Luka 22

Wɔpam Yesu tiri so

1 Na Apiti afahyɛ a wɔfrɛ no Twam no bɛnee.

2 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛyɛ na wɔakum Yesu; ɛfiri sɛ na wɔsuro ɔman no.

3 Na Satan kɔhyɛnee Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dummienu no mu baako no mu.

4 Na ɔne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asafohene no kɔkasa kyerɛɛ sɛdeɛ ɔbɛyɛ na wayi no ama wɔn.

5 Na ɛyɛɛ wɔn anigyeɛ, na wɔne no hyehyɛɛ sɛ wɔbɛma no sika bi.

6 Na ɔpenee; na ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama wɔn wɔ nkurɔfokuo no akyi.

Twam no siesie

7 Na afei Apiti da a ɛsɛ sɛ wɔkum Twam dwan no durui.

8 Na Yesu somaa Petro ne Yohane sɛ:Monkɔ nkɔsiesie Twam no mma yɛn, na yɛmmɛdi.

9 Na wɔsee no sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie?

10 Na ɔsee wɔn sɛ:Hwɛ, moduru kuro no mu a, onipa bi a ɔso ahina a nsuo wɔ mu bɛhyia mo; monni n’akyi nkɔ efie a ɔbɛkɔ mu no mu.

11 Na monse efiewura no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ se wo sɛ: Ɛhe na ahɔhodan a me ne m’asuafoɔ bɛdi mu Twam no wɔ?

12 Na ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔahyehyɛ mu; ɛhɔ na monkɔsiesie!

13 Na wɔkɔ kɔhunuu sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no, na wɔsiesiee Twam no.

Adidie a ɛdi akyire

14 Na dɔn no duruiɛ no, ɔbɛtenaa ase, na asomafoɔ no ka ne ho.

15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Pɛ na mepɛɛ sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahunu amane.

16 Na mese mo sɛ, merenni bi bio, gye da a aba mu Nyankopɔn ahennie mu.

17 Na ɔfaa kuruwa no daa ase, na ɔkaa sɛ:Monnye yei, na monkyɛ mu!

18 Na mese mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio, gye da a Nyankopɔn ahennie no bɛba.

Adidi kronkron no asehyɛ

19 Na ɔfaa paanoo daa ase bubui, na ɔde maa wɔn kaa sɛ:Yei ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ.

20 Saa ara nso na wɔwiee adidie no, ɔfaa kuruwa no kaa sɛ:Kuruwa yi ne apam foforɔ me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie aguo.

21 Nso hwɛ, deɛ ɔreyi me ama no ne me te pono didi.

22 Na Onipa Ba no rekɔ sɛdeɛ wɔahyɛ no deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi no ama no nnue!

23 Na wɔfirii aseɛ bisabisaa wɔ wɔn mu sɛ, hwan ara na ɔrebɛyɛ saa adeɛ yi.

Yesu kasa tia ahomasoɔ

24 Na akasakasa bi nso baa wɔn mu sɛ, wɔn mu hwan na wɔbɛbu no kɛseɛ.

25 Na ɔsee wɔn sɛ:Wiase amanaman ahemfo di wɔn so ahensɛm, na wɔn a wɔdi wɔn so tumi no, wɔfrɛ wɔn adɛɛfoɔ.

26 Na mo deɛ, monnyɛ saa, na mmom deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na deɛ ɔyɛ otitire no nyɛ sɛ deɛ ɔsom.

27 Na hwan na ɔso, deɛ ɔte aduane pono ho anaasɛ deɛ ɔsom? Ɛnyɛ deɛ ɔte aduane pono ho? Na me deɛ, mewɔ mo mu sɛ deɛ ɔsom.

28 Na mone wɔn a wɔda so ka me ho wɔ me sɔhwɛ mu.

29 Na me nso, sɛdeɛ m’agya ayi ahennie ama me no, saa ara na mayi mama mo,

30 na moadidi na moanom me pono so wɔ m’ahennie mu, na moatena nhennwa so abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.

Petro pa ho nkɔmhyɛ

31 Simon, Simon, hwɛ, anka na Satan pɛ sɛ ɔnya mo na ɔhuhu mo so sɛ aburoo.

32 Nanso masrɛ mama wo, na woampa wo gyidie. Na wo deɛ, sɛ daakye, sɛ wosan gyina a, hyɛ wo nuanom den!

33 Na ɔsee no sɛ: Awurade, masiesie me ho sɛ me ne wo bɛkɔ afiase ne owuo mu.

34 Na ɔse:Petro, meka mekyerɛ wo, ɛnnɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woasane mprɛnsa sɛ wonnim me.

Kɔkɔbɔ bi

35 Na ɔsee wɔn sɛ:Mesomaa mo a na monkura sika kotokuo ne akwantuo bɔtɔ ne mpaboa no, biribi ho hiaa mo anaa?Na wɔse: Anhia yɛn hwee.

36 Ɛnna ɔsee wɔn sɛ:Afei deɛ, deɛ ɔwɔ sika kotokuo no, ma no mfa, ne akwantuo bɔtɔ saa ara; na deɛ ɔnni bie no, ma no ntɔn ne ntoma mfa ntɔ nkrantɛ.

37 Na mese mo sɛ, yei a wɔatwerɛ nso, ɛtwa sɛ ɛba mu wɔ me ho sɛ: Wɔakan no afra mmaratofoɔ mu. Na deɛ ɛfa me ho no wɔ awieeɛ.

38 Na wɔse: Awurade, hwɛ, nkrantɛ mmienu ni. Na ɔsee wɔn sɛ:Ɛdɔɔso.

Getsemane awerɛhoɔ

39 Na ɔfirii adi, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ Ngo Bepɔ no so; na asuafoɔ no nso dii n’akyi.

40 Na ɔduruu hɔ no, ɔsee wɔn sɛ:Mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu!

41 Na ɔtwee ne ho firii wɔn nkyɛn bɛyɛ sɛ deɛ wɔto ɔboɔ a, ɛbɛtɔ no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ

42 sɛ:Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ.

43 Na ɔbɔfoɔ firii soro bɛyii ne ho kyerɛɛ no hyɛɛ no den.

44 Na ɔwɔ owuo yea mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa a ɛsosɔ fam.

45 Na ɔsɔre firii mpaebɔ mu baa asuafoɔ no nkyɛn no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ awerɛhoɔ nti wɔadeda,

46 na ɔsee wɔn sɛ:Adɛn na moreda? Monsɔre mmɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.

Yesu kyerɛ

47 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, nnipakuo bi bae a dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim. Na ɔtwe bɛnee Yesu, bɛfee n’ano.

48 Na Yesu bisaa no sɛ:Yuda, wode mfeano na ɛreyi onipa ba no ama?

49 Na wɔn a wɔwɔ ne ho no hunuu deɛ ɛrebɛba no, wɔbisaa no sɛ: Awurade, yɛmmobɔ wɔn nkrantɛ anaa?

50 Na wɔn mu baako bɔɔ ɔsɔfo panin akoa, na ɔtwaa n’aso nifa.

51 Na Yesu buaa sɛ:Momma no nso ha ara!Na ɔsɔɔ n’aso no mu de famm hɔ.

52 Na afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asɔrefie asafohene ne mpanimfoɔ a wɔbaa ne soɔ no sɛ:Mobaa sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ soɔ na mokura nkrantɛ ne mmaa yi?

53 Me ne mo wɔ asɔrefie hɔ daa no, moankye me; na yei ne mo berɛ ne esum tumi.

Petro pa ne wura

54 Na wɔkyere no kɔe, na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panin fie. Na Petro deɛ, ɔdii wɔn akyi wɔ akyirikyiri.

55 Na wɔsɔɔ ogya adihɔ hɔ na wɔtenaa ho no, Petro bɛtenaa wɔn mu.

56 Na abaawa bi hunuu no sɛ ɔte gya no ho, na ɔhwɛɛ no dinn kaa sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam.

57 Na ɔsanee sɛ: Ɔbaa, menni no.

58 Na ankyɛ na ɔfoforɔ hunuu no, na ɔse: Wo nso wofiri wɔn mu. Na Petro se: Barima, memfiri wɔn mu.

59 Na ɛno akyi bɛyɛ dɔnhwerɛ baako no, ɔfoforɔ bi nso de bɛtoo so sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam ampa, ɛfiri sɛ ɔyɛ Galileani.

60 Na Petro se: Barima, mennim deɛ woreka yi. Na amonom hɔ ara a ɔgu so rekasa no, akokɔ bɔnee.

61 Na Awurade danee ne ho hwɛɛ Petro anim; na Petro kaee Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ:Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no.

62 Na Petro firii adi kɔsuu yayaaya.

Yesu ho agorɔdie

63 Na mmarima a wɔkura Yesu no goroo ne ho hwee no.

64 Na wɔkataa n’ani bobɔɔ n’ani so, na wɔbisaa no sɛ: Hyɛ nkɔm! Hwan na ɔbɔɔ woɔ?

65 Na abususɛm pii keka ho a wɔka guu ne soɔ.

Yesu gyina badwa mu

66 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔman mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no bɛhyiaeɛ, na wɔde no kɔɔ wɔn asɛnniiɛ

67 kaa sɛ: Wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn! Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Sɛ mese mo a, morennye nni;

68 na sɛ nso mebisa mo a, moremmua me.

69 Na ɛfiri nnɛ na Onipa Ba no bɛtena Nyankopɔn tumi nifa soɔ.

70 Na wɔn nyinaa kaa sɛ: Ɛnneɛ na wone Nyankopɔn ba no anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Moaka, na mene no.

71 Na wɔse: Adanseɛ bɛn na ɛhia yɛn bio? Na yɛn ara yɛate afiri n’anomu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

20 − 3 =