2 Ahemfo 25

Yerusalem nkoguo

1 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, da a ɛtɔ so du no, Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛkyeree so nsraban, na wɔtotoo ho pie hyiae.

2 Na wɔtuaa kuro no kɔsii Ɔhene Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no mu.

3 Bosome a ɛtɔ so nnan da a ɛtɔ so nkron no, na ɛkɔm no mu ayɛ den kuro no mu, na aduane biara nni hɔ mma asase no so nkurɔfoɔ no.

4 Ɛnna wɔtuu kuro no fasuo mu tokuro, na ɔhene ne mmarima akofoɔ no nyinaa dwanee anadwo faa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam pono mu kɔe; nso na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia; na wɔfaa Yordan bonhwa kwan so kɔe.

5 Na Kaldeafoɔ dɔm tii ɔhene no, na wɔkɔtoo no Yeriko mpaperɛ so, na ne dɔm nyinaa firii ne ho hwetee.

6 Na wɔkyeree ɔhene no de no kɔmaa Babel hene wɔ Ribla, na ɔbuu no atɛn.

7 Na wɔkunkum Sedekia mmammarima n’anim, na wɔbɔɔ Sedekia ani, na wɔguu no nkɔnsɔnkɔnsɔn na wɔde no kɔɔ Babel.

Wɔsɛe Asɔredan no

8 Na bosome a ɛtɔ so nnum da a ɛtɔ so nson a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunkron mu no, ankɔbeahene Nebusaradan, Babelhene akoa no baa Yerusalem,

9 na ɔbɛhyee AWURADE fie ne ɔhene fie ne Yerusalem afie nyinaa, na ɔde ogya hyee afie akɛseɛ nyinaa.

10 Na Kaldeafoɔ dɔm a wɔka ankɔbeahene no ho no dwirii Yerusalem afasuo no hyiae.

11 Na nkurɔfoɔ no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu, ne awaefoɔ a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn, ne nkurɔfoɔ yuu no mu nkaeɛ no, ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔe.

12 Na asase no so ahiafoɔ no bi deɛ, ankɔbeahene no gyaa wɔn hɔ, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfoɔ ne akuafoɔ.

13 Na kɔbere mfrafraeɛ adum a ɛwɔ AWURADE fie no ne nsugyeɛ nnaka ne kɔbere mfrafraeɛ po a ɛwɔ AWURADE fie no, Kaldeafoɔ bubui, na wɔsoaa kɔbere mfrafraeɛ no kɔɔ Babel.

14 Na nkukuo ne sesa adeɛ ne adumgya ne nyowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nnoɔma a wɔde yɛɛ ɔsom adwuma no nyinaa, wɔfae.

15 Saa nsramma kukuwa ne nkoraa no, deɛ ɛyɛ sika no, sika, ne deɛ ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ na ankɔbeahene no fa kɔeɛ.

16 Adum mmienu no, ɛpo baako no ne nsugyeɛ nnaka a Salomo yɛ maa AWURADE fie no, nnoɔma yi nyinaa kɔbere mfrafraeɛ no, wɔankari.

17 Adum no baako korɔn yɛ basafa dunwɔtwe, na ɛso duntire no yɛ kɔbere mfrafraeɛ, na duntire no korɔn yɛ basafa mmiɛnsa na ntentan ne atoaa aba nsɛsoɔ wowɔ duntire no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ. Na saa na odum a ɛtɔ so mmienu no nso teɛ, ntentan no ho.

Wɔfa nnipa a wɔwɔ Yuda kɔ Babel

18 Na awɛmfoɔ panin no faa Ɔsɔfoɔ panin Seraia ne ɔsɔfoɔ a ɔdi soɔ, Sefania, ne apono ano hwɛfoɔ baasa,

19 na kuro no mu nso ɔfaa opiani baako a wɔde no sii akofoɔ no soɔ, ne ɔhene afotufoɔ mu mmarima baanum a wɔhunuu wɔn kuro no mu, ne ɔtwerɛfoɔ, ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfoɔ kɔ ɔsa no, ne asase no so nkurɔfoɔ mu mmarima aduosia a wɔhunuu wɔn kuro no mu,

20 na ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔɔ Babel hene anim wɔ Ribla.

21 Na Babel hene bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn Ribla wɔ Hamat asase so. Saa na wɔtuu Yuda firii wɔn asase soɔ.

Wɔdi Gedalia awu

22 Na nkurɔfoɔ a wɔkaa Yuda asase soɔ a Babelhene Nebukadnessar maa wɔkaeɛ no, ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia sii wɔn so amrado.

23 Na dɔm no asafohene nyinaa, wɔn ne wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Gedalia asi ɔhwɛfoɔ no, wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, Netania ba Ismael ne Karea ba Yohanan ne Netofani Tanhumet ba Seraia ne Maakatni bi ba Yaasania, wɔn ne wɔn mmarima.

24 Na Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima ntam, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro Kaldeafoɔ nkoa no, montena asase yi so, na monsom Babel hene, na ɛbɛwie mo yie.

25 Na bosome a ɛtɔ so nson no, Elisama ba Netania ba Ismael a ɔfiri ahemfo abusua mu bae, na mmarima du ka ne ho, na wɔbɛkum Gedalia ne Yudafoɔ ne Kaldeafoɔ a wɔka ne ho Mispa no nso.

26 Ɛnna nkurɔfoɔ no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ, ne dɔm so asafohene no, sɔre kɔɔ Misraim, ɛfiri sɛ na wɔsuro Kaldeafoɔ no.

Adom a wɔde dom Yehoiakyin

27 Na ɛbaa sɛ Yuda hene tukorɔ afe a ɛtɔ so aduasa nson bosome a ɛtɔ so dummienu da a ɛtɔ so aduonu nson, ɛne afe a Babelhene Ewil-merodak dii mu hene no, nam adom so yii Yudahene Yehoiakyin firii nneduadan mu,

28 na ɔne no kasaa kasa pa, na ɔmaa n’adwa so maa no kyɛnee ahemfo a wɔne no wɔ Babel no adwa,

29 na ɔmaa no yii n’afiase ntadeɛ, na ɔdidii n’anim daa ne nkwa nna nyinaa.

30 Na nnoɔma a ɛfiri ɔhene nkyɛn a wɔde ma no no, da biara no, wɔde maa no ne nkwa nna nyinaa.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

4 × two =