Nehemia 6

Atamfoɔ no taa

1 Na Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfoɔ nkaeɛ no tee sɛ mato ɔfasuo no na tokuro biara nni mu bio no, (nanso berɛ no mu na mensisii apono no, kuro apono no ano),

2 Sanbalat ne Gesem soma maa wɔbaa me nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetatraa no mu. Na wɔn deɛ, bɔne na wɔredwene no me ho.

3 Na mesomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Adwuma kɛseɛ na mereyɛ yi, na mentumi mensiane memma. Ɛdeɛn nti na adwuma no nna hɔ na mennya no hɔ nsiane mmra mo nkyɛn?

4 Na wɔsoma maa wɔbaa me nkyɛn saa ara mprɛnnan, na mebuaa wɔn saa ara.

5 Ɛnna Sanbalat somaa ne somfoɔ maa no baa me nkyɛn deɛ ɛtɔ so nnum, na nwoma a ano da hɔ kura ne nsam.

6 Wɔatwerɛ no emu sɛ: Wɔkeka no amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafoɔ redwene atuateɛ, ɛno nti na woreto ɔfasuo no yi, na wo nso worepɛ ɔhene adi, sɛdeɛ nsɛm yi teɛ no.

7 Nanso woahyehyɛ adiyifoɔ a wɔbɛpae wo ho asɛm wɔ Yerusalem sɛ: Ɔhene bi wɔ Yuda. Na afei ɔhene aso bɛte no sɛdeɛ nsɛm yi teɛ. Na afei bra na yɛnhyia ntu agyina.

8 Ɛnna mesoma maa wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka.

9 Na wɔn nyinaa, ehu nko ara na na wɔyi yɛn sɛ: Wɔn nsam bɛgo afiri adwuma no ho, na wɔanyɛ. Na afei, Onyankopɔn hyɛ me nsam den.

10 Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fie, na ɔno deɛ, na wato ne ho pono mu. Na ɔkaa sɛ: Ma yɛnhyia Nyankopɔn fie asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apono mu, ɛfiri sɛ wɔreba abɛku wo. Anadwo na wɔbɛba abɛku woɔ.

11 Na mese: Ɔbarima a ɔte sɛ me bɛdwane? Na hwan na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛne asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ.

12 Na mekarii, na hwɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no, na nkɔm a ɔhyɛ tiaa me yi, na Tobia ne Sanbalat na abɔ no paa.

13 Deɛ enti a wɔbɔɔ no paa ne sɛ, mensuro na menyɛ saa, na menyɛ bɔne, na wɔanya dimmɔne bi abɔ de asopa me.

14 Me Nyankopɔn, kae Tobia ne Sanbalat sɛdeɛ wɔn nnwuma yi teɛ, ne Odiyifoɔ baa Noadia nso ne adiyifoɔ no a anka wɔrepɛ ayi me hu no.

Wɔwie ɔfasuo no to

15 Na wɔde nna aduonum mmienu na wɔwiee ɔfasuo no bosome Elulda a ɛtɔ so aduonu nnum mu.

16 Na yɛn atamfoɔ nyinaa teeɛ no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no suroe, na wɔtɔɔ sini wɔn ani so sɛ, na wɔhunuu sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wɔfiri bɛyɛɛ adwuma yi.

17 Nso nna no mu no, Yuda mmapɔmma no mu pii manee Tobia nwoma, na Tobia nso deɛ baa wɔn nkyɛn,

18 na Yuda mu nnipa pii asuae akyerɛ no, ɛfiri sɛ Arah ba Sekania ase ne no, na ne ba Yohanan aware Berekia ba Mesulam babaa.

19 Nso wɔbɛkaa ne nnwuma pa wɔ m’anim, na wɔkɔkaa me nsɛm nso kyerɛɛ no. Na nwoma no deɛ, Tobia de manee sɛ ɔde rebɛyi me hu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 + 9 =