Marko 2

Yesu sa obubuani bi yareɛ

1 Na nna bi akyiri no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ fie.

2 Na nnipa pii bɛhyiae a enti wɔansene aboboano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn.

3 Na wɔde obi a ɔyare mmubuo a nnipa baanan so no brɛɛ no.

4 Na ɛsiane nkurɔfokuo no nti, na wɔntumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɛdan a ɔwɔ mu no so; na wɔtuu tokuro de kɛtɛ a obubuani no da soɔ no faa mu gyaagyaa no too mu.

5 Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔsee obubuani no sɛ:Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

6 Na Atwerɛfoɔ a wɔtete hɔ no mu binom dwendwenee wɔn akoma mu sɛ:

7 Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hwan na ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn nko ara?

8 Na ntɛm ara a Yesu hunuu ne honhom mu sɛ wɔredwendwene wɔn mu saa no, ɔsee wɔn sɛ:Adɛn nti na modwendwene yeinom mo akoma mu?

9 Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛse obubuani no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na nante?

10 Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti,ɔsee obubuani no sɛ:

11 Mese wo sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie!

12 Na ɔsɔreeɛ, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ firii wɔn nyinaa anim kɔeɛ; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam kaa sɛ: Yɛnhunuu sei bi da.

Yesu frɛ Lewi

13 Na ɔfirii adi bio kɔɔ mpoano; na nkurɔfoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn.

14 Na ɔretwam no, ɔhunuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atogyeeɛ, na ɔsee no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi.

15 Na ɛbaa sɛ ɔte adidiiɛ ne fie no, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree ne Yesu ne n’asuafoɔ bɛtenaa adidiiɛ; na wɔn a wɔdii n’akyi no dɔɔso.

16 Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Farisifoɔ mu no hunuu sɛ ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie no, wɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie yi?

17 Na Yesu teeɛ no, ɔsee wɔn sɛ:Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ na mmom wɔn a wɔyareɛ no. Mammɛfrɛ teneneefoɔ, na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ.

Abuadadie ho asɛmmisa

18 Na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ redi abuada; na nnipa bi bɛbisaa no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ di abuada, na w’asuafoɔ deɛ, wɔnni abuada?

19 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Ayeforɔkunu ne wɔn wɔ hɔ yi, ayeforɔhyia ahɔhoɔ no bɛtumi adi abuada anaa? Mmerɛ dodoɔ a ayeforɔkunu no wɔ wɔn nkyɛn no deɛ, wɔrentumi nni abuada.

20 Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, ɛno mu na wɔbɛdi abuada.

21 Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu, anyɛ saa a, ntɛmu no bɛte afiri mu, foforɔ no bɛfiri dada no mu, na nteteeɛ no ayɛ kɛseɛ.

22 Na obi mfa bobesa foforɔ ngu nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, bobesa foforɔ no bɛpaepae nkotokuo no, na bobesa no ahwiehwie agu, na nkotokuo no nso asɛe. Na wɔde bobesa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu.

Homedadie ho asɛm

23 Na ɛbaa sɛ ɔkɔfaa aburoofuo bi mu homeda bi; na n’asuafoɔ no rekorɔ no, wɔfitii aseɛ pempanee aburoo mmɛtem no bi.

24 Na Farisifoɔ no see no sɛ: Hwɛ, adɛn nti na wɔreyɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi?

25 Na ɔsee wɔn sɛ:Monkenkanee deɛ Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛhiaa no, na ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn?

26 Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, Ɔsɔfopanin Abiatar berɛ so, na ɔkɔdii Kyerɛ paanoo a obiara nni ho kwan sɛ ɔdie, gye asɔfoɔ nko ara, na ɔmaa wɔn a wɔne no nam no bi nso no?

27 Na ɔsee wɔn sɛ:Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ nnipa.

28 Enti Onipa Ba no yɛ homeda nso wura.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

one × one =