Ester 9

Yudafoɔ nkwagyeɛ ne wɔn aweretɔ

1 Na bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa no a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu sɛ wɔdi soɔ no, da no ara a Yudafoɔ atamfoɔ ani daa so sɛ wɔbɛdi Yudafoɔ so no danee sɛ Yudafoɔ no mmom na wɔdii wɔn atamfoɔ no soɔ,

2 Yudafoɔ no boaboaa wɔn ano hyiaa wɔn nkuro mu, Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa so, sɛ wɔde wɔn nsa bɛgu wɔn a wɔpɛ wɔn bɔne no so. Na obiara annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ na wɔn ho hu aka amanaman no nyinaa.

3 Na nsase no so mmapɔmma ne amradofoɔ akɛseɛ ne nkumaa ne wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nyinaa boaa Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ na Mordekai ho hu aka wɔn.

4 Na Mordekai yɛ onipa kɛseɛ ɔhene no fie, na ne nka hyetaa nsase no nyinaa so, na ɔbarima Mordekai no kɔɔ so ara wɔ tumi mu.

5 Na Yudafoɔ no de afena ano ne okum ne ɔsɛeɛ kaa wɔn atamfoɔ nyinaa, na wɔyɛɛ wɔn atamfoɔ no sɛdeɛ wɔpɛ.

6 Na Susa ahenkuro no mu no, Yudafoɔ no kumm na wɔsɛee mmarima ahanum.

7 Na Parsandata, Dalfon, Aspata,

8 Porata, Adalia, Aridata,

9 Parmasta, Arisai, Aridai ne Waisata,

10 Yudafoɔ hohiahiafoɔ Hamedata ba Haman ne mmammarima du no nso, wɔkunkumm wɔn, na fomfa adeɛ no deɛ, wɔamfa wɔn nsa anka.

11 Da no ara nnipa a wɔkunkumm wɔn Susa ahenkuro mu no dodoɔ bɛduruu ɔhene no aso mu.

12 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester sɛ: Susa ahenkuro mu na Yudafoɔ akunkum na wɔasɛe mmarima ahanum ne Haman mmammarima du no, na ɛdeɛn na wɔayɛ ɔhene nsase a aka no soɔ? Nanso ɛdeɛn ne deɛ wosrɛ na wɔmma wo, na ɛdeɛn ne deɛ woda so repɛ na wɔnyɛ?

13 Na Ester se: Sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔnnya Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no kwan nso ɔkyena, na wɔnyɛ sɛdeɛ ɛnnɛ mmara no teɛ, na Haman mma du no, wɔnsensɛne wɔn dua no so.

14 Na ɔhene no kaa sɛ wɔnyɛ saa, na wɔhyɛɛ mmara no wɔ Susa, na wɔsensɛnee Haman mmammarima du no.

15 Na Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no boaboaa wɔn ano bosome Adar da a ɛtɔ so dunan no soɔ nso, na wɔkunkumm mmarima ahasa Susa. Na fomfa adeɛ no deɛ, wɔamfa wɔn nsa anka.

16 Na Yudafoɔ no nkaeɛ a wɔwɔ ɔhene no nsase no soɔ no nso boaboaa wɔn ano hyiae, na wɔperee wɔn nkwa, na wɔnyaa wɔn atamfoɔ ho asomdwoeɛ, na wɔkunkumm wɔn atamfoɔ no mu nnipa mpemaduɔson nnum, na fomfa adeɛ no deɛ, wɔamfa wɔn nsa anka,

17 bosome Adar da a ɛtɔ so dummiɛnsa mu, na wɔnyaa ɔhome, ne da a ɛtɔ so dunan no so. Na wɔde yɛɛ apontoɔ ne anigyeɛ da.

Wɔhyɛ Purim afahyɛ ase

18 Na Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no boaboaa wɔn ano, ne da a ɛtɔ so dummiɛnsa ne ne da a ɛtɔ so dunan so, na wɔhomee ne da a ɛtɔ so dunum mu, na wɔde yɛɛ apontoɔ ne anigyeɛ da.

19 Enti Yudafoɔ a wɔwɔ nkuraaseɛ no, wɔn a wɔtete nkuro a ɛho nni afasuo mu no de bosome Adar da a ɛtɔ so dunan no yɛ anigyeɛ ne apontoɔ da ne dapa a wɔde nnoɔma mema wɔn ho wɔn ho.

20 Na Mordekai twerɛɛ nsɛm yi, na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔmaa Yudafoɔ a wɔwɔ Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa soɔ no nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no,

21 sɛ wɔmma yei ntim wɔn tirim sɛ wɔbɛdi bosome Adar da a ɛtɔ so dunan, ne ne da a ɛtɔ so dunum no daa afe,

22 sɛ nna a Yudafoɔ nyaa mu home firii wɔn atamfoɔ nsam, ne bosome a ɛdanee wɔn firii awerɛhoɔ mu kɔɔ anigyeɛ mu, na ɛfirii abooboodie mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontoɔ ne anigyeɛ ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafoɔ adekyɛ nna.

23 Na Yudafoɔ no sɔɔ deɛ wɔafiri aseɛ reyɛ ne deɛ Mordekai twerɛ brɛɛ wɔn no mu,

24 sɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba, Yudafoɔ no nyinaa tamfo no, dwenee Yudafoɔ no ho sɛ ɔbɛsɛe wɔn, na ɔtwee Pur, ɛne ntonto, sɛ ɔbɛdwerɛ wɔn na wasɛe wɔn,

25 na Ester baa ɔhene anim no, ɔkaa no nwoma no mu, sɛ Haman adwemmɔne a ɔdwenee no Yudafoɔ ho no nsane mmɛbua n’atifi, na wɔnsɛne no ne ne mma dua no so.

26 Enti wɔfrɛɛ nna yi Purim, sɛdeɛ Pur din no teɛ. Enti nso, nwoma yi mu nsɛm no nyinaa ne deɛ wɔhunuu no asɛm yi mu ne deɛ ɛtɔɔ wɔn soɔ no nti,

27 Yudafoɔ no maa no timii, na wɔde too wɔn ho ne wɔn asefoɔ ne wɔn a wɔde wɔn ho bɛbataa wɔn ho nyinaa so, sɛ wɔmmma nna yi mmienu nntwa mu a wɔrenni no sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn berɛ a wɔahyɛ no daa afe nyinaa no teɛ.

28 Na wɔnkae nna yi, na wɔnni no awoɔ ntoatoasoɔ, mmusua, nsase ne nkuro nyinaa so, na Purim nna yi nntwa Yudafoɔ no tiri so, na ne nkaeɛ nso to nntwa wɔn asefoɔ mu.

29 Na Ɔhemmaa Ester a ɔyɛ Abihail ba no ne Yudani Mordekai de tumi nyinaa twerɛe, sɛ wɔbɛma Purim nwoma a ɛtɔ so mmienu yi atim.

30 Na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔmaa Yudafoɔ nyinaa wɔ Ɔhene Akas-weros ahennie nsase ɔha aduonu nson no so, ɔmannwoeɛ ne nokorɛdie nsɛm,

31 sɛ wɔde rema Purim nna yi atim, ne berɛ a wɔahyɛ no mu, sɛdeɛ Yudani Mordekai ne Ɔhemmaa Ester ahyɛ wɔ wɔn mu no, ne sɛdeɛ wɔama mmuadadie ne wɔn sufrɛ nsɛm no atim, wɔn kra ne wɔn asefoɔ mu no.

32 Na Ɔhemmaa Ester mmara na ɛtintimm Purim no ho nneyɛɛ nyinaa; na wɔatwerɛ ne nyinaa nso.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

three + eight =