Dawid aseda ne nkonimdie dwom 1 Na da a AWURADE yii Dawid firii n’atamfo nyinaa ne Saulo nsam no, ɔkaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ AWURADE, 2 na ɔse: AWURADE, ne me botan, m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ, 3 me botantim Nyankopɔn a medwane mekɔtoa no. Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten ne me dwanekɔbea, […]
Author Archives: admin
2 Samuel 23
Dawid nsɛm a ɛdi akyire 1 Na yeinom ne Dawid nsɛm a ɛdi akyire. Yisai ba Dawid adiyisɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a wɔmaa no soɔ no adiyisɛm, deɛ Yakob Nyankopɔn asra no ne Israel dwom dɛdɛ tofoɔ asɛm a ɔreka nie: 2 AWURADE honhom nam me so kasa, na n’asɛm wɔ me tɛkyerɛma […]
2 Samuel 24
Ɔman no kan ne ɛho asotwe 1 Na AWURADE bo huru tiaa Israel bio, na ɔhwanyan Dawid tiaa wɔn sɛ: Kɔ na kɔkan Israel ne Yuda. 2 Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔsahene Yoab a ɔka ne ho no sɛ: Kɔkyini Israel mmusuakuo nyinaa mu firi Dan kɔsi Beer-seba, na monkan ɔman no, na menhunu ɔman […]
1 Samuel 1
Samuel awoɔ 1 Na Efratini barima bi wɔ hɔ a ɔfiri Ramataim-sofim, Efraim bepɔ soɔ a ne din de Elkana, Suf ba Tohu ba Elihu ba Yeroham ba. 2 Na ɔwɔ yerenom baanu, ɔbaako din de Hana, na ɔbaako din de Penina. Na Penina wɔ mma, nanso Hana deɛ, na ɔnni ba. 3 Daa afe […]
1 Samuel 2
Hana ayeyie dwom 1 Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’akoma di AWURADE mu ahurisie, AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ; M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so, ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu. 2 Obiara nyɛ Kronkron sɛ AWURADE, na obiara nni w’akyi, na Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn. 3 Monnkasa ahantan kasa bebree saa, […]
1 Samuel 3
AWURADE yi ne ho adi kyerɛ Samuel 1 Na abɔfra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛ na nna no mu, na anisoadehunu ntaa mma. 2 Na ɛberɛ no mu, ɛbaa sɛ da bi a Eli da ne daberɛ no, — nso na n’ani afiri aseɛ ayɛ kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie, […]
1 Samuel 4
Israelfoɔ di nkoguo 1 Na Samuel asɛm duruu Israel nyinaa nkyɛn. Na Israel tu kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ ne wɔn akɔko; na wɔkɔkyeree nsraban Eben-eser, na Filistifoɔ nso bɛkyeree nsraban Afek. 2 Na Filistifoɔ no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛe, na Israel dii nkoguo Filistifoɔ no anim, na wɔkumm mpasua no […]
1 Samuel 5
Nyankopɔn adaka no si Dagon fie 1 Ɛberɛ a Filistifoɔ no faa Nyankopɔn adaka no, wɔde firi Eben-eser kɔɔ Asdod. 2 Na Filistifoɔ no de Nyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fie, na wɔde kɔsii Dagon nkyɛn. 3 Na adeɛ kyeeɛ no, Asdodfoɔ sɔree anɔpatutu, na hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE […]
1 Samuel 6
Wɔde Nyankopɔn adaka no sane brɛ Israelfoɔ 1 AWURADE adaka no dii Filistifoɔ asase so abosome nson. 2 Ɛnna Filistifoɔ frɛfrɛɛ asɔfoɔ ne akɔmfoɔ sɛ: Yɛnyɛ AWURADE adaka yi dɛn? Monkyerɛ yɛn adekodeɛ a yɛmfa nka ho nkɔ ne siberɛ. 3 Na wɔkaa sɛ: Sɛ morema wɔde Israel Nyankopɔn adaka no akɔ a, mommma wɔmmfa […]
1 Samuel 7
1 Na Kiriat-yearimfoɔ ba bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fie, kokoɔ no so, na wɔdwiraa ne ba Eleasa sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so. Israelfoɔ ahonu wɔ Mispa 2 Na adaka no baa Kiriat-yearim no, ɛkyɛree wɔ hɔ; ɛdii mfirinhyia aduonu. Na Israel fie nyinaa dii abooboo hwehwɛɛ AWURADE akyiri kwan. 3 […]