wɔn ho anigyeɛ, na ɔkyerɛɛ wɔn n’adekoradan, dwetɛ ne sika, ne nnuhwam ne ngo pa, ne n’akodeɛdan nyinaa ne […]

Yesaia 40

AWURADE gye ne man nkwa 1 Monkyekyere, monkyekyere me man werɛ! mo Nyankopɔn na ɔseɛ. 2 Monka abodwosɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akodie asa, sɛ wɔde ne mfomsoɔ akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya AWURADE nsam mmɔho. 3 Obi nne team sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, wɔ ɛserɛ so, montene anwea paradada […]