1 Ahemfo 11

Salomo yerenom ne n’abosonsom 1 Na Ɔhene Salomo dɔɔ aman foforɔ so mmaa bebree kaa Farao babaa no ho, wɔne Moabfoɔ, Amonfoɔ, Edomfoɔ, Sidonfoɔ ne Hetifoɔ mmaa 2 a wɔfiri amanaman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Monnkɔ wɔn mu awareɛ na wɔn nso mmma mo mu, na wɔankom mo akoma anni […]

1 Ahemfo 12

Ahennie no mu paepae 1 Na Rehoboam sii mu kɔɔ Sekem; na Sekem na Israel nyinaa aba sɛ wɔrebɛsi no hene. 2 Na Nebat ba Yeroboam teeɛ no, ɔno deɛ, (na ɔda so wɔ Misraim a ɔdwane firii Ɔhene Salomo anim kɔɔ hɔ no), na ɔte Misraim, 3 na wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no bae, na […]

1 Ahemfo 13

Odiyifoɔ bi a ɔkasa tiaa Betel 1 Na hwɛ, Nyankopɔn nipa bi firi Yuda nam AWURADE asɛm so baa Betel, na Yeroboam gyina afɔrebukyia no ho rebɛhye aduhwam. 2 Na ɔnam AWURADE asɛm so teaa mu tiaa afɔrebukyia no sɛ: Afɔrebukyia, afɔrebukyia, sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, wɔbɛwo ɔba ama Dawid fie a ne din […]

1 Ahemfo 16

1 Na AWURADE asɛm baa Hanani ba Yehu nkyɛn tiaa Baasa sɛ: 2 Ɛsiane sɛ mama wo so afiri mfuturo mu, na masi wo me man Israel so panin, na woafa Yeroboam kwan soɔ, na woama me man Israel ayɛ bɔne ama wɔde wɔn bɔne ahuru me bo yi nti, 3 hwɛ, merepra Baasa ne […]

1 Ahemfo 17

Elia hyɛ ɔhaw ho nkɔm 1 Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so! 2 Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: 3 Firi ha kɔ, na dane wo […]

1 Ahemfo 19

Elia aba pa 1 Na Ahab bɛka kyerɛɛ Isebel deɛ Elia yɛeɛ no nyinaa ne sɛdeɛ ɔkumm adiyifoɔ no nyinaa, nkrantɛ ano no. 2 Na Isebel somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Elia nkyɛn sɛ: Sei na anyame no nyɛ me, na sei nso na wɔmfa nka ho, sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na mama wo kra ayɛ […]

1 Ahemfo 20

Ahab di Siriafoɔ so nkonim mprenu 1 Na Siriahene Ben-hadad boaboaa ne dɔm nyinaa ano, na ahemfo aduasa mmienu kaa ne ho, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, na ɔforo ba bɛtuaa Samaria ne no koeɛ. 2 Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔbaa Israelhene Ahab nkyɛn kuro no mu bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Ben-hadad seɛ nie: 3 […]