Nyamesom pa Asaf dwom. 1 Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE rekasa, na ɔfrɛ asase firi owia apueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ. 2 Sion, ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ no mu na Onyankopɔn firi hran. 3 Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrenyɛ komm. Ogya di n’anim rehye adeɛ, na ahum atu huu atwa ne ho ahyia. 4 Ɔrefrɛ ɔsorofoɔ firi ɔsoro […]
Category Archives: Nnwom
Nnwom 51
Dawid ahonu mpaebɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom; ɔkɔɔ Batseba ho a Odiyifoɔ Natan baa ne nkyɛn no, na ɔtoeɛ. 1 Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔeɛ teɛ no, wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti pepa me mmarato. 2 Hohoro me ho firi m’amumuyɛ mu koraa, na prapra me ho firi me bɔne mu. 3 Na […]
Nnwom 52
Amimfoɔ awieeɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid nnweneho dwom. Ɔtoe berɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid aba Ahimelek fie no. 1 Ɔkatakyie, adɛn na wohoahoa wo ho bɔne ho? Nyankopɔn adɔeɛ wɔ hɔ daa nyinaa. 2 Nkontomponi, wo tɛkyerɛma dwene mmusubɔ ho te sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahweɛ. 3 Wopɛ bɔne sene […]
Nnwom 53
Nnipa amumuyɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid nnweneho dwom. Wɔnto no “Mahalat” sankuo nne so. 1 Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Nyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, na wɔyɛ amumuyɛdeɛ a wɔkyire, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. 2 Onyankopɔn firi soro hwɛ nnipa mma, sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn […]
Nnwom 54
Atamfoɔ ho mpaebɔ ne aboadeɛ ma Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid nnweneho dwom. Ɔtoo no berɛ a Sififoɔ bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ: Dawid abɛhunta yɛn nkyɛn no. 1 Onyankopɔn, fa wo din so gye me, na fa wo tumi di m’asɛm ma me. 2 Onyankopɔn, tie me mpaebɔ, yɛ aso tie m’anomu […]
Nnwom 55
Deɛ ayɔnkofoɔ ayi no ama Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid nnweneho dwom. 1 Onyankopɔn, yɛ aso tie me mpaebɔ, na nhunta wo ho mfiri me nkotosrɛ ho. 2 Wɛn w’aso ma me, na gye me so. M’adwene mu nnwane wɔ m’abooboo mu, na mesi apini, 3 ɔtamfoɔ nne ne ɔbɔnefoɔ ahodwan nti. […]
Nnwom 56
Amanehunu mu anidasoɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid abebuo dwom. Wɔnto no “Yohat elem rehokim” sankuo nne so. Ɔtoe berɛ a Filistifoɔ kyeree no Gat no. 1 Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na ɔdasani repɛ me amene me, daa nyinaa ɔde ɔko hiahia me ho. 2 M’atɛfoɔ repɛ me amene me daa nyinaa, na nnipa pii ama […]
Nnwom 57
Nyankopɔn mu ahotosoɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid abebuo dwom. Wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Ɔtoo no ɔbodan no mu berɛ a ɔdwanee Saulo no. 1 Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo na me kra dwane bɛtoa woɔ, na wo ntaban ase nwunu mu na mepɛ me dwanekɔhyɛbea kɔsi sɛ ahohia yi […]
Nnwom 58
Onyankopɔn ne ɔtemmufoɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Dawid abebuo dwom. 1 Mo atumfoɔ, ampa ara, moka asɛntenenee anaa? O, nnipa mma, mobu atɛntenenee anaa? 2 Dabi, modi asɛmmɔne, akoma mu, mo nsam akakabensɛm na mokari de ma, asase soɔ. 3 Abɔnefoɔ bɔ ko firi ɔyafunum, wɔfiri wɔn na yam […]
Nnwom 59
Dwom a ɛtia nkɔnkɔnsa Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Dawid abebuo dwom. Ɔtoo no berɛ a Saulo soma baa ne fie sɛ wɔnku no no. 1 Me Nyankopɔn, gye me firi m’atamfoɔ nsam, bɔ me ho ban, wɔn a wɔsɔre tia me no ho. 2 Gye me amumuyɛfoɔ mu, na […]