2 Samuel 2

Dawid di Yuda so hene 1 Na yei akyiri no Dawid bisaa AWURADE sɛ: Memforo nkɔ Yuda nkuro bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kaa sɛ: Ɛhe na memforo nkɔ? Na ɔse: Hebron. 2 Ɛnna Dawid kɔɔ hɔ, ɔne ne yerenom baanu no nso, Yesreelni Ahinoam ne Abigail, […]

2 Samuel 3

Dawid mma 1 Na akodie daa Saulo fie ne Dawid fie ntam kyɛreeɛ. Na Dawid deɛ, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, nanso Saulo fie deɛ, wɔkɔɔ so hodwoe ara. 2 Na wɔwoo mmammarima maa Dawid wɔ Hebron. N’abakan ne Amnon a Yesreelni Ahinoam woo no no. 3 Na deɛ ɔtɔ so mmienu ne Kileab a […]

2 Samuel 4

Wɔdi Isboset awu 1 Na Saulo ba Isboset tee sɛ Abner awu Hebron no, ne nsam goe, na Israel nyinaa bo tui. 2 Na Saulo ba no wɔ mmarima baanu a wɔyɛ no asafohene, ɔbaako din de Baana, na deɛ ɔka ho no din de Rekab, wɔyɛ Beerotni Rimon mma a wɔfiri Benyamin mma mu. […]

2 Samuel 5

Dawid di Israel nyinaa so 1 Ɛnna Israel mmusuakuo nyinaa baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron bɛkaa sɛ: Yɛn nie, wo bogya ne yɛn. 2 Nso akane no a na Saulo di yɛn so hene no, wone deɛ na ɔde Israel firi adie na ɔde wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na […]

2 Samuel 6

Wɔde apam adaka no ba Yerusalem 1 Na Dawid sane hyiahyiaa Israel mmarima a wɔayi wɔn nyinaa bio, wɔn ano si mpem aduasa. 2 Na Dawid sɔreeɛ, na ɔne dɔm a wɔka ne ho nyinaa kɔ kɔfirii Baale-yuda, sɛ wɔrekɔfa Nyankopɔn apam adaka a wɔbɔ din a ɛyɛ asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no […]

2 Samuel 7

Natan asɛm a ɔde kɔmaa Dawid 1 Na ɔhene te ne fie na AWURADE maa no ɔhome firii n’atamfo nyinaa ho hyiaeɛ no, 2 ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete tweneduro dan mu, na Nyankopɔn adaka si ntomadan mu. 3 Na Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Deɛ ɛwɔ w’akoma mu nyinaa […]

2 Samuel 8

Dawid nkonimdie ne ne mpanimfoɔ atitire 1 Na yei akyiri no, Dawid ko dii Filistifoɔ so, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na Dawid gyee Metegamma firii Filistifoɔ nsam. 2 Na ɔkaa Moab nso gui, na ɔmaa wɔdedaa fam akuo mmiɛnsa. Na wɔkumm nnipa akuo no mu mmienu, na wɔgyaa ekuo baako sɛ wɔntena ase. Na Moabfoɔ […]

2 Samuel 9

Yie a Dawid yɛ Mefiboset 1 Na Dawid bisaa sɛ: Obi da so wɔ hɔ a waka Saulo fie, na Yonatan nti mɛyɛ no adɔeɛ? 2 Na Saulo fie somfoɔ bi wɔ hɔ a ne din de Siba. Na wɔkɔfrɛɛ no maa no baa Dawid nkyɛn, ɛnna ɔhene bisaa no sɛ: Wone Siba? Na ɔse: […]

2 Samuel 10

Dawid di Amonfoɔ ne Siriafoɔ so nkonim 1 Na yei akyiri no, Amonfoɔ hene wui, na ne ba Hanun bɛsii n’ananmu dii hene. 2 Ɛnna Dawid kaa sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔeɛ, sɛdeɛ n’agya yɛɛ me adɔeɛ no. Na Dawid somaa ne nkoa maa wɔkɔmaa no hyɛden, n’agya wuo no nti. Na Dawid nkoa […]

2 Samuel 11

Dawid awaresɛeɛ 1 Na afe bi mu wɔ ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ a ahemfo tu sa mu no, Dawid somaa Yoab a ne nkoa ka ne ho, ne Israel nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfoɔ; na wɔkɔtuaa Raba. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem. 2 Na da bi anwummerɛ a Dawid sɔre firii ne mpa soɔ na ɔnenam ɔhene […]