Amos 1

Amanaman no ateatea

1 Amos a ɔwɔ Tekoa nnwanyɛnfoɔ mu nsɛm a ɔhunuu no n’ani soɔ, Israel ho, ɛwɔ Yudahene Usia berɛ soɔ ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ, mfeɛ mmienu ansa na asasewosoɔ no reba nie.

2 Na ɔse:

AWURADE firi Sion bobom,

na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so;

na nnwanhwɛfoɔ adidibea no atwintwam,

na Karmel atifi akusa.

3 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Damasko amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ wɔde dadeɛ ayuporeɛadeɛ

dwerɛɛ Gilead nti.

4 Na mɛto Hasael fie mu gya,

na ahye Ben-hadad aban denden no.

5 Na mɛbubu Damasko pono akyiri adaban,

na matwa wɔn a wɔte Awen bonhwa mu afiri hɔ,

ne ɔhempomakurani no afiri Bet-eden;

na wɔbɛtu Siria man akɔ Kir,

AWURADE na ɔseɛ.

6 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Gasa amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ wɔtuu atukɔfoɔ ɔman mu

kɔɔ sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Edom nsa nti.

7 Na mɛto Gasa fasuo mu gya,

na ahye n’aban denden no;

8 na mɛtwa emufoɔ afiri Asdod

ne ahempomakurani afiri Askelon,

na mɛdane me nsa atia Ekron,

na Filistifoɔ nkaeɛ ayera,

Awurade NYANKOPƆN na ɔseɛ.

9 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Tiro amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ wɔde atukɔfoɔ ɔman mu hyɛɛ Edom nsa,

na wɔankae anuanom apam no nti.

10 Na mɛto Tiro fasuo mu gya,

na ahye n’aban denden no.

11 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Edom amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ ɔde afena tii ne nua,

na ne yam anhyehye no,

na n’abufuo sɛee adeɛ ara

na ɔyɛɛ n’abohuro no so adeɛ daa nti.

12 Na mɛto Teman mu gya,

na ahye Bosra aban denden no.

13 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Amonfoɔ amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane wɔn asotwe no,

sɛ wɔgu so retrɛ w’ahyeɛ mu no,

wɔpaepaee mpo Gilead anyinsɛnfoɔ mu,

14 na mɛsɔ Raba fasuo mu gya,

na ahye n’aban denden no,

na wɔbɛte ɔko mu gyegyeegye,

na ɔko no bɛyɛ den sɛ ahumtuo da no kirididibɔ mu.

15 Na wɔn hene bɛkɔ otukorɔ mu,

ɔno ne ne mmapɔmma bɛbom akɔ,

AWURADE na ɔseɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

13 − six =