Marko 1

Osuboni Yohane asɛnka

1 Yesu Kristo, [Nyankopɔn ba]asɛmpa no mfitiaseɛ.

2 Sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ:

Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim

ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan.

3 Obi nne reteam ɛserɛ so sɛ:

Monsiesie Awurade kwan!

Momma n’atempɔn ntene!

4 Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, na ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fakyɛ mu.

5 Na Yuda asase sofoɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ firi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn nyinaa asu Asubɔnten Yordan mu.

6 Na Yohane fira yoma nwi ntoma, ɛnna nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na ɔdi ntutummɛ ne wiram woɔ.

7 Na ɔpaee mu kaa sɛ: Deɛ ne ho yɛ den sene me di m’akyi reba a mensɛ sɛ mekoto mesane ne mpaboa homa.

8 Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.

Yesu asubɔ

9 Na ɛbaa sɛ nna no mu no, Yesu firi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Asubɔntene Yordan mu.

10 Na ɔfirii nsuo no mu no, ntɛm ara na ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resiane sɛ aburuburo aba ne soɔ.

11 Na ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!

Yesu sɔhwɛ

12 Na amonom hɔ ara, Honhom no faa no ntɛm so kɔɔ ɛserɛ so.

13 Na ɔdii ɛserɛ so hɔ adaduanan, na Satan sɔɔ no hwɛe, na ɔne mmoa na ɛwɔ hɔ, na abɔfoɔ bɛsomm no.

Yesu asɛnka mfitiaseɛ

14 Na wɔyii Yohane maeɛ akyiri no, Yesu baa Galilea bɛkaa Nyankopɔn ho asɛmpa kyerɛe.

15 Na ɔkaa sɛ:Ɛberɛ no awie du, Nyankopɔn ahennie no abɛn. Monsakyera mo adwene, na monnye asɛmpa no nni.

Yesu frɛ Asuafoɔ a wɔdi kan

16 Na ɔnenam Galilea Po ho no, ɔhunuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau ɛpo no mu; ɛfiri sɛ na wɔyɛ apofofoɔ.

17 Na Yesu see wɔn sɛ:Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ.

18 Na ntɛm ara wɔgyaa wɔn asau no hɔ bɛdii n’akyi.

19 Na ɔfiri hɔ kɔɔ n’anim kakra no, ɔhunuu Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane sɛ wɔn nso wɔ kodoɔ mu retetɛ wɔn asau mu.

20 Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne apaafoɔ no kodoɔ no mu bɛdii n’akyi.

Yesu tu honhom fi

21 Na wɔkɔduruu Kapernaum. Na homeda duruiɛ no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.

22 Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiri, ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ deɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ Atwerɛfoɔ no!

23 Na ɛberɛ korɔ no ara, na onipa bi wɔ wɔn hyiadan no mu a ɔwɔ honhom fi, na ɔteaa mu sɛ:

24 Ɛdeɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn? Menim wo nipa ban, Onyankopɔn Hoteeni no.

25 Na Yesu teateaa no sɛ:Mua w’ano na firi ne mu kɔ!

26 Na honhom fi no maa no senseneeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu, na ɔfirii ne mu kɔeɛ.

27 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri maa wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforɔ! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi mpo na wɔtie no.

28 Na ɛhɔ ara na ne ho asɛm firi trɛ kɔɔ Galilea nsase a atwa ho ahyia nyinaa so.

Yesu sa nkurɔfoɔ pii nyarewa

29 Na wɔfirii hyiadan no mu no, ntɛm ara na wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fie.

30 Na Simon asebaa afoɛ da hɔ, na ntɛm ara wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no.

31 Na Yesu ba bɛsɔɔ ne nsa maa no so, na foɛ no gyaee, na ɔfirii aseɛ somm wɔn.

32 Na ɛduruu anwummerɛ a owia kɔtɔeɛ no, wɔde wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no.

33 Na kuro mu no nyinaa bɛkyeree so ɛpono no ano.

34 Na ɔsaa nnipa bebree a wɔyare nyarewa ahodoɔ pii yadeɛ, na ɔtuu ahonhommɔne pii; na wamma ahonhommɔne no kwan sɛ wɔnkasa, ɛfiri sɛ na wɔnim no.

Yesu asɛnka wɔ Galilea

35 Na ɔsɔree ahemadakye firii adi, na ɔkɔɔ ɛserɛ so baabi kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ.

36 Na Simon ne wɔn a wɔka ne ho no tii no;

37 na wɔhunuu no no, wɔsee no sɛ: Nnipa nyinaa rehwehwɛ wo.

38 Na ɔsee wɔn sɛ:Momma yɛnkɔ nkuro a ɛdeda hɔ no mu, na menkɔka asɛmpa no ɛhɔ nso; na yei nti na mebaeɛ.

39 Na ɔkɔ kɔkaa asɛm no wɔ wɔn hyia adan mu wɔ Galilea nyinaa, na ɔtuu ahonhommɔne.

Ɔkwatani bi ayaresa

40 Na ɔkwatani bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotoo no, see no sɛ: Sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.

41 Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔsee no sɛ:Mepɛ, wo ho mfi.

42 Na ntɛm ara, kwata no firii ne ho, na ne ho firiiɛ.

43 Na Yesu baraa no dendeenden, na ɔmaa no firii adi ntɛm ara.

44 Na ɔsee no sɛ:Hwɛ, nka asɛm biara nkyerɛ obiara, na kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na w’ahofire nti, kɔma deɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn!

45 Na ɔno deɛ, ɔfirii adie no, ɔfitii aseɛ kekaa no pii, na ɔmaa asɛm no trɛe, ɛno nti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biara mu bio; na mmom ɔtenaa ɛserɛ so hɔnom baabi, na wɔfiri mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × three =