Akannifoɔ 10

Tola ne Yair ho asɛm 1 Na Abimelek akyiri no, deɛ ɔsɔre bɛgyee Israel ne Pua ba Tola a ɔyɛ Isakarni Dodo ba; na ɔtenaa Samir, Efraim bepɔ so. 2 Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ aduonu mmiɛnsa. Na ɔwui, na wɔsiee no Samir. 3 Na n’akyiri no, Gileadni Yair sɔree, na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ […]

Akannifoɔ 11

Yefta, ne nkonimdie ne ne bɔhyɛ 1 Na Gileadni Yefta yɛ ɔbarima a ɔyɛ nam, nanso ɔyɛ ɔbaa dwamamfoɔ bi ba, na Gilead na ɔwoo Yefta. 2 Na Gilead yere woo mmammarima maa no, na ɛyerɛ no mma nyinyiniiɛ no, wɔpamm Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Worennya awunnyadeɛ yɛn agya fie, ɛfiri sɛ ɔbaa […]

Akannifoɔ 14

Samson awadeɛ ne n’aborɔme no 1 Na Samson siane kɔɔ Timna, na ɔkɔhunuu ɔbaa bi wɔ Timna a ɔyɛ Filistifoɔ mmammaa no bi. 2 Na ɔforo ba bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makɔhunu ɔbaa bi wɔ Timna, Filistifoɔ mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware. 3 Na n’agya ne ne na ka […]

Akannifoɔ 15

Samson ne nsakraman ahasa no 1 Na ɛbaa sɛ ɛkyɛree kakra no, ayuotwa berɛ mu no, Samson de abirekyie ba kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ ne yere anim, na ɔkaa sɛ: Mɛkɔ me yere nkyɛn pia mu. Nanso ɔbaa n’agya amma no kwan amma no ankɔ mu. 2 Na ɔbaa n’agya kaa sɛ: Me deɛ, mese wompɛ […]

Akannifoɔ 16

Samson soa Gasa apono kɔ 1 Na Samson sii mu kɔɔ Gasa, na ɔkɔhunuu ɔbaa dwamamfoɔ bi hɔ, na ɔkɔɔ ne nkyɛn. 2 Na wɔka kyerɛɛ Gasafoɔ no sɛ: Samson aba ha, na wɔtwaa ne ho hyiae, na wɔtɛɛ no anadwo no kuro no pono ano, na wɔtaree dinn anadwo no nyinaa kaa sɛ: Adeɛ […]

Akannifoɔ 19

Gibeafoɔ mmusuo 1 Na nna no mu a ɔhene biara nni Israel no, na Lewini bi wɔ hɔ, na ɔkɔyɛɛ hɔhoɔ Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi na ɔkɔfaa mpena bi firii Betlehem Yuda. 2 Na ne mpena no firii n’akyi kɔbɔɔ adwaman, na ɔfirii ne nkyɛn kɔɔ n’agya fie Betlehem Yuda na ɔkɔdii […]

Akannifoɔ 20

Benyamin so asatuo 1 Ɛnna Israelfoɔ nyinaa tuiɛ, na asafo no ano bɛhyiaa sɛ onipa baako, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa AWURADE nkyɛn. 2 Na ɔman no nyinaa, Israel mmusuakuo nyinaa mu mpanimfoɔ no, bɛgyinaa Nyankopɔn man dwabɔ no mu, wɔyɛ mmarima mpemahanan a wɔnam anammɔn mu a wɔtwe nkrantɛ. […]