Marko 4

Ogufoɔ ho bɛ

1 Na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ bio wɔ mpoano; na nkurɔfokuo pii hyia baa ne nkyɛn, enti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa ase ɛpo no ani; na nkurɔfokuo no nyinaa wɔ mpoano asase no so.

2 Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii wɔ mmebuo mu, na ɔsee wɔn ne nkyerɛkyerɛ no mu sɛ:

3 Montie:Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba.

4 Na ɛbaa sɛ ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn; na ewiem nnomaa ba bɛsosɔeɛ.

5 Na ebi kɔguu aboɔ so, deɛ dɔteɛ pii nnie; na ntɛm ara na ɛfifiriiɛ, ɛfiri sɛ na dɔteɛ no mu nnɔ ntira;

6 na owia firiiɛ no, ɛkusaeɛ, ɛsiane sɛ na ɛnni nhini nti, ɛwuiɛ.

7 Na ebi kɔguu nkasɛɛ mu; na nkasɛɛ no nyiniiɛ, na ɛmiaa no, na anso aba.

8 Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifiri, kɔɔ so nyinii na ɛtrɛe na ɛsoe, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha.

9 Na ɔkaa sɛ:Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie!

10 Na ɛkaa ɔno nko no, wɔn a wɔwɔ ne ho ne dummienu no bisaa no ɛbɛ no ase.

11 Na ɔsee wɔn sɛ:Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie ho ahuntasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyire no deɛ, wɔkyerɛ wɔn ne nyinaa mmebuo mu;

12 na ehunu deɛ wɔahunu, na wɔanhunu mu,

na ɛteɛ nso wɔate, na wɔante aseɛ,

na da bi wɔansakyera, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn.

13 Na ɔsee wɔn sɛ:Monnim bɛ yi? Na ɛbɛyɛ dɛn na mobɛhunu mmɛ no nyinaa?

14 Ogufoɔ no gu asɛm no.

15 Na yeinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wɔgu asɛm no, sɛ wɔnya te a, ntɛm ara Satan ba, na ɔbɛyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.

16 Na yeinom nso ne wɔn a wɔgu wɔn aboɔ so no: Wɔn na wɔnya te asɛm no a, ntɛm ara wɔde anigyeɛ gye,

17 na ɛnnye nhini wɔn mu, na wɔwɔ hɔ berɛ tiaa bi; na akyire yi no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn suntidua.

18 Na yeinom ne wɔn a wɔgu wɔn nkasɛɛ mu no: Wɔne wɔn a wɔte asɛm no,

19 na ɔbra yi mu dadwene ne ahonyadeɛ nnaadaa ne nnoɔma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ ba mu a, ɛmia asɛm no, na ɛnso aba.

20 Na yeinom ne wɔn a wɔguu wɔn asase pa mu no: Wɔn a wɔte asɛm no, na wɔgyeɛ, na wɔso aba, ebi aduasa, na ebi aduosia, na ebi ɔha.

Kanea adwuma

21 Na ɔsee wɔn sɛ:Wɔde kanea ba sɛ wɔde bɛhyɛ koraa anaa mpa ase? Ɛnyɛ sɛ wɔde bɛsi kaneadua soɔ?

22 Na biribiara nni kɔkoam a wɔrenyi no adie, anaasɛ wɔde ahunta a ɛrenna adie.

23 Sɛ obi wɔ aso a ɔde bɛtie a, ma no ntie!

24 Na ɔsee wɔn sɛ:Monhwɛ yie deɛ moteɛ no ho. Susukoraa ko a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo, na wɔde bi bɛka mo ho.

25 Na deɛ ɔwɔ no, wɔbɛma no bebree; na deɛ ɔnnie no, deɛ ɔwɔ mpo wɔbɛgye afiri ne nsam!

Aba a ɛno ara fifire

26 Na ɔkaa sɛ:Sɛdeɛ Nyankopɔn ahennie no teɛ nie: Ɛte sɛ onipa bi bɛgu aba wɔ fam,

27 na ɔda, na ɔnyane anadwo ne awia, na aba no fifire, na ɛnyini, na ɔnnim sɛdeɛ ɛyɛeɛ.

28 Na asase no ara so aba, ɛyi ahahan kane, na afei ayɛ bɛtem, na afei ayɛ ayuo a anyini bɛtem no mu.

29 Na sɛ aba no nyini a, ntɛm ara ɔsoma ma wɔde kantankrankyi kɔ, ɛfiri sɛ twaberɛ no adu.

Sinapi aba ho bɛ

30 Na ɔkaa sɛ:Ɛdeɛn ho na yɛde Nyankopɔn ahennie no bɛtoɔ? Anaasɛ ɛbɛ bɛn na yɛbɛbu no ho?

31 Ɛte sɛ sinapi aba fua a wɔdua no fam a ɛyɛ aba ahodoɔ a ɛwɔ asase so nyinaa mu ketewa,

32 na wɔdua a, ɛnyini na ɛyɛ kɛseɛ sene fan nyinaa, na ɛyiyi mman akɛseɛ, na ewiem nnomaa tumi tena ne nwunu ase.

33 Na mmɛ a ɛtete sɛɛ pii na ɔde kaa asɛm kyerɛɛ wɔn, sɛdeɛ wɔtumi te aseɛ.

34 Na wankwati bɛ ankasa ankyerɛ wɔn; na ɛka wɔn nko ara a, ɔkyerɛ n’asuafoɔ no ne nyinaa ase.

Ahum no asebrɛ

35 Na da no ara, ɛduruu anwummerɛ no, ɔsee wɔn sɛ:Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa.

36 Na wɔgyaa nkurɔfokuo no kwan no, wɔfaa no kaa wɔn ho kodoɔ no mu sɛdeɛ ɔteɛ no ara; na akodoɔ bi nso ka ne ho.

37 Na ahum kɛseɛ bi tui, na asorɔkyeɛ bubu bɛguu kodoɔ no mu a na ɛreyɛ ayɛ ma.

38 Na ɔno deɛ ɔwɔ kodoɔ no to, ada sumiiɛ so. Ɛnna wɔnyanee no see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛremem yi, ɛmfa wo ho anaa?

39 Na Yesu sɔre teateaa mframa no, na ɔsee ɛpo no sɛ:Mua w’ano; yɛ komm!Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn koraa.

40 Na ɔsee wɔn sɛ:Adɛn nti na moyɛ ahufoɔ sɛɛ? Adɛn na monni gyidie?

41 Na wɔsuroo yie, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

nineteen − eight =