Nehemia 4

1 Na Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo hurui na ɔnyaa abufuo pii pa ara, na ɔdii Yudafoɔ no ho fɛw.

2 Na ɔkaa no ne nuanom ne Samaria dɔm no anim sɛ: Ɛdeɛn na Yudafoɔ bɛtɛbɛtɛɛfoɔ yi reyɛ yi? Wɔbɛsiesie nnoɔma? Wɔbɛbɔ afɔdeɛ? Wɔbɛwie no da koro? Wɔbɛnyanenyane aboɔ no afiri nkunkumaboɔ akuakuo a ahyehyeɛ no mu?

3 Na Amonni Tobia a ɔgyina ne nkyɛn no kaa sɛ: Deɛ wɔretoɔ yi mpo, sɛ sakraman foro a, ɔbɛbu wɔn aboɔ fasuo no.

4 Tie, yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛabɔ adapaa, na dane wɔn ahohora bua wɔn atifi, na fa wɔn yɛ asadeɛ nnommumfa asase so,

5 na nkata wɔn amumuyɛ so, na wɔn bɔne nso, mma wɔmmpepa no w’anim, na wɔafu wo bo abantofoɔ no anim.

6 Na yɛtoo ɔfasuo no, na wɔtoatoaa ɔfasuo no nyinaa so kɔduruu ne fa so, ɛfiri sɛ, na ɔman no wɔ adwene pa ma adwuma no.

Atamfoɔ no ntua ho atirimpɔ

7 Na Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ no tee sɛ wɔretoatoa Yerusalem afasuo no ahyia, na wɔafiri aseɛ retuatua ntokuro no, wɔn bo fuu sɛ,

8 na wɔn nyinaa kɔɔ apam yɛɛ baako sɛ wɔrebɛne Yerusalem ako, na wɔayɛ no sakasaka.

9 Na yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpaeɛ, na wɔn nti, yɛsisii awɛmfoɔ awia ne anadwo, wɔn anim.

10 Na Yuda kaa sɛ: Nnesoasoafoɔ no ahoɔden so ahwan, nkunkumaboɔ no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto ɔfasuo no.

11 Na yɛn ahohiahiafoɔ no kaa sɛ: Mommma wɔnnte na wɔnnhunu kɔsi sɛ yɛbɛduru wɔn mu akunkum wɔn ama adwuma no to atwa.

12 Na Yudafoɔ a wɔtete wɔn ho no firi nkuro no nyinaa mu bɛka kyerɛɛ yɛn bɛyɛ mprɛdu sɛ: Wɔrepam yɛn ho apam bɔne.

13 Ɛnna mede nnipa sisii aseɛ aseɛ hɔnom, ɔfasuo no akyi, deɛ ɛhɔ deda hɔ no, na mede ɔman no sisii sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, wɔkurakura wɔn nkrantɛ ne wɔn mpea ne wɔn tadua.

14 Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na mesee mmakoma ne mpanimfoɔ ne ɔman no nkaeɛ sɛ: Monnsuro wɔn, AWURADE kɛseɛ a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo yerenom ne mo afie.

15 Na yɛn atamfoɔ no tee sɛ wɔabɛka akyerɛ yɛn no, Onyankopɔn maa wɔn agyina no yɛɛ ɔkwa. Na yɛn nyinaa sane baa ɔfasuo no ho, bɛtoaa yɛn adwuma so.

16 Na ɛfiri da no, me mmeranteɛ fa fraa mu yɛɛ adwuma, na wɔn mu fa nso kurakuraa mpea ne akyɛm ne tadua wɔn amiadeɛ mu, na asafohene no gyinaa Yuda fie nyinaa akyi.

17 Wɔn a wɔtotoo ɔfasuo no ne wɔn a wɔsoso nnesoa ne wɔn a wɔsoasoaa wɔn no, wɔde nsa baako reyɛ adwuma, na wɔde baako kura akodeɛ mu.

18 Na wɔn a wɔtoɔ no nyinaa bobɔ wɔn nkrantɛ wɔ wɔn asene na na wɔde retoɔ. Na ntotorobɛntohyɛnfoɔ wɔ me nkyɛn.

19 Na mesee mmapɔmma ne mpanimfoɔ ne ɔman no nkaeɛ sɛ: Adwuma no dɔɔso, na emu trɛ na yɛn nso yɛapaepae yɛn mu ɔfasuo no so, onipa ne ne yɔnko ntam ware.

20 Enti baabiara a mobɛte totorobɛnto nka no, ɛhɔ na mommoa mo ano mmɛhyia yɛn nkyɛn, yɛn Nyankopɔn bɛko ama yɛn.

21 Saa na yɛyɛɛ adwuma. Na wɔn mu fa kurakuraa mpea firi adekyeeɛ kɔsi sɛ nsoromma pue.

22 Nso berɛ no ara mu no, mesee ɔman no sɛ: Onipa biara ne ne somfo nna Yerusalem, na wɔnyɛ yɛn awɛmfoɔ anadwo ne adwumayɛfoɔ awia.

23 Na me ne me nuanom ne m’asomfoɔ ne awɛmfoɔ a wɔdi m’akyire no, yɛanyiyi yɛn ntadeɛ, obiara kura n’akodeɛ wɔ ne nsa nifa mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

eighteen + four =