2 Ahemfo 23

Yosia gu abosonsom

1 Na ɔhene no soma maa wɔkɔboaboaa Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa ano baa ne nkyɛn.

2 Na ɔhene kɔɔ AWURADE fie, na Yuda mmarima nyinaa ne Yerusalemfoɔ nyinaa ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman mu no nyinaa, ɛfiri nketewa so kɔsi akɛseɛ soɔ ka ne ho. Na ɔkenkanee apam nwoma a wɔhunuu no AWURADE fie no mu nsɛm no nyinaa guu wɔn nyinaa aso mu.

3 Na ɔhene gyinaa simpie no so, na ɔpamm AWURADE anim, sɛ ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa bɛdi AWURADE akyi, na wadi ne mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ so, sɛ ɔbɛma apam yi mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no atim. Na ɔman no nyinaa gyinaa apam no so hyɛɛ bɔ.

Yosia gu abosonsom

4 Na ɔhene hyɛɛ ɔsɔfo panin Hilkia ne asɔfoɔ a wɔdi soɔ no ne apono ano hwɛfoɔ no sɛ wɔnyi nnoɔma a wɔayɛ ama Baal ne Asera no nyinaa ne ɔsoro asafo nyinaa mfiri AWURADE fie no mu. Na ɔde firii Yerusalem kɔhyee, Kidron ho mfofowa mu, na ɔde ɛho nso no kɔɔ Betel.

5 Na ɔtutuu asɔfoɔ hunu a Yuda ahemfo sisiiɛ a wɔhyee nnuhwam Yuda nkuro mu, ne Yerusalem ho sorɔnsorɔmmea soɔ, ne wɔn a wɔhyee nnuhwam maa Baal ne owia ne ɔsrane ne ɔsoro-nsoromma ne ɔsoro asafo no nyinaa.

6 Na ɔyii Asera no firii AWURADE fie de firii Yerusalem kɔɔ Kidron subonhwa ho, na ɔhyee no Kidron subonhwa mu, na ɔyam no sɛ mfuturo na ɔde ne mfuturo no guu nkurɔfoɔ mma adamena so.

7 Na ɔbubuu nnwaman adan a ɛwɔ AWURADE fie, a mmaa nwonoo ntwamutam maa Asera wɔ mu no.

8 Na ɔkɔfaa asɔfoɔ no nyinaa firii Yuda nkuro mu bae, na ɔguu sorɔnsorɔmmea a asɔfoɔ no hyee hɔ nnuhwam no ho fi, firi Geba kɔsii Beer-seba, na ɔdwirii sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ deɛ wɔfa hyɛne Kuro no so hwɛfoɔ Yosua pono a ɛwɔ kuro pono no mu benkum soɔ no.

9 Nanso sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ no ammɔ AWURADE afɔrebukyia so afɔdeɛ Yerusalem, na wɔdii apiti no bi, wɔn nuanom mu.

10 Na ɔguu Tofeta ɛwɔ Hinom mma bonhwa mu no ho fi, na obiara amma ne babarima anaa ne babaa amfa ogya mu amma Molek bio.

11 Na ɔyii apɔnkɔ a Yuda ahemfo de ama owia no, AWURADE fie no ano, de kɔɔ opiani Natan-melek da a ɛwɔ akyire abannwa mu no ho, na owia nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee.

12 Na afɔrebukyia a ɛwɔ Ahas abansorodan atifi a Yuda ahemfo sisiiɛ ne afɔrebukyia a Manase sisii no AWURADE fie abannwa mmienu no soɔ no, ɔhene dwirii, na ɔyi firii hɔ, na ɔde ne mfuturo kɔguu Kidron subonhwa mu.

13 Na sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Yerusalem anim a ɛwɔ ɔsɛeɛ bepɔ nifa soɔ a Israelhene Salomo si maa Sidonfoɔ Astoret a ɛyɛ akyiwadeɛ ne Moabfoɔ Kemos, a ɛyɛ akyiwadeɛ ne Amon mma Milkom a ɛyɛ atantanneɛ no, ɔhene guu ho fi.

14 Na ɔbubuu adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no, na ɔde nnipa nnompe guguu ananmu.

15 Bio nso afɔrebukyia a ɛwɔ Betel, sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no yɛeɛ no, afɔrebukyia no nso ne sorɔnsorɔmmea no, ɔdwirii, na ɔhyee sorɔnsorɔmmea no yam no pasaa maa ɛyɛɛ mfuturo, na ɔhyee Asera nnua no.

16 Na Yosia danee ne ho na ɔhunuu adamena a ɛwowɔ bepɔ no so hɔ no, na ɔsoma maa wɔkɔfaa nna no mu nnompe bɛhyee no afɔrebukyia no so guu ho fi, sɛ AWURADE asɛm a Nyankopɔn nipa a ɔkaa nsɛm yi no paee mu kaeɛ no teɛ.

17 Ɛnna ɔbisaa sɛ: Nkaeɛ boɔ bɛn na ɛwɔ hɔ a mehunu yi? Na kuro no mufoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ Nyankopɔn nipa a ɔfirii Yuda baeɛ, na ɔbɛkaa adeɛ a woayɛ Betel afɔrebukyia yi no damena.

18 Na ɔse: Momma no nna hɔ, mma obiara nnhwanyan ne nnompe. Enti wɔanka ne nnompe ne odiyifoɔ a ɔfiri Samaria no nnompe.

19 Na sorɔnsorɔmmea adan a ɛwɔ Samaria nkuro mu a Israel ahemfo yeyɛeɛ sɛ wɔde rehuru AWURADE bo no nyinaa nso, Yosia yiyi kɔe, na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ no Betel no ara.

20 Na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa bobɔɔ afɔrebukyia no so afɔdeɛ, na ɔhyehyee nnipa nnompe wɔ wɔn so na ɔsane baa Yerusalem.

Yosia di Twam afahyɛ

21 Na ɔhene hyɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Monni Twam mma AWURADE mo Nyankopɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no apam nwoma yi mu no.

22 Na ɛfiri atemmufoɔ a wɔbuu Israel atɛn no berɛ so, ne Israel ahemfo ne Yuda ahemfo nna nyinaa wɔnni Twam bi sɛ yei,

23 gye Ɔhene Yosia afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no mu na wɔdii Twam yi maa AWURADE wɔ Yerusalem.

24 Nanso asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ ne efie ahoni ne abosom ahoni ne akyiwadeɛ a wɔhunuu no Yuda asase soɔ ne Yerusalem no nyinaa Yosia yi gui, sɛ ɔbɛma mmara nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma a Ɔsɔfoɔ Hilkia kɔhunuu no AWURADE fie no mu no atim.

25 Na ne nsɛso hene bi anni n’anim a ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa dane baa AWURADE nkyɛn sɛ Mose mmara no kyerɛ no, na n’akyiri nso obi ansɔre a ɔte sɛ ɔno.

26 Nanso AWURADE annane amfiri n’abufuhyeɛ kɛseɛ a ɛdɛre tiaa Yuda, abohuro a Manase de huruu ne boɔ no nyinaa nti no mu.

27 Na AWURADE kaa sɛ: Mɛyi Yuda nso afiri m’anim, sɛdeɛ meyii Israel no, na mapo Yerusalem kuro a mafa yi ne efie a mekaa sɛ: Me din bɛtena hɔ, no.

Yosia ahennie ba awieeɛ

28 Na Yosia ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.

29 Ne berɛ so na Misraimhene Farao Neko tu ba bɛnee Asiriahene koeɛ Eufrate asubɔnten ho. Na Ɔhene Yosia sii mu kɔhyiaa no. Na Yosia bɛtoo no no, Asiria hene kumm no Megido.

30 Na ne nkoa twee ne funu no teaseɛnam mu firi Megido de no baa Yerusalem, na wɔsiee no ne da mu. Na asase no sofoɔ no faa Yosia ba Yehoahas sraa no sii no hene n’agya ananmu.

Yehoahas di Yuda so hene

31 Yehoahas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu mmiɛnsa, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna babaa.

32 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no ara.

33 Na Farao Neko kyekyeree no Ribla, Hamat asase so sɛ ɔnnni Yerusalem so hene, na ɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ha ne sika dwetikɛseɛ baako toɔ too asase no so.

Yehoiakim di Yuda so hene

34 Na Farao Neko de Yosia ba Eliakim sii hene n’agya Yosia ananmu, na ɔsakyeraa ne din too no Yehoiakim. Na Yehoahas deɛ, ɔfaa no kɔɔ Misraim, na ɔkɔwuu wɔ hɔ.

35 Na dwetɛ ne sika no, Yehoiakim de maa Farao, nanso ɔbɔɔ asase no boɔ sɛ wɔmma sika no sɛdeɛ Farao kaeɛ no, obiara sɛdeɛ ne boɔbɔ teɛ no, ɔgyee dwetɛ ne sika no firii asase no so nkurɔfoɔ no nkyɛn, sɛ ɔde rekɔma Farao Neko.

36 Yehoiakim bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ dubaako Yerusalem. Na ne na din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma babaa.

37 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no ara.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

13 + 5 =