Ester 4

Yudafoɔ awerɛhoɔ ne mmuadadie

1 Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden.

2 Na ɔkɔɔ ɔhene ponkɛseɛ anim; nso na obiara nni ho kwan sɛ ɔfira ayitoma de hyɛne ɔhene ponkɛseɛ no mu.

3 Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu hɔ no, abooboodie kɛseɛ, ne mmuadadie, ne esu ne adwotwa baa Yudafoɔ no mu, na nnipa pii dedaa ayitoma ne nso mu.

4 Ɛnna Ester mmabaa ne ne mpiafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no. Na ɔhemmaa no bɔɔ birim papa, na ɔsomaa sɛ wɔmfa ntadeɛ nkɔhyɛ Mordekai, na wɔnyi ne ho ayitoma no, nanso wannye.

5 Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene mpiafoɔ no mu baako a wayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn, na wahunu adekodeɛ ne deɛ ɛfiri soɔ.

6 Na Hatak firii adi kɔɔ Mordekai nkyɛn, kuro no mpraeɛ a ɛda ɔhene ponkɛseɛ anim no so.

7 Na Mordekai kaa no deɛ ato no no nyinaa ne dwetɛ dodoɔ a Haman aka sɛ Yudafoɔ no nti ɔbɛkari agu ɔhene akoradeɛ mu sɛ wɔnsɛe wɔn no.

8 Na Mordekai de mmara a wɔhyɛɛ no wɔ Susa sɛ wɔnsɛe wɔn no atwerɛ nhwɛsoɔ maa no, sɛ ɔmma Ester nhunu, na ɔnka nkyerɛ no, na ɔnhyɛ no sɛ ɔnkɔ ɔhene nkyɛn nkɔkoto nsrɛ no, na ɔnsrɛ wɔ n’anim mma ne man.

Wɔsrɛ Ester hɔ mmoa

9 Na Hatak ba bɛkaa Mordekai nsɛm no kyerɛɛ Ester.

10 Ɛnna Ester ka kyerɛɛ Hatak na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn sɛ,

11 ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfoɔ nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbaa biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abannwa soɔ a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara baako pɛ na ɛwɔ hɔ, ɛne sɛ wɔku no, gye deɛ ɔhene bɛtene sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena aseɛ no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.

12 Na wɔkɔkaa Ester nsɛm no kyerɛɛ Mordekai.

13 Na Mordekai kaa sɛ wɔnkɔbua Ester sɛ: Nsusu sɛ wobɛfiri mu afi wɔ ahemfie, Yudafoɔ nyinaa mu;

14 na mmom sɛ womua w’ano berɛ yi mu a, ɛnneɛ mmoa ne ɔgyeɛ bɛsɔre afiri baabi ama Yudafoɔ, na wo ne w’agya fie deɛ, mobɛsɛe; na hwan na ɔnim sɛ ɛberɛ a ɛte sɛɛ yi nti na wo nsa aka ahennie no?

15 Ɛnna Ester kaa sɛ wɔnkɔbua Mordekai sɛ:

16 Kɔhyia Yudafoɔ a wɔhu wɔn Susa nyinaa boa ano, na me nti monni mmuada, na monnnidi na monnnom nnansa anadwo ne awia. Me nso, me ne me mmaawa bɛdi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara soɔ; na sɛ meyera a, mayera.

17 Na Mordekai sane kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Ester hyɛɛ no no nyinaa.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

one + nineteen =