Nahum 3

Ninewe asodie ne n’asotwe

1 Due, mogya kuro!

Wo a apoobɔ ne awudie ayɛ wo mu ma

na fomfa to ntwa da wɔ wo mu.

2 Ɔpɔnkɔ abaa gyegye, teaseɛnam nan yɛ kirididi,

apɔnkɔ fa mmirika, nteaseɛnam hurihuri.

3 Apɔnkɔsotefoɔ nam so reba,

afena te nyinamnyinam, na pea pa sɛ ɔsraman,

atɔfoɔ dɔɔso,

awufoɔ dodoɔ yɛ duru

na afunu nni ano;

wɔsuntisunti wɔn afunu no.

4 Yei nyinaa firi Ninewe,

odwamamfoɔ hoɔfɛfoɔ ntafowayifoɔ no adwamammɔ dodoɔ no,

ɔno na ɔde n’adwamammɔ tɔn amanaman,

na ɔde ne ntafowayie tɔn mmusuakuo.

5 Hwɛ, me ne wo anya,

asafo AWURADE asɛm nie,

na mɛyi w’atadeɛ mmuano afa w’anim,

na mama amanaman ahunu w’adagya,

na ahennie aman ahunu w’ahohora.

6 Na mɛto atantanneɛ agu wo so,

na magu w’anim ase,

na mede wo mayɛ ahwɛdeɛ.

7 Na obiara a ɔbɛhu woɔ no bɛdwane wo, na waka sɛ:

Ninewe adane akurofo! Hwan na ɔbɛdi ne ho abooboo?

Ɛhe na mɛhwehwɛ awerɛkyekyefoɔ mama woɔ?

Ahantan ne adenya ho nni mfasoɔ

8 Woyɛ sene No-Amon

a ɔte asutene ntam

a nsuo nko atwa ne ho ahyia

a n’aban ne ɛpo

na wɔde ɛpo ayɛ ɛho fasuo no anaa?

9 Etiopia ne Misraimfoɔ yɛ ne dɔm

a ɛyɛ den na wɔnni ano; afei nso,

Put ne Libiafoɔ nso di boaa wo.

10 Yei nyinaa akyi no,

wɔfaa no kɔɔ nnommum mu,

ne mmotafowa nso, wɔde wɔn abobɔ

mmorɔno nyinaa ntweaso akunkum wɔn,

na wɔtwee n’animuonyamfoɔ so ntonto,

na wɔguu ne nnipa akɛseɛ nyinaa mpokyerɛ.

11 Wo nso ahohiahia bɛboro

wo na woayera mu,

na wobɛhwehwɛ

dwanekɔbea ɔtamfoɔ anim.

12 W’aban a ɛyɛ den nyinaa bɛyɛ sɛ borɔdɔma nnua

a ɛso wɔ adɔmakan,

sɛ wɔwoso a,

ɛtotɔ odifoɔ anomu.

13 Hwɛ, w’akofoɔ

ayɛ mmaa wɔ wo mu,

bue na wɔabue w’asase apono

ama w’atamfo,

ogya ahye w’apono akyiri adaban.

14 Sesa nsuo sie ma ntua no,

miamia w’abandenden mu!

Tia dɔteɛ mu wɔ ɛboɔ,

miamia ntaayaa fononoo no mu.

15 Ɛhɔ ara na ogya bɛhye woɔ,

afena bɛtwa wo

adi wo sɛ ntutummɛ,

mpo sɛ wo dodoɔ te sɛ ntutummɛ,

na wo dɔɔso sɛ mmɛbɛ a.

16 Woama w’adwadifoɔ adɔɔso

asene ɔsoro nsoromma;

nanso te sɛ ntutummɛ no wɔgu so fom fa na wɔtu kɔ.

17 W’asafohene te sɛ mmɛbɛ,

na wo dɔm a woapɔn wɔn te sɛ mmɛbɛ akuakuo

a wɔsensam ban ho ban ho

awɔ da;

owia firi a, wɔtu kɔ

a obiara biara nnim faako a wɔkorɔ.

18 W’ahwɛfoɔ afa mu adeda,

O Asiriahene,

w’animuonyamfoɔ deda hɔ;

wɔabɔ wo man apete mmepɔ so,

na ɔnoboafoɔ nni hɔ.

19 Wo kuro nni asayɛ,

wo pira no mu yɛ den;

obiara a ɔte wo nka no

bɔ ne nsam gu wo so,

ɛfiri sɛ hwan koraa so na womfaa

wo daa daa haw no nkɔeɛ?

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × 5 =