Marko 5

Honhom fi bi tuo

1 Na wɔduruu ɛpo no agya, Gerasefoɔ asase so.

2 Na ɔfirii kodoɔ mu no, ntɛm ara na onipa bi a ɔwɔ honhom fi firi abodan mu wɔ asieeɛ hyiaa no;

3 ɔno na ɔde aboda no mu ayɛ ne tenaberɛ. Na obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo nkyekyere no bio.

4 Na wɔtaa de no to mpokyerɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, nanso ɔtete nkɔnsɔnkɔnsɔn no bubu mpokyerɛ no mu; na obiara ntumi nnwodwo no.

5 Na daa, awia ne anadwo, ɔwɔ aboda mu ne mmepɔ so teateam, na ɔde aboɔ twitwa ne ho.

6 Na ɔhunuu Yesu wɔ akyirikyiri no, ɔtuu mmirika bɛkotoo no,

7 na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba wɔ yɛ? Medɔ Onyankopɔn sɛ: Nha me!

8 Ɛfiri sɛ wase no sɛ:Wo honhom fi, firi onipa no mu.

9 Na Yesu bisaa no sɛ:Wo din de sɛn?Na ɔbuaa sɛ: Me din de Ɛdɔm, ɛfiri sɛ, yɛyɛ bebree.

10 Na ɔsrɛɛ no pii sɛ ɔmmpam wɔn mmfiri asase no so.

11 Nso na mprakokuo pii wɔ bepɔ no so hɔ redidi.

12 Na ahonhommɔne no nyinaa srɛɛ no sɛ: Pam yɛn kɔ mprako no mu, na yɛnkɔhyɛne wɔn mu.

13 Na ɔmaa wɔn kwan. Na ahonhom fi no firii adi kɔhyɛnee mprako no mu, na mprakokuo no nyinaa bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu ɛpo no mu. Na wɔbɛyɛ sɛ mpennu, na wɔteetee wuwui ɛpo no mu.

14 Na wɔn a wɔhwɛ mprako no dwanee, na wɔkɔkaa no kuro no mu ne nkuraa no ase. Na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhwɛ deɛ aba.

15 Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔbɛhunuu deɛ honhommɔne a ɔde ɛdɔm no wɔ ne so sɛ ɔte hɔ fira ntoma, na n’adwene mu ateɛ no; wɔsuroe.

16 Na wɔn a wɔhunuiɛ no kaa deɛ ɛyɛɛ deɛ honhommɔne wɔ ne soɔ no, ne mprako no ho asɛm no kyerɛɛ wɔn.

17 Na wɔfirii aseɛ srɛɛ Yesu sɛ ɔmfiri wɔn asase so nkɔ.

18 Na ɔsii kodoɔ no mu no, deɛ anka honhommɔne wɔ ne soɔ no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn.

19 Nanso wamma no kwan, na ɔsee no sɛ:Kɔ wo fie, w’abusuafoɔ nkyɛn, na kɔka nnoɔma a Awurade ayɛ ama woɔ ne mmɔborɔ a wahu woɔ no kyerɛ wɔn.

20 Na ɔsii mu kɔe, na ɔkɔfitii aseɛ kaa nnoɔma akɛseɛ a Yesu yɛ maa no no wɔ Dekapoli; na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.

Yairo babaa ne ɔbaa bi ayaresa

21 Na Yesu tenaa kodoɔ no mu twaa ɛpo no baa asuogya bio no, nkurɔfokuo pii bɛhyiaa ne nkyɛn; na ɔwɔ mpoano.

22 Na hyiadan mu panin baako a wɔfrɛ no Yairo bae, na ɔhunuu no no, ɔhwee ne nan ase;

23 na ɔsrɛɛ no pii sɛ: Me babaa rewu, na bra na fa wo nsa bɛgu ne so, na ne ho nyɛ no den, na ɔnnya nkwa.

24 Na ɔne no sii mu kɔe; na nkurɔfokuo pii dii n’akyi, na wɔkyeree ne so.

25 Na ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dummienu,

26 na wahunu amane pii ayaresafoɔ bebree nsam, na wahwere n’ahodeɛ nyinaa, na anyɛ no yie biara, na mmom ɛkɔɔ soɔ no,

27 ɔtee Yesu nka no, ɔbɛfirii n’akyi nkurɔfokuo no mu, de ne nsa bɛkaa n’atadeɛ.

28 Na ɔkaa sɛ: Sɛ mede me nsa meka n’atadeɛ nko ara a, me ho bɛyɛ me den.

29 Na ntɛm ara mogya a ɛretu no no twae, na ɔtee ne honam mu sɛ ne yadeɛ no agyae.

30 Na ntɛm ara Yesu hunuu ne mu sɛ ahoɔden bi afiri ne mu, na ɔdanee ne ho nkurɔfokuo no mu kaa sɛ:Hwan na ɔde ne ho kaa m’atadeɛ?

31 Ɛnna n’asuafoɔ no see no sɛ: Woahunu sɛ nkurɔfokuo no kyere wo so, na wose:Hwan na ɔde ne ho kaa me?

32 Na ɔtwaa n’ani sɛ ɔbɛhunu deɛ ɔyɛɛ adeɛ no.

33 Na ɔbaa no nim deɛ ayɛ wɔ ne mu nti, ɔde suro ne ahopopoɔ ba bɛhwee n’anim, na ɔkaa ne nokorɛ nyinaa kyerɛɛ no.

34 Na ɔsee no sɛ:Ɔbabaa, wo gyidie agye wo; kɔ asomdwoeɛ mu, wo yadeɛ no nnyae, na wo ho nyɛ wo den.

35 Ɔgu so rekasa no, wɔfiri hyiadan mu panin no fie ba bɛkaa sɛ: Wo babaa no awu; adɛn na woda so ha ɔkyerɛkyerɛfoɔ no?

36 Na Yesu tee asɛm a wɔreka no, ɔsee hyiadan mu panin no sɛ:Nsuro, na gye di ara.

37 Na wamma obiara anni n’akyi sɛ Petro, Yakobo ne Yakobo nua Yohane.

38 Na ɔduruu hyiadan mu panin no fie no, ɔbɛhunuu nnipa a wɔreyɛ gyegyeegye ne wɔn a wɔresu, na wɔreyɛ hoo pii.

39 Na ɔhyɛnee hɔ no, ɔsee wɔn sɛ:Adɛn na moreyɛ gyegyeegye na moresu? Abɔfra no nwui, wada.

40 Na wɔseree no. Na Yesu pamm wɔn nyinaa, na ɔfaa abɔfra no agya ne ne na ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ faako a abɔfra no da hɔ.

41 Na ɔsɔɔ abɔfra no nsa see no sɛ:Talita, Kumm!Aseɛ ne sɛ:Abaayewa, mese wo sɛ: Nyane!

42 Na ntɛm ara abaayewa no sɔree na ɔnantee; (na wadi mfirinhyia dummienu). Na wɔn ho dwirii wɔn kɛse.

43 Na ɔhyɛɛ wɔn dendeenden sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkaa sɛ wɔmma no biribi nni.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 + fourteen =