Luka 23

Yesu gyina Pilato anim

1 Ɛnna nnipakuo no nyinaa sɔre de no kɔɔ Pilato anim.

2 Na wɔfirii aseɛ totoo n’ano sɛ: Yɛahunu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabara sɛ wɔnnyi toɔ mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ara ne Ɔhene Kristo no.

3 Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na ɔbuaa no sɛ:Woaka.

4 Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Menhunu afobusɛm biara onipa yi mu.

5 Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ɔfirii aseɛ Galilea na ɔde abɛduru ha yi.

6 Na Pilato tee Galilea din no, ɔbisaa sɛ onipa no yɛ Galileani anaa?

Wɔde Yesu kɔma Herode

7 Na ɔhunuu sɛ ɔfiri Herode asase soɔ no, ɔmaa wɔde no kɔmaa Herode; na nna no mu no, na ɔno ara nso wɔ Yerusalem.

8 Herode hunuu Yesu no, n’ani gyee sɛ; ɛfiri sɛ ɔpɛɛ sɛ ɔhu no akyɛ, na wate ne ho nsɛm ntira. Na n’ani da so sɛ ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi na wahunu.

9 Na ɔbisabisaa no nsɛm bebree, nanso wammua no.

10 Nso na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no gyina hɔ, na wɔtotoo n’ano ara.

11 Na Herode ne ne dɔm no bɔɔ no adapaa, goroo ne ho, na ɔhyɛɛ no atadeɛ nahanaha bi de no kɔmaa Pilato bio.

12 Na da no ara na Herode ne Pilato faa adamfoɔ; akane no deɛ, na anka wɔyɛ aka.

Pilato di ma Yesu

13 Na Pilato frɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ ne ɔman no boaa ano

14 ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mode onipa yi abrɛ me sɛ obi a ɔsɛe ɔman; na hwɛ, mahwehwɛ ne mu mo anim, na manhunu nsɛm a mode totoo n’anomu afobusɛm biara onipa yi mu.

15 Herode nso anhunu; na ɔmaa wɔde no brɛɛ yɛn, na hwɛ, ɔnyɛɛ deɛ ɛfata sɛ wɔku no.

16 Enti mɛhwe no, na magyaa no.

17 [Nso ɛsɛ no sɛ daa, afahyɛ no mu, ɔgyaa odeduani baako ma wɔn.]

18 Na wɔn nyinaa teaa mu prɛko sɛ: Fa oyi kɔ, na gyae Baraba ma yɛn!

19 (Ɔno na sakasaka bi a ɔkɔyɛɛ no kuro mu hɔ ne awudie nti wɔde no akɔto afiase.)

Ɔbu no kumfɔ

20 Na Pilato pɛɛ sɛ ɔgyaa Yesu nti, ɔkasa kyerɛɛ wɔn bio.

21 Na wɔteaa mu sɛ: Bɔ no asɛnnua mu, bɔ no asɛnnua mu!

22 Na ɔkaa deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Manhunu adeɛ biara a wayɛ a ɛfata sɛ wɔku no, enti mɛhwe no, na magyaa no.

23 Na wɔde nne kɛseɛ kɔɔ so bisaa sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu; na wɔn nne boroo ne deɛ so.

24 Na Pilato buu atɛn sɛ ɛnyɛ sɛdeɛ wɔbisaeɛ no.

25 Na ɔgyaee deɛ sakasaka ne awudie nti wɔde no kɔtoo afiase a wɔsrɛɛ no no maa wɔn, na Yesu deɛ, ɔyii no mae sɛdeɛ wɔpɛ.

Yerusalem mmaa

26 Na wɔde no rekorɔ no, wɔsɔɔ Simon bi a ɔfiri Kirene a ɔfiri afuom reba no mu, na wɔde asɛnnua no too ne so sɛ ɔnsoa nni Yesu akyi.

27 Na ɔman no mu nnipakuo kɛseɛ dii n’akyi ne mmaa a wɔredi abooboo na wɔresu no.

28 Na Yesu danee n’ani kyerɛɛ wɔn kaa sɛ:Yerusalem mmammaa, monnsu me, na monsu mo ho ne mo mma!

29 Na hwɛ, nna bi reba a wɔbɛka sɛ: Nhyira ne abonini ne yafunu a ɛnwoo da ne nufoɔ a wɔnnum da.

30 Ɛnna wɔbɛfiri aseɛ aka akyerɛ mmepɔ sɛ: Monhwe yɛn so! ne nkokoɔ sɛ: Monkata yɛn so!

31 Na sɛ wɔde yei reyɛ dua mono a, ɛdeɛn na wɔde bɛyɛ dua wuiɛ?

32 Na wɔde nnebɔneyɛfoɔ baanu nso kaa ne ho kɔɔ sɛ wɔnkɔkum wɔn.

Golgota

33 Na wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa bea no, ɛhɔ na wɔsɛnee no ne nnebɔneyɛfoɔ no, ɔbaako wɔ ne nifa, na ɔbaako wɔ benkum.

34 Na Yesu kaa sɛ:Agya, fa kyɛ wɔn, na wɔnnim deɛ wɔreyɛ!Na wɔtwee ntonto de kyɛɛ ne ntoma mu.

35 Na ɔman no gyina hɔ rehwɛ. Na mpanimfoɔ no nso yii no ahi sɛ: Ɔgyee binom; sɛ oyi ne Kristo no a Onyankopɔn ayi no no a, ma no nnye ne ho ɛ!

Yesu ho agorɔdie

36 Na asraafoɔ no nso goroo ne ho, na wɔbaa ne nkyɛn bɛmaa no nsa kekakeka,

37 na wɔkaa sɛ: Sɛ woyɛ Yudafoɔ hene a, gye wo ho!

38 Na atwerɛ bi nso wɔ n’atifi sɛ: Oyi ne Yudafoɔ hene.

Odwotwafoɔ a ɔsakyeraa n’adwene

39 Na nnebɔneyɛfoɔ a wɔasɛne wɔn no mu baako yaa no sɛ: Ɛnyɛ wo ne Kristo no? Gye wo ho ne yɛn!

40 Na ɔbaako no buaa no kaa n’anim sɛ: Wo nso wonnsuro Onyankopɔn sɛ wowɔ afobuo koro yi ara mu yi?

41 Na yɛn deɛ, deɛ ɛtene pɛpɛɛpɛ, na yɛanya deɛ ɛsɛ yɛn nneyɛɛ no; na oyi deɛ, ɔnyɛɛ mfomsoɔ adeɛ biara.

42 Na ɔkaa sɛ: Yesu, sɛ woba w’ahennie mu a, kae me!

43 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ:Nokorɛ mese wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise hɔ.

Yesu wuo

44 Na ɛbɛyɛ awia dummienu no, esum duruu asase nyinaa so de kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa.

45 Na owia duruu sum; na asɔredan mu ntoma a ɛtwa mfimfini no mu teeɛ.

46 Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ:Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!Na ɔkaa saa no, ɔgyaa mu.

Ne wuo ka nkurɔfokuo no

47 Na asraafoɔ ɔha so panin no hunuu deɛ asie no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa tenenee.

48 Na nkurɔfoɔ akuakuo a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ adeɛ no nyinaa hunuu deɛ asie no, wɔbobɔɔ wɔn koko so, sane kɔe.

49 Na n’amannifoɔ nyinaa ne mmaa a wɔdii n’akyi firi Galilea no abɛgyina akyirikyiri rehwɛ nnoɔma yi.

Yesu sie

50 Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔyɛ badwani na ɔyɛ onipa pa na ɔtene

51 no deɛ, wampene wɔn agyina ne wɔn nneyɛɛ no so. Ɔfiri Yudafoɔ kuro Arimatea mu, na ɔno ara nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no.

52 Ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ no Yesu amu no.

53 Na ɔkɔyii amu no kyekyeree no nwera mu, na ɔde kɔtoo ɛda a wɔatwa no ɔboɔ mu, a onipa bi nnaa mu da mu.

54 Na da no yɛ ahosiesie da, na homeda rebɛn.

55 Na mmaa no nso a wɔne no firi Galilea baeɛ no dii akyire kɔhwɛɛ ɛda no ne sɛdeɛ wɔde n’amu no too hɔ faeɛ.

56 Na wɔsane bɛsiesiee nnuro ne ngo hwamhwam.

Na homeda no, wɔyɛɛ komm homee sɛdeɛ mmara no teɛ no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twelve + 14 =