Obadia 1

1 Obadia anisoadehunu nie.

Sɛ Awurade NYANKOPƆN ka no Edom ho nie:

Yɛate AWURADE anomu asɛm

sɛ wasoma abɔfoɔ ma wɔakɔ amanaman mu sɛ:

Monsɔre, momma yɛnsɔre ntia Edom ne no nkɔko.

2 AWURADE ka kyerɛɛ Edom sɛ:

Hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa, wɔabu wo animtia pa ara.

3 W’akoma ahantan adaadaa wo,

wo a wote ɔbotan ntokuro mu,

deɛ ɛhɔ korɔn ne w’adwa,

wose no w’akoma mu sɛ:

Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?

4 Sɛ wotu kɔ soro sɛ ɔkɔdeɛ,

na sɛ wode wo pirebuo si nsoromma ntam mpo a,

ɛhɔ na mɛduru abɛfa wo afiri,

AWURADE asɛm nie.

5 Sɛ awifoɔ, anaa adwotwafoɔ

ba wo so anadwo a,

sɛ wɔrewia wo mpo a,

anka wɔrennya wo ase anaa?

Sɛ obobe abatefoɔ bɛtete w’aba a,

anka wɔremma mpɛpɛ nka anaa?

6 Na wo Esau deɛ, hwɛ wɔapra w’adeɛ apɛ w’ahuntadeɛ

na wɔayɛ wo dosodoso.

7 Wɔn a wɔne wo wɔ apam nyinaa adaadaa wo

abɛduru ɛhyeɛ so;

wɔn a wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu adaadaa wo afa wo so;

wɔn a wɔdii w’aduane asum w’ase fidie;

nanso wonnim.

8 Ɛnyɛ ɛda no,

na mɛsɛe anyansafoɔ afiri Edom

ne nhunumu afiri Esau bepɔ soɔ?

AWURADE asɛm nie.

9 Teman, wo nnɔmmarima akoma bɛtu,

na wɔakum nnipa nyinaa afiri Esau bepɔ so.

Sɛnti a wɔbɛtwe Edom aso

10 Atirimuɔden a wode bɔɔ wo nua Yakob nti

na aniwuo bɛkata wo ho,

na wɔatwa wo atwene akɔsi daa.

11 Ɛda a wobɛgyinaa ntentensoɔ,

ɛda a ananafoɔ faa ne dɔm nnommum kɔeɛ,

na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu

na wɔtwee Yerusalem so ntonto no,

ɛno mu na wo nso woyɛɛ sɛ wɔn mu baako.

12 Nanso ɛnsɛ sɛ anka wode anigyeɛ hwɛ wo nua,

ɛda a abuo buu no no;

ɛnsɛ sɛ anka w’ani gye Yuda mma

wɔn sɛeɛ da no ho,

ɛnsɛ sɛ anka wohyehyɛ wo ho

wɔ ahohiahia da no,

13 ɛnsɛ sɛ anka wohyɛne me man kuro pono no mu,

wɔn amanehunu da no;

ɛnsɛ sɛ anka wode anigyeɛ hwɛ wɔn amanehunu,

wɔn amanehunu da no;

ɛnsɛ sɛ anka wotene wo nsa sɔ wɔn ahodeɛ mu,

wɔn amanehunu da no;

14 ɛnsɛ sɛ anka wogyina nkwanta soɔ

twitwa ne mfirimufoɔ guo;

ɛnsɛ sɛ anka woyi ne nnipa a wɔaka no ma,

ahohiahia da no.

15 Na AWURADE da no abɛn, amanaman nyinaa so;

Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ woɔ,

wo nneyɛe bɛsane abɛbua w’atifi.

16 Na sɛdeɛ amanehunu boroo me man Yuda sɛ nsa wɔ me bepɔ kronkron no soɔ no,

saa ara na ɛbɛboro amanaman nyinaa daa daa,

na amanehunu no bɛmene wɔn

na w’ase ahye koraa.

AWURADE ahennie no

17 Na Sion bepɔ so deɛ, mfirimufoɔ bɛtena hɔ,

na ayɛ kronkronbea,

na Yakob fie bɛsane afa wɔn agyapadeɛ adi so.

18 Na Yakob fie bɛyɛ ogya,

na Yosef fie ayɛ ogyaframa,

na Esau fie deɛ ɛbɛyɛ nkyɛnkyɛmma,

na wɔadɛre wɔn mu ahye wɔn

a obiara renka mma Esau fie,

ɛfiri sɛ AWURADE na waka.

19 Na anafoɔ famfoɔ bɛfa Esau bepɔ adi so,

na asaseta sofoɔ bɛfa Filistifoɔ deɛ adi so,

na wɔbɛfa Efraim asase ne Samaria asase adi so,

na Benyamin afa Gilead adi so.

20 Na dɔm yi a ɛyɛ Israelfoɔ deɛ no nnommum a wɔwɔ Kanaanfoɔ mu no

bɛdi asase no so de akɔsi Sarefat,

na Yerusalem nnommum a wɔwɔ Sefarad no

bɛfa Negeb nkuro no adi so.

21 Na agyefoɔ bɛforo aba Sion bepɔ so

na wɔabɛdi Esau bepɔ so,

na ahennie no bɛyɛ AWURADE dea.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 − seventeen =