Marko 3

Homedadie ho asɛm

1 Na ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa adwodwo,

2 na wɔtɛɛ no sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano.

3 Na ɔsee onipa a ne nsa adwodwoɔ no sɛ:Sɔre gyina ha.

4 Na ɔsee wɔn sɛ:Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa anaa bɔne homeda? Sɛ wɔgye obi nkwa anaasɛ wɔkum no? Na wɔyɛɛ komm.

5 Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ:Tene wo nsa.Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.

6 Na Farisifoɔ no firii adie no, ntɛm ara wɔne Herodefoɔ kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ wɔbɛsɛe no.

Nnipakuo pii hyia wɔ mpoano

7 Na Yesu ne n’asuafoɔ no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuo pii firi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wɔfiri Yudea,

8 Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipakuo pii a wɔtee nnoɔma a ɔyɛeɛ no baa ne nkyɛn.

9 Na ɔsee n’asuafoɔ no sɛ, nkurɔfokuo no nti kodoɔ ketewa bi ntwɛn no, na wɔankyere ne so.

10 Na ɔsaa nnipa pii yadeɛ nti, wɔn a wɔyareyare nyinaa bɛkyeree ne so sɛ wɔrebɛsosɔ ne mu.

11 Na ahonhom fi nso hu no a, wɔhwehwe ase n’anim, na wɔteam sɛ: Wone Nyankopɔn ba no.

12 Na Yesu baraa wɔn ketee sɛ wɔnnyi no nkyerɛ.

Yesu yi dummienu no

13 Na ɔkɔɔ bepɔ so; na ɔfrɛɛ wɔn a ɔno ara pɛ, na wɔbaa ne nkyɛn.

14 Na ɔyii wɔn mu dummienu sɛ wɔnka ne ho, na ɔnsoma wɔn asɛnka,

15 na wɔanya ahonhommɔne tuo so tumi.

16 Na ɔyii dummienu no, ɔtoo Simon din Petro;

17 Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, na ɔtoo wɔn din Bo-anerges, aseɛ ne aprannaa mma;

18 ne Andrea, ne Filipo ne Bartolomeo, ne Mateo ne Toma, ne Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo, ne Kanani Simon,

19 ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no.

Yesu abusuafoɔ

20 Na ɔbaa fie; na nkurɔfokuo bɛhyiaa bio a enti wɔantumi annidi mpo.

21 Na n’abusuafoɔ teeɛ no, wɔfiri baa sɛ wɔrebɛtwe no akɔ, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Ne tiri mu ka no.

Yesu kasa tia nyaatwom

22 Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ: Ɔwɔ Beelsebul, na ahonhommɔne panin so na ɔnam tutu ahonhommɔne.

23 Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebuo mu sɛ:Ɛbɛyɛ dɛn na Satan bɛtumi atu Satan?

24 Na sɛ ahennie bi ne ne ho di asie a, ahennie no ntumi nnyina.

25 Na sɛ efie bi ne ne ho di asie a, efie no ntumi nnyina.

26 Na sɛ Satan sɔre ɔno ara ne so, na ɔne ne ho di asie a, ɔrentumi nnyina, ɛnneɛ na n’awieeɛ ara ne no.

27 Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ fie nkɔto nhyɛ no so mfom n’afideɛ mfa, gye sɛ ɔkyekyere ɔhoɔdenfoɔ no kane, ansa na wafom ne fie nnoɔma.

28 Nokorɛ mese mo sɛ, wɔde nnipa mma bɔne ne abususɛm a wɔbɛka nyinaa bɛkyɛ wɔn;

29 na deɛ ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no deɛ, ɔrennya fakyɛ da, na daa afobuo da ne so.

30 Ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Ɔwɔ honhom fi.

Yesu abusua mapa

31 Ɛnna ne na ne ne nuanom ba bɛgyinaa afikyire, soma kɔɔ ne nkyɛn kɔfrɛɛ no.

32 Na nkurɔfokuo tete ne ho. Na wɔsee no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina adihɔ rehwehwɛ wo.

33 Na ɔbuaa wɔn sɛ:Hwannom ne me na ne me nuanom?

34 Na ɔtwaa n’ani hwɛɛ wɔn a wɔtete ne ho hyiaeɛ no, ɔkaa sɛ:Hwɛ, me na ne me nuanom nie!

35 Na obiara a ɔbɛyɛ deɛ Onyankopɔn pɛ no, ɔno ara ne me nuabarima ne me nuabaa ne me na.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

5 − three =