Ester 2

Wɔde Ester si ɔhemmaa

1 Nsɛm yi akyiri a Ɔhene Akas-weros abufuo no ano dwoeɛ no, ɔkaee Wasti ne deɛ ɔyɛeɛ ne deɛ wɔahyɛ atia no no.

2 Na ɔhene asomfo a wɔsom no no kaa sɛ: Ma wɔnhwehwɛ mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ mma ɔhene,

3 na ɔhene nsisi ahwɛfoɔ n’ahennie nsase nyinaa so, na wɔnhyiahyia mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ nyinaa mmra Susa aban mu, mmaa fie, ɔhene piani Hegai a ɔhwɛ mmaa soɔ no nkyɛn, na wɔmma wɔn wɔn nku.

4 Na ababaa a ɔbɛsɔ ɔhene ani no nni hemmaa nsi Wasti ananmu. Na asɛm no sɔɔ ɔhene ani, na ɔyɛɛ saa.

5 Nso na Yudani bi wɔ Susa ahenkuro mu a na ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba

6 a wɔtuu no firii Yerusalem ne nnommum a wɔtuu wɔn ne Yudahene Yekonia a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn kɔeɛ no mu baako.

7 Na ɔno na ɔyɛnee n’agya nua ba Hadasa a ɔne Ester, ɛfiri sɛ na ɔnni agya ne ɛna; na ababaa no ho yɛ fɛ, na n’anim nso te. Na n’agya ne ne na wuwuiɛ no, Mordekai faa no yɛɛ ne ba.

8 Na wɔtee ɔhene no asɛm ne ne mmara no, wɔhyiahyiaa mmabaa pii baa Susa ahenkuro de wɔn hyɛɛ Hegai nsa, na wɔde Ester nso baa ɔhene fie de no bɛhyɛɛ mmaa no hwɛfoɔ Hegai nsa.

9 Na ababaa no sɔɔ n’ani, na ɔnyaa n’anim animuonyam; na ɔyɛɛ ntɛm de ne nku ne ne nnuane maa no, na ɔde mmabaa nson a wɔyii wɔn firii ɔhene fie maa no, na ɔde no ne mmabaa no kɔtenaa deɛ ɛhɔ yɛ wɔ mmaa no fie.

10 Nso na Ester nnya nkyerɛɛ ne man ne n’abusua, ɛfiri sɛ Mordekai ahyɛ no sɛ ɔnnkyerɛ.

11 Na da biara Mordekai kɔnante mmaa fie no abannwa no anim, na wahunu sɛ Ester te yie, ne deɛ wɔde no bɛyɛ.

12 Na ɛduru mmabaa no biara so a, ɔkɔ Ɔhene Akas-weros nkyɛn. Nso wɔyɛɛ no sɛdeɛ mmaa no ahosiesie mmara teɛ kɔsii sɛ abosome dummienu duruiɛ ansa. Na sɛdeɛ wɔn sra nna dodoɔ teɛ no, wɔde kurobo bɔɔ no abosome nsia, na wɔde nnuhwam ne mmaa nku sraa no abosome nsia nso.

13 Na ababaa no de saa kɔ ɔhene nkyɛn a biribiara a ɔpɛ sɛ ɔde firi mmaa no fie kɔ ɔhene fie no, wɔde ma no.

14 Anadwofa na ɔkorɔ, na anɔpa na ɔsane kɔ mmaa fie a ɛtɔ so mmienu, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafoɔ so aseɛ no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no.

15 Na ɛduruu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya ne nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no soɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye deɛ Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmaa no soɔ no tuu no fo wɔ ho. Na Ester nyaa wɔn a wɔhunuu no nyinaa anim animuonyam.

16 Na wɔde Ester kɔɔ Ɔhene Akas-weros nkyɛn n’ahemfie, bosome a ɛtɔ so du a ɛne bosome Tebetno mu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nson no mu.

17 Na ɔhene no dɔ Ester sene mmaa no nyinaa, na ɔnyaa animuonyam ne adom n’anim sene mmabaa no nyinaa, na ɔde ɔhemmaadie abotire no hyɛɛ ne ti, na ɔde no sii Ɔhemmaa Wasti ananmu.

18 Ɛnna ɔhene no too pono kɛseɛ maa ne mmapɔmma ne ne nkoa nyinaa. Yei ne Ester apontoɔ. Na ɔde amantam no toɔ kyɛɛ wɔn, na ɔkyekyɛɛ adeɛ sɛdeɛ ɛfata ɔhene.

Mordekai yi atirisopam bi adi

19 Na wɔhyiahyiaa mmabaa no ne mprenu soɔ no, na Mordekai te ɔhene ponkɛseɛ no mu.

20 Na Ester nnya nkyerɛɛ n’abusua ne ne man, sɛdeɛ Mordekai hyɛɛ no no; ɛfiri sɛ na Ester di Mordekai asɛm so sɛ berɛ a na ɔhwɛ ne soɔ no.

21 Nna a Mordekai te ɔhene ponkɛseɛ no mu no, Bigtan ne Teres, ɔhene mpiafoɔ baanu a wɔfiri wɔn a wɔwɛn ɔpono ano no mu no, bo hurui, na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkum Ɔhene Akas-weros.

22 Na Mordekai tee asɛm no, na ɔkɔka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester, na Ester de Mordekai din kɔka kyerɛɛ ɔhene.

23 Ɛnna wɔhwehwɛɛ asɛm no mu, na wɔhunuu sɛ ɛyɛ nokorɛ no, wɔsensɛnee wɔn baanu no dua so. Na wɔtwerɛ hyɛɛ Berɛsosɛm Nwoma no mu ɔhene anim.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twenty − eleven =