Habakuk 1

Habakuk nsɛmmisa

1 Yeinom ne nsɛm a AWURADE yi kyerɛɛ Odiyifoɔ Habakuk:

2 O AWURADE, menteam nkɔsi da bɛn ara

na wobɛtie me?

Nhyɛsoɔ nti mesu mefrɛ wo,

nanso wonnye me.

3 Adɛn nti na woma mehunu abusudeɛ

ne ɔhaw sɛɛ, na wonyɛ ho hwee yi?

Ɔsɛeɛ ne nhyɛsoɔ da m’anim,

na ɔhaw ba, na akameakame sɔre.

4 Enti mmara mu ago,

na atɛntenenee mfiri ara da,

ɛfiri sɛ abɔnefoɔ twa ɔteneneeni ho hyia,

enti atemmuo firi a, na akyea.

AWURADE maa Habakuk mmuaeɛ

5 Monhwɛ amanaman mu na monhunu

na mo ho nnwiri mo dwiri pa ara,

na mereyɛ adwuma bi, mo nna mu,

wɔka kyerɛ mo a, morennye nni.

6 Na hwɛ, merehwanyan Kaldeafoɔ,

ɔman a wɔn tirim yɛ den na wɔn ho yɛ hare

a wɔnante fa asase so nyinaa

fa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea di soɔ.

7 Wɔn ho yɛ ahomete ne hu,

wɔyɛ ahantanfoɔ a wɔyɛ deɛ wɔn ara wɔpɛ.

8 Wɔn apɔnkɔ ho yɛ herɛ sene asebɔ,

na wɔyɛ aniɛden sene anwummerɛ mpataku,

na wɔn apɔnkɔsotefoɔ twetwe wɔn mu kɔ kan,

na wɔn apɔnkɔsotefoɔ firi akyirikyiri reba,

wɔtu sɛ ɔkɔdeɛ a ɔrepɛ adidie ho ntɛm.

9 Wɔn nyinaa reba atiritirasɛmdie,

na wɔde wɔn ani kyerɛ apueeɛ fam anibereɛ so,

na wɔtase nnommum sɛ anwea.

10 Wɔn deɛ, wɔsi ahemfo atwetweɛ

na aberempɔn ho yɛ wɔn sere,

wɔsere aban a ɛyɛ den nyinaa,

na wɔboa dɔteɛ ano gu hɔ na wɔafa.

11 Ɛno na wɔtwam sɛ mframa, na wɔsene korɔ,

na wɔkɔdi so;

wɔn ahoɔden yi ara ne wɔn nyame.

Habakuk asɛmmisa a ɛtɔ so mmienu

12 AWURADE, me Nyankopɔn ne me Kronkronni,

ɛnyɛ wo na wofiri tete nteredee?

AWURADE, wo ne ɔbotantim;

yɛrenwu na mmom wo ara na woahyɛ Kaldeafoɔ sɛ

wɔmmu yɛn atɛn na yɛn asotwe nti na wode wɔn asi hɔ.

13 Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wontumi nhwɛ bɔne

na wontumi nhwɛ ɔhaw,

adɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafoɔ,

na ɔbɔnefoɔ mene ɔteneneeni a ɔtene sene no a,

woyɛ komm?

14 Afei nso, woayɛ nnipa sɛ ɛpo mu mpataa,

te sɛ mmoa a wɔwea a obi nni wɔn soɔ.

15 Saa nti wɔde darewa atwe wɔn nyinaa,

wɔde asau twe wɔn,

na wɔboa wɔn ano, ne twiɛ mu;

yei nti wɔn ani gye na wɔn ho sɛpɛ wɔn.

16 Ne saa nti, abɔnefoɔ bɔ n’asau no afɔdeɛ

na ɔhye aduhwam ma wɔn twiɛ no,

ɛfiri sɛ ɛno na ɛma ne kyɛfa dɔre sradeɛ,

na n’aduane yɛ sɔɔsɔɔ.

17 Ɛno nti ɔnkɔ so ara mpore n’asau mu,

na ɔnkunkum amanaman daa nyinaa atirimuɔden so?

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

two × 3 =