Sefania 3

Yerusalem mmɔborɔ asetena

1 Due, atuateɛ kuro a wɔagu ho fi,

nhyɛsofoɔ kuro.

2 Wantie AWURADE asɛm,

wannye nkyerɛkyerɛ,

wamfa ne ho anto AWURADE so,

wammɛn ne Nyankopɔn.

3 Emu mmapɔmma

yɛ agyata a wɔbobom,

n’atemmufoɔ nso yɛ anwummerɛ mpataku,

wɔnnya biribi nkɔsi anɔpa.

4 N’adiyifoɔ yɛ ahohoahoafoɔ, nkɔnkɔnsafoɔ ara nko,

n’asɔfoɔ gu kronkronbea ho fi,

wɔdi mmara ho asɛmmɔne.

5 AWURADE a ɔwɔ ne mu no yɛ ɔteneneeni,

ɔrenyɛ abusudeɛ;

daa n’atemmuo da adi pefee,

ɔnnyae da,

nanso okontonkyini deɛ, ɔnnim aniwuo.

6 Matwitwa amanaman agu,

wɔn abantenten atifi adanedane afo,

mama wɔn mmorɔno so adeda mpan

a obiara ntwam soɔ,

wɔasɛesɛe wɔn nkuro

a onipa nni mu, na obiara nte mu.

7 Mekaa sɛ: Suro me ara,

gye nkyerɛkyerɛ,

na wɔrentwa wo tenabea ntwene,

deɛ mahyɛ woɔ no nyinaa ho;

nanso wotuaa nhema

sɛesɛee wo nneyɛeɛ nyinaa.

8 Enti monhwɛ me kwan, AWURADE asɛm nie,

nkɔsi da a mɛsɔre mabɛgye asadeɛ.

Na ɛyɛ m’atemmudeɛ sɛ meboa amanaman ano

na mehyia ahennie aman,

na mahwie m’abohuro,

m’abufuhyeɛ nyinaa, agu wɔn so;

na me ninkuntwe gya no mu

asase no nyinaa bɛhye.

9 Na ɛno ansa na mɛdane amanaman ano

ayɛ no kronkron,

sɛ wɔn nyinaa mmɔ AWURADE din no,

na wɔnyɛ anokorɔ nsom no.

10 Etiopia nsubɔntene agya

no ho na me nkurɔfoɔ a wɔbɔɔ wɔn peteeɛ no

bɛfiri de m’aduane ayɛyɛdeɛ abrɛ me.

11 Ɛda no mɛyi w’animguaseɛ nneyɛeɛ

a wode too me mmara no

nyinaa afiri hɔ,

na mɛyi wɔn a wɔdi ahantan mu ahurisie no afiri wo mu,

na worenkɔ so nkyerɛ wo ho,

me bepɔ kronkron no so.

12 Na mɛma amanehunufoɔ ne mmɔborɔfoɔ

aka wo mu,

na wɔde wɔn ho ato AWURADE din no so.

13 Israel nkaeɛ no

renyɛ akontonkyideɛ,

na wɔrenka atorosɛm,

na wɔrenhunu

nsisie tɛkyerɛma wɔn anomu,

na wɔn deɛ, wɔbɛyɛne wɔn ho na wɔabutubutu hɔ,

na obiara renyi wɔn hu.

Nkwagyeɛ ho ayeyie

14 To ahurisie dwom, Sion babaa;

bɔ ose, Israel,

ma w’ani nnye, na fa akoma nyinaa di ahurisie,

Yerusalem babaa.

15 AWURADE ayi w’atemmudeɛ no kɔ,

wato w’atamfo agu;

AWURADE, Israel hene no wɔ wo mu,

worenhunu amane bio.

16 Ɛda no wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ:

Nsuro, Sion,

mma wo nsam nnhodwo.

17 AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu no

yɛ ɛdɔnkunini, ɔgyefoɔ;

ɔde anigyeɛ bɛdi wo ho ahurisie,

ɔde dɔ bɛyɛ wo foforɔ,

ɔde nnwom bɛbɔ se wɔ wo ho.

18 Meboaboa mo ano na mo asane adi afahyɛ

a modi ho abooboo no bio,

na moansoa ɛho ahohora.

19 Hwɛ, me ne w’ahafoɔ nyinaa bɛdi,

ɛberɛ no mu,

na mɛgye asiiɛfoɔ no,

na matase wɔn a wɔapam wɔn no;

mɛma wɔanya animuonyam ne din wɔ

asase a wɔnanim agu ase nyinaa so.

20 Ɛberɛ no mu na mede mo bɛba,

na ɛberɛ no na mɛboa mo ano.

Na mɛma mo animuonyam ne din

wɔ asase aman nyinaa so,

ɛberɛ a mede mo nkurɔfoɔ a wɔfaa wɔn nnommum bɛsane aba no,

mo ara mo de mo ani bɛhunu, AWURADE na ɔseɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

seventeen − one =