2 Ahemfo 21

Manase di Yuda so hene

1 Manase bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia dummienu, na ɔdii hene mfeɛ aduonum nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hefsibah.

2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israelfoɔ anim no akyiwadeɛ.

3 Na ɔsane sisii sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia sɛesɛee no na ɔsisii afɔrebukyia maa Baal, na ɔyɛɛ Asera nnua sɛdeɛ Israelhene Ahab yɛeɛ no, na ɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa na ɔsom wɔn.

4 Na ɔsisii afɔrebukyia AWURADE fie a AWURADE kaa ho asɛm sɛ: Yerusalem na mede me din bɛto hɔ, no mu.

5 Na ɔsisii afɔrebukyia maa ɔsoro asafo nyinaa AWURADE fie abannwa mmienu no so.

6 Na ɔmaa ne babarima faa ogya mu de bɔɔ afɔdeɛ, na ɔyɛɛ abayideɛ ne adebisadeɛ, na ɔhyehyɛɛ asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ, ɔmaa bɔne a ɔyɛeɛ no dɔɔso AWURADE ani so de huruu ne bo.

7 Na ɔde Asera ohoni a ɔyɛeɛ no sii efie no mu, efie a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Salomo no sɛ: Efie yi ne Yerusalem na mayi Israel mmusuakuo nyinaa mu na mede me din bɛto daa.

8 Nanso meremma Israel nan ntu nkyini mfiri asase a mede mama wɔn agyanom no so bio. Na deɛ wɔnyɛ nkutoo ne sɛ wɔhwɛ yɛ sɛdeɛ mahyɛ wɔn nyinaa ne sɛdeɛ mmara a m’akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa teɛ.

9 Nanso wɔantie, na Manase de wɔn yerae maa wɔyɛɛ bɔne sene amanaman a AWURADE sɛee wɔn firii Israel soɔ no.

10 Na AWURADE nam ne nkoa adiyifoɔ no so kaa sɛ:

11 Ɛsiane sɛ Yudahene Manase ayɛ saa akyiwadeɛ yi, na wayɛ bɔne asene deɛ Amorifoɔ a wɔdii n’anim yɛeɛ nyinaa, na ɔde n’abosonhuhuo ama Yuda nso ayɛ bɔne nti,

12 sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne mereba Yerusalem ne Yuda so a obiara a ɔbɛteɛ no, n’aso mmienu mu bɛyɛ no kyeoo.

13 Na mɛtwe Samaria susuhoma mu, ne Ahab fie so taahoma mu aba Yerusalem so, na mɛpepa Yerusalem mu sɛdeɛ wɔpepa ayowa mu, wɔpepa na wɔdane butuo;

14 na mɛpo m’agyapadeɛ nkaeɛ no, na mede wɔn ahyɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔayɛ fonam ne fomfa adeɛ ama wɔn atamfoɔ nyinaa,

15 ɛfiri sɛ wɔayɛ m’ani so bɔne na wɔahuru me bo firi da a wɔn agyanom firii Misraim baeɛ de bɛsi nnɛ.

16 Afei nso, mogya a ɛdi bem nso Manase kaa pii pa gui kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem ma firi ano kɔpem ano, ɛsono ne bɔne a ɔde maa Yuda yɛɛ bɔne, sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛnyɛ AWURADE ani soɔ no.

17 Na Manase ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne bɔne a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.

18 Na Manase tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no ne fie turo a ɛne Usa turo no mu; na ne ba Amon bɛdii n’adeɛ.

Amon di Yuda so hene

19 Amon bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu, na ɔdii hene mfeɛ mmienu Yerusalem. Na ne na din de Mesulemet a ɔyɛ Harus a ɔfiri Yotba ba.

20 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agya Manase yɛeɛ no,

21 na ɔnantee ɔkwan a n’agya nantee mu no nyinaa mu, na ɔsom abosonhuhuo a n’agya someeɛ no, na ɔsɔree wɔn;

22 na ɔgyaa AWURADE n’agyanom Nyankopɔn, na wannante AWURADE kwan mu.

23 Na Amon nkoa pam ne tiri so, na wɔkumm ɔhene no wɔ ne fie.

24 Na asase no sofoɔ no kunkumm wɔn a wɔpamm Ɔhene Amon tiri soɔ no nyinaa, na asase no sofoɔ no de ne ba Yosia sii hene n’ananmu.

25 Na Amon ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ no, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

26 Na wɔsiee no ne da mu, Usa turom, na ne ba Yosia bɛdii n’adeɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

two × three =