1 Ahemfo 6

Asɔrefie no sie

1 Na Israelfoɔ firi Misraim asase so baeɛ no akyi, afe a ɛtɔ so ahanan aduɔwɔtwe so, Salomo dii Israel so hene afe a ɛtɔ so nnan mu bosome Siw a ɛne bosome a ɛtɔ so mmienu [a ɛte sɛ Kɔtɔnimma] no soɔ no, ɔfitii aseɛ sii AWURADE dan no.

2 Na ɛdan a Ɔhene Salomo si maa AWURADE no, basafa aduosia ne ne ntwemu, na basafa aduonu ne ne tɛtrɛtɛ, na basafa aduasa ne ne korɔn.

3 Na ntwonoo a ɛwɔ asɔrefie dan no anim no, basafa aduonu ne ne ntwemu, sɛdeɛ ɛdan no trɛ no teɛ no, basafa du ne ne trɛ ɛdan no anim.

4 Na ɔyɛɛ ɛdan no ho mpomma a emu aniahunuankansa tintim mu.

5 Na ɔtotoo ɛdan no fasuo ho ban de twaa ho hyiae, na asɔredan no ara ne mpiakyire no ho, na ɔyɛɛ no mpia mpia hyiae:

6 Aseɛ pa ara pia yɛ basafa nnum ne ne tɛtrɛtɛ; na mfimfini deɛ yɛ basafa nsia, na deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ basafa nson; na ɔyɛɛ ɛdan no akyi mmamma hyiae, na mpuna no anhyɛne ɛdan no afasuo mu.

7 Na wɔresi ɛdan no, wɔde aboɔ amuamu a wɔasiesie firi abotubea na ɛsiiɛ. Na wɔresie no, wɔante asaeɛ anaa pɛeɛ anaa dwinnadeɛ biara nka ɛdan no ho.

8 Aseɛ pia no pono wɔ ɛdan no anafoɔ fam, na wɔforo ntwedeɛ nkyinkyimiiɛ kɔ mfimfini deɛ no mu, na wɔfiri mfimfini deɛ no mu kɔ deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no mu.

9 Na ɔsii ɛdan no wieeɛ no, ɔde tweneduro mpuna ne ntaaboɔ kataa ɛdan no so.

10 Na ɔsisii nsamsoɔ twaa ɛdan no ho nyinaa hyiae, basafa nnum ne ne korɔn, na wɔde tweneduro mpuna guu ɛdan no so.

11 Na AWURADE asɛm baa Salomo nkyɛn sɛ:

12 Ɛdan yi a woresie yi, sɛ wonante m’ahyɛdeɛ mu na woyɛ m’atemmudeɛ na wodi me mmara nsɛm nyinaa so sɛ wobɛnante mu a, ɛnneɛ mɛma m’asɛm a meka mekyerɛɛ w’agya Dawid no agyina ama wo.

13 Na mɛtena Israelfoɔ mu, na merennya me man Israel.

14 Na Salomo sii ɛdan no wiee.

Ɛdan no mu Nsiesie

15 Na ɔde tweneduro ntaaboɔ penam ɛdan no afasuo ho wɔ mu, ɔde nnua kataa mu firi ɛdan no fam kɔsi nsamsoɔ ani, na ɔde papea ntaaboɔ sam ɛdan no fam.

16 Na ɔde tweneduro ntaaboɔ sii ɛdan no akyiri fam basafa aduonu, firi fam kɔpem nsamsoɔ mpuna, na ɔsii de emu yɛɛ mpiakyire, ɛne kronkronkronbea no.

17 Na kronkronbea a ɛwɔ kronkron mu kronkron no anim no yɛ basafa aduanan.

18 Na ɛdan no mu tweneduro ntaaboɔ no anim no, wɔdii so ntoa ne nhwiren a ahanehane adwini; ne nyinaa yɛ tweneduro, wɔanhunu ɔboɔ biara.

19 Na ɔsiesiee mpiakyire no ɛdan no mu, sɛ wɔmfa AWURADE apam adaka no nsi hɔ.

20 Na mpiakyire no mu kwan deɛ, basafa aduonu ne ne ntwemu, na basafa aduonu yɛ ne tɛtrɛtɛ, na basafa aduonu ne ne korɔn; na ɔde sika amapa duraa mu, na ɔde tweneduro kataa afɔdeɛ pono no ho hyiae.

21 Na Salomo de sika amapa duraa ɛdan no mu, na ɔde sika nkɔnsɔnkɔnsɔn twaa mpiakyire no anim, na ɔduraa ho sika.

22 Na ɛdan no nyinaa, ɔde sika duraa mu kɔsii sɛ ɛhyiaa ɛdan no nyinaa mu; na afɔdeɛ pono a ɛwɔ mpiakyire no, ɔde sika duraa ho nyinaa.

23 Na mpiakyire no mu hɔ no, ɔde ngodua yɛɛ kerubim mmienu, a basafa du ne ebiara tentene.

24 Na kerub no ntaban baako yɛ basafa nnum, na kerub no ntaban baako no nso yɛ basafa nnum, ɛfiri ne ntaban baako ano kɔsi ne ntaban baako ano yɛ basafa du.

25 Na kerub a ɔtɔ so mmienu no nso yɛ basafa du; kerubim mmienu no nyinaa tentene pɛ, na wɔn su nso yɛ pɛ.

26 Kerub baako tentene yɛ basafa du, na kerub baako no nso saa ara.

27 Na ɔde kerubim no sisii akyire dan no mu, na kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu. Ɔbaako ntaban ka ɔfasuo, na ɔbaako ntaban ka ɔfasuo baako no nso, na wɔn ntaban no hyia ɛdan no mfimfini, ntaban pem ntaban anim.

28 Na ɔde sika duraa kerubim no ho.

29 Na ɔdii ɛdan no afasuo no nyinaa ho adwini hyiae, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane na wɔhunu wɔ pia no mu ne asa no so.

30 Na ɛdan no fam nso, ɔde sika duraa hɔ, pia no mu ne asa no so.

31 Na mpiakyire no ano no, ɔde ngodua yɛɛ aponta too hɔ; ɛfiri aponnwa no atifi kɔsi ne nkyɛn mu yɛ ɔfasuo no mu abupɛn nnum mu baako;

32 na ngodua apono mmienu no, ɔdii so adwini, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane, na ɔde sika duraa ho, na ɔde sika kataa kerubim ne mmɛ no ho.

33 Saa ara nso na ɔde ngodua yɛɛ asɔredan no ano aponnwa no, ahinanan soɔ.

34 Na ɔde papea nnua yɛɛ apono mmienu, ɛpono baako wɔ afa mmienu a ɛtumi danedane, na ɛpono baako nso wɔ afa mmienu a ɛtumi danedane;

35 na ɔdii so adwini, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane; na ɔde sika duraa ho, na ɔkeka tintim nkurukyireeɛ no mu.

36 Na ɔyɛɛ emu fam abannwa no, aboɔ a wɔasensene kyerɛpɛn mmiɛnsa ne tweneduro mpuna kyerɛpɛn baako.

37 Afe a ɛtɔ so nnan bosome Siw [a ɛte se Kɔtɔnimma] mu na wɔtoo AWURADE dan no fapem.

38 Na afe a ɛtɔ so dubaako bosome Bul a ɛne bosome a ɛtɔ so nwɔtwe [a ɛte sɛ Obubuo] no mu na wɔwiee efie no, ɛho nnoɔma ne ne yɛbea nyinaa fam. Mfeɛ nson na wɔde siiɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

3 + ten =