Nehemia 2

Nehemia akwannya ne ne tumi

1 Na Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu, bosome Nisanmu no, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so de maa ɔhene no. Nso na menyɛɛ m’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.

2 Na ɔhene bisaa me sɛ: Ɛfiri deɛn so na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ sɛɛ, na wonyareɛ nso? Yei nyɛ hwee sɛ akoma mu awerɛhoɔ. Na mesuroo pii pa ara,

3 na mesee ɔhene no sɛ: Ɔhene nkwa so kɔsi daa. Ɛdeɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kuro a m’agyanom adamena wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahye n’apono no.

4 Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdeɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpaeɛ,

5 na mesee ɔhene no sɛ: Sɛ ɛyɛ ɔhene ani sɔ, na sɛ w’akoa anya w’anim adom a, anka woasoma me Yuda, ama makɔ m’agyanom adamena kuro no mu makɔkyekyere bio.

6 Na ɔhene ne (ɔhemmaa a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ): Wo korɔ no bɛkyɛre akɔsi da bɛn, na da bɛn na wobɛsane aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ ɔbɛgya me kwan; na mehyɛɛ no da.

7 Na mesee ɔhene no sɛ: Sɛ ɛsɔ ɔhene ani a, ma wɔmma me nwoma, na memfa menkɔma asuogya amradofoɔ no, sɛ wɔnnya me kwan nkɔsi sɛ mɛduru Yuda,

8 ne nwoma nso a mede bɛkɔ akɔma ɔhene kwaeɛhwɛfoɔ Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ efie no ho apono no mpuna, ne kuro no fasuo no deɛ, ne efie a merekɔ mu no deɛ no. Na me Nyankopɔn ayamyɛ nsa a ɛwɔ me soɔ no nti, ɔhene no maa me.

9 Na meduruu asuogya amradofoɔ no nkyɛn, na mede ɔhene nwoma no memaa wɔn. Nso na ɔhene asoma dɔm asafohene bi ne apɔnkɔsotefoɔ aka me ho.

10 Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, teeɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiedie ama Israelfoɔ.

Ɔkɔhwɛ Yerusalem afasuo no

11 Na mebaa Yerusalem, na medii hɔ nnansa.

12 Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso na menkaa deɛ Onyankopɔn de ahyɛ m’akoma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa biara, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete ne soɔ no.

13 Na mefaa Bonhwa Pono no mu mefirii adi anadwo no mefaa ntweaseɛ nsuo aniwa no anim mekɔɔ Sumina Pono ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasuo a abubuo ne n’apono a wɔde ogya ahyeɛ no.

14 Na mesene mekɔɔ Nsuo aniwa Pono no ano ne Ɔhene Tadeɛ ho, nanso na m’aboa a mete no soɔ no nnya baabiara mfa.

15 Ɛnna anadwo no meforoo subonhwa no mekɔhwɛɛ ɔfasuo no, na mesane mefaa Bonhwa Pono no mu mebaa bio.

16 Na mmapɔmma no nnim deɛ mekɔeɛ ne deɛ meyɛeɛ. Na Yudafoɔ, asɔfoɔ, mmakoma, mmapɔmma ne nkaeɛ a wɔbɛyɛ adwuma no, na mennya menka menkyerɛɛ wɔn.

Wɔsi agyinaeɛ wɔ fasuo no toɔ ho

17 Ɛnna mesee wɔn sɛ: Mo ara mohunu amaneɛ a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apono nso, wɔde ogya ahyeɛ. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasuo no, na yɛanyɛ ahohora bio.

18 Na meka kyerɛɛ wɔn me Nyankopɔn nsa a ɛyɛ wɔ me soɔ, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wɔkaa sɛ: Momma yɛnsɔre na yɛnsi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.

19 Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabni Gesem teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛw, na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: Asɛm bɛn na moredie yi? Ɔhene anim atua na moreteɛ yi?

20 Na meyii wɔn ano sɛ: Ɔsoro Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛma no asi yɛn yie, na yɛn ne nkoa bɛsɔre asi, na mo deɛ, monni kyɛfa ne tumi ne nkaeɛ biara wɔ Yerusalem.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

seven + nine =