Nnwom 131

Ahobrɛaseɛ ne abodwoɔ Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. 1 AWURADE, m’akoma nyɛ dwaeɛ, na m’ani ntra ne ntɔn, na menyɛ apɔmpɔmpɛ, na menhwehwɛ anwanwadeɛ a ɛkyɛne me. 2 Ampa, madwodwo me kra mama no ayɛ komm, sɛ ɔba a wɔatwa no nufoɔ a ɔwɔ ne na ho; aane me kra te sɛ ɔba a wɔatwa no […]

Nnwom 132

Mpaeɛ a Dawid nti wɔbɔ ma Sion Ɔsoroforɔ dwom. 1 AWURADE, kae Dawid brɛ nyinaa ma no, 2 sɛdeɛ ɔkaa AWURADE ntam, na ɔhyɛɛ Yakob tumfoɔ no bɔ sɛ: 3 Merenkɔ me fie ntomadan mu, meremforo me mpa so mpia mu, 4 meremma m’anisuatɛtɛ rentɔ nko, nso merenna 5 kɔsi sɛ mɛnya baabi mama AWURADE, […]

Nnwom 133

Anuanom baakoyɛ mu nhyira Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. 1 Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena faako. 2 Ɛte sɛ aboɔden ngo pa a wɔhwie guu Aaron apampamu, ɛsiane guu n’abɔdwesɛ mu, na ɛsiane guu n’atadeɛ mmuano so. 3 Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛsiane gu Sion mmepɔ soɔ, na […]

Nnwom 135

Nyankopɔn tumi ne ahoni mmerɛyɛ 1 Monyi AWURADE ayɛ. Monyi AWURADE din ayɛ, AWURADE nkoa, monyi no ayɛ, 2 mo a mogyina AWURADE fie, yɛn Nyankopɔn fie adihɔ. 3 Monyi AWURADE ayɛ, na AWURADE yɛ, monto dwom mma ne din, na ɛyɛ dɛ. 4 Na AWURADE ayi Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne deɛ. 5 […]

Nnwom 136

Nyankopɔn animuonyam wɔ abɔdeɛ ne abakɔsɛm mu 1 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. 2 Monna anyame mu Nyankopɔn ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. 3 Monna awuranom mu AWURADE no ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. 4 Deɛ ɔno nko ara yɛ anwanwadeɛ akɛseɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. 5 […]

Nnwom 137

Babel nsubɔntene ho sufrɛ 1 Babel nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtenaeɛ na yɛsuiɛ berɛ a yɛkaee Sion no. 2 Ɛhɔ nsukakye nnua no so na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ. 3 Na ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom bi, na yɛn ateeteefoɔ pɛɛ yɛn hɔ anigyeɛ sɛ: Monto Sion dwom bi nkyerɛ yɛn. 4 Ɛbɛyɛ […]

Nnwom 138

Nyankopɔn adɔeɛ ne ne nokorɛdie ho aseda Dawid deɛ. 1 Mede m’akoma nyinaa bɛda wo ase, anyame no anim mɛto wo dwom. 2 Mɛkoto makyerɛ w’asɔrefie kronkron no, na mada wo din ase, w’adɔeɛ ne wo nokorɛ ho, sɛ woama w’asɛm aso atra wo din nyinaa. 3 Da a mesu mefrɛeɛ no, wogyee me so, […]

Nnwom 139

Onyankopɔn yɛ honhom Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. 1 AWURADE, wohwehwɛ me mu, na wohu me. 2 Wo na wonim m’asetena ne me sɔreɛ, wohunu m’adwene mu akyirikyiri. 3 Wohwehwɛ me nanteɛ ne me nna mu, na wonim m’akwan nyinaa mu yie. 4 Na asɛm biara nni me tɛkyerɛma so gye deɛ wo, AWURADE, wonim […]

Nnwom 140

Banbɔ ho mpaebɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. 1 AWURADE, yi me firi onipa bɔne nsam, bɔ me ho ban, ɔbarima ɔboɔdurufoɔ ho. 2 Wɔn na wɔdwene akoma mu bɔne, daa nyinaa wɔka ɔko. 3 Wɔse wɔn tɛkyerɛma ano sɛ ɔwɔ, ahuritia borɔ wɔ wɔn se ano. 4 AWURADE, hwɛ me so firi ɔbɔnefoɔ nsam, […]