1 Ahemfo 7

Ahemfie no sie

1 Na Salomo no ara ne fie deɛ, mfeɛ dummiɛnsa ansa na ɔrewie efie no nyinaa sie.

2 Ɔsii Lebanon Kwaeɛ Dan no, basafa ɔha ne ne ntwemu, na basafa aduonum ne ne trɛ, na basafa aduasa ne ne korɔn; ɛwɔ ntweneduro adum kyerɛpɛn nnan so, na ntweneduro adum kyerɛpɛn nnan so, na ntweneduro mpuna gu so;

3 na wɔde tweneduro samm soro, nkyɛn mu mpia a ɛwowɔ adum no soɔ no so, ɛyɛ aduanan nnum a dunum yɛ kyerɛpɛn baako.

4 Na nsamsoɔ mpuna yɛ kyerɛpɛn mmiɛnsa, na mpomma kyerɛkyerɛ mpomma anim ahodoɔ mmiɛnsa.

5 Na apono no ne aponnwa no nyinaa yɛ mpuna ahinanan, na mpomma hwehwɛ mpomma anim ahodoɔ mmiɛnsa.

6 Na ɔyɛɛ Adum Abrannaa a ne tentene yɛ basafa aduonum ne ne ntwemu yɛ basafa aduasa ne ne trɛ; na abrannaa bi wɔ anim, na adum ne ntwedeɛ wɔ anim.

7 Na ɔyɛɛ Ahennwa Abrannaa a ɛhɔ na ɔbu atɛn, atemmuo abrannaa no; na ɔde tweneduro kataa fam nyinaa.

8 Na ne dan a ɔte mu no, ɛne abannwa a ɛwɔ abrannaa no mu no yɛbea te, yɛ pɛ ara. Na ɔsii ɛdan nso maa Farao babaa a ɔwaree no no.

9 Yeinom nyinaa yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, wɔasusu no sɛ aboɔ a wɔasene no ahinanan, wɔde ɛwan na ɛtwaeɛ, ɛwowɔ emu fam ne akyire fam, firi fapem so kɔpem atifi, na ɛfiri akyire fam kɔsi abannwa kɛseɛ no so.

10 Na fapem no yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, aboɔ akɛseɛ, basafa du du aboɔ ne basafa nwɔtwe nwɔtwe aboɔ.

11 Na ɛso a wɔtoeɛ no yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, wɔasusu no sɛ aboɔ a wɔasene no ahinanan, ɛne ntweneduro.

12 Na abannwa kɛseɛ a ɛtwa hyia no yɛ aboɔ a wɔasene kyerɛpɛn mmiɛnsa ne ntweneduro mpuna kyerɛpɛn baako; na AWURADE fie no mu fam abannwa no ne ɛdan no abrannaa no te saa ara.

Hiram adwinneɛ

13 Na Ɔhene Salomo soma maa wɔkɔfaa Hiram firii Tiro baeɛ;

14 ɔyɛ Naftali abusuakuo mu ɔbaa kunafoɔ bi ba, na n’agya yɛ Tironi a ɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ dwumfoɔ; na nyansa ne nhunumu ne kɔbere mfrafraeɛ adwinnie ho nimdeɛ nyinaa ahyɛ no ma; na ɔbaa Ɔhene Salomo nkyɛn bɛdii n’adwini nyinaa maa no.

Kɔbere adum mmienu no

15 Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ adum mmienu, baako tentene yɛ basafa dunwɔtwe, na homa a ne tentene yɛ basafa dummienu twa baako ho hyia, tokuro da mu, na emu pipiripie yɛ nsateaa nan. Dum a ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno ara.

16 Na ɔyɛɛ ntaasotire mmienu sɛ wɔmfa nsisi adum no atifi; ɔde kɔbere mfrafraeɛ na ɛguiɛ. Oduntire baako korɔn yɛ basafa nnum, na baako no nso korɔn yɛ basafa nnum.

17 Atena a wɔanwono a ɛyɛ ntweaban a wɔakyinkyim, ntaasotire a ɛwɔ adum no atifi no ho, nson wɔ oduntire baako ho, na nson nso wɔ baako no ho;

18 na ɔyɛɛ atoaa aba nsɛsoɔ kyerɛpɛn mmienu twaa atena no ho hyiae de kataa aduntire no so; saa na ɔyɛɛ oduntire baako no nso;

19 na ntaasotire a ɛwɔ adum no atifi no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko nhwiren, ntwonoo no ho, basafa nnan;

20 na adum mmienu no so ntaasotire no wɔ soro nso, n’afuru a ɛwɔ atena no ho; na atoaa aba nsɛsoɔ ahanu, kyerɛpɛn kyerɛpɛn, twitwa oduntire baako no ho hyia.

21 Na ɔmemaa adum no so sisii asɔredan no ntwonoo no ano, na odum a ɔde sii anafoɔ no, ɔtoo no din Yakin,na odum a ɔde sii atifi no, ɔtoo no din Boas.

22 Na sukooko adwini wowɔ adum no atifi. Saa na ɔde wiee adum no ho adwuma no.

23 Na ɔyɛɛ dwaresɛn no, wɔgui, ɛfiri ano kɔpem ano yɛ basafa du, ɛyɛ kurukuruwa, na basafa nnum ne ne korɔn, na basafa aduasa homa twa ho hyia.

24 Na ntoa wɔ ano no aseɛ twa ho hyia, edu du wɔ basafa baako mu, ɛbɔ ɛpo no ho kɔntɔnkrɔn, kukuduuduu kyerɛpɛn mmienu, na wɔguu no ne guo ara mu.

25 Ɛtaa anantwie dummienu so: Mmiɛnsa hwɛ atifi fam, na mmiɛnsa hwɛ atɔeɛ, na mmiɛnsa hwɛ anafoɔ fam, na mmiɛnsa hwɛ apueeɛ; na ɛpo no taa wɔn so, na wɔn akyiri nyinaa wɔ emu fam.

26 Na ne pipiripie yɛ nsayam trɛ; na wɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a ahane. Ɛdi ankorɛ mpennu.

27 Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ nsugyeɛ nnaka du, adaka no baako ntwemu yɛ basafa nnan, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnan, na ne korɔn yɛ basafa mmiɛnsa.

28 Na nnaka no yɛbea nie: Ɛwowɔ nhyehyɛmu ntrawantrawa na nhyehyɛmu no hyehyɛ n’adwa ntam;

29 na agyata, anantwie ne kerubim wowɔ adwa no ntam nhyehyɛmu no so, na nnyinasoɔ bi wɔ adwa no so soro. Na agyata ne anantwie no ase no wɔyɛɛ nhahamma nkyekyereeɛ a ɛsensɛne hɔ.

30 Na nnaka no wowɔ kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan nnan nnan ne kɔbere mfrafraeɛ nhyɛmu dua, na ne nsisoɔ nan nnan no so wowɔ nsosɔmu nsa bi, wɔgui, dwaresɛn no ase, na nhahamma nkyekyereɛ wowɔ nkyɛn nkyɛn.

31 Na dwaresɛn no ano wɔ adakatire hankra no mu fam a ɛho so kakra basafa baako, na hankra no ano yɛ kurukuruwa, wɔyɛɛ no sɛ nnyinasoɔ basafa baako ne fa, na wɔdii adwini ano ano; na ne nhyehyɛmu ntrawantrawa no yɛ ahinanan, ɛnyɛ kurukuruwa.

32 Na ntwahonan nnan no wowɔ nhyehyɛmu ntrawantrawa no ase; na ntwahonan no nsa kurakura nnaka no mu, na ntwahonan no baako korɔn yɛ basafa baako ne fa;

33 na ntwahonan no yɛbea te sɛ teaseɛnam deɛ, ɛho nsa ne ne hankra ne ne mpadeɛ ne ne berɛmo nyinaa nso, wɔgui.

34 Na nsosɔmu nsa nnan wowɔ nnaka no ahinanan no ho, nnaka no mu ara na nsa no fifire.

35 Na nnaka no tiri no, wɔyeyɛɛ no nkurukuruwa nkurukuruwa hyiae, ne korɔn yɛ basafa fa, na nnakatire no so na ne nsa ne ne nhyehyɛmu ntrawantrawa a ɛfiri mu no wɔ.

36 Na ɔdii ne nsa no trɛ ne ne nhyehyɛmu ntrawantrawa no so adwini: Kerubim ne agyata ne mmɛ, sɛdeɛ ntam nnedahɔ teteɛ no, na nhahamma nkyekyereɛ twa ho hyia.

37 Saa na ɔyɛɛ nnaka du no, ne nyinaa yɛ gubea, nsusuiɛ ne suban korɔ.

38 Ɛnna ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn du, dwaresɛn baako di ankorɛ aduanan. Basafa nnan ne dwaresɛn no baako mu trɛ; nnaka du no nyinaa, dwaresɛn no sisi so mmaako mmaako.

39 Na ɔde nnaka no nnum sisii ɛdan no anafoɔ fam, na ɔde nnum sisii atifi fam; na ɛpo no deɛ, ɔde sii ɛdan no anafoɔ fam, apueeɛ a ɛkyerɛ anafoɔ fam no.

Asɔredan no mu nsiesie nnoɔma

40 Na Hiram yɛɛ nnwaresɛn no, sesa adeɛ ne nkoraa. Na Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Salomo, AWURADE fie ho no nyinaa yɛ,

41 adum mmienu no ne adum no atifi ntaasotire no apɔ mmienu no, ne atena mmienu a wɔde kataa adum no, atifi ntaasotire apɔ mmienu no ho no,

42 na atena mmienu no ho atoaa aba nsɛsoɔ ahanan no, atoaa aba nsɛsoɔ kyerɛpɛn mmienu yɛ atena baako deɛ, sɛ ɛnkata ntaasotire apɔ mmienu a ɛwowɔ adum no soɔ no ho,

43 ne nsugyeɛ nnaka du no so nnwaresɛn du no,

44 ne ɛpo baako, ne ɛpo no ase anantwie dummienu no;

45 ne nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa no.

Na nnoɔma a Hiram yɛ maa Ɔhene Salomo de maa AWURADE fie no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho.

46 Na ɔhene de kɔɔ Yordan ho asase so dɔteɛ mu wɔ Sukot ne Saretan ntam.

47 Na Salomo gyaee nnoɔma no nyinaa karie, ne dɔ a ɛdɔɔso nti; wɔanhunu kɔbere mfrafraeɛ no mu duro.

48 Na Salomo yɛɛ AWURADE fie nnoɔma no nyinaa, sika afɔrebukyia ne ɛpono a kyerɛ paanoo sisi soɔ no sika,

49 ne nkaneadua no, nnum wɔ nifa na nnum wɔ benkum, mpiakyire no anim no yɛ sika amapa, na ɛho nhwiren ne nkanea ne adaban no yɛ sika;

50 ne nyowa ne adumgya ne nkoraa ne nyowaa ne nsramma kukuwa no yɛ sika ara nko; na ɛdan no mu fam kronkronkronbea hɔ apono ne asɔredan apono no mpɛɛwa nso yɛ sika.

51 Na wɔwiee adwuma a Ɔhene Salomo yɛɛ no AWURADE fie ho no nyinaa. Na Salomo de n’agya Dawid akronkronneɛ, dwetɛ ne sika ne nnoɔma nnoɔma no, baa mu de bɛsiee AWURADE fie akoradeɛ mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

3 + twelve =